< Yosua 10 >

1 Yerusalemhene Adoni-Sedek tee sɛ Yosua afa Ai na wasɛe no pasaa, akum ɛhɔ ɔhene, sɛdeɛ wasɛe Yeriko kuropɔn akum ɛhɔ ɔhene no. Ɔtee nso sɛ Gibeonfoɔ ne Israelfoɔ ayɛ asomdwoeɛ apam, na wɔayɛ baako. 2 Ɛno enti, ɔne ne nkurɔfoɔ bo tuu yie, ɛfiri sɛ, Gibeon yɛ kuropɔn kɛseɛ te sɛ ahemman no nkuropɔn no bi a ɛso sene Ai. Na Gibeon mmarima no nyinaa nso yɛ akofoɔ a wɔyɛ dene. 3 Enti, Yerusalemhene Adoni-Sedek soma ma wɔkɔɔ ahemfo afoforɔ bebree nkyɛn: Hebronhene Hoham ne Yarmuthene Piram ne Lakishene Yafia ne Eglonhene Debir kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, 4 “Mommra mmɛboa me na yɛnsɛe Gibeon, ɛfiri sɛ, wɔne Yosua ne Israelfoɔ ayɛ asomdwoeɛ apam.” 5 Enti, Amorifoɔ ahemfo baanum no de wɔn akodɔm bɔɔ mu maa ɔko. Wɔde wɔn akodɔm no gyinagyinaeɛ, na afei wɔto hyɛɛ Gibeon so. 6 Na Gibeonfoɔ no soma kɔɔ Yosua nkyɛn wɔ Gilgal. Wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nnyaa wʼasomfoɔ. Bra yɛn nkyɛn ntɛm bɛgye yɛn nkwa! Bɛboa yɛn, ɛfiri sɛ, Amorifoɔ ahemfo a wɔte mmepɔ so de wɔn akodɔm rebɛko atia yɛn.” 7 Enti, Yosua ne Israel akodɔm nyinaa firii Gilgal sɛ wɔrekoboa Gibeonfoɔ. 8 Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Nnsuro wɔn; mɛma woadi wɔn so nkonim. Wɔn mu biara rentumi ne wo nnyina.” 9 Yosua nantee anadwo mu no nyinaa firii Gilgal kɔfuu Amorifoɔ akodɔm no mu. 10 Awurade ma wɔbɔɔ hu wɔ Israelfoɔ no anim, na wɔkunkumm wɔn mu bebree wɔ Gibeon. Israelfoɔ no taa atamfoɔ no faa ɛkwan a ɛkɔ Bet-Horon no, na wɔto hyɛɛ wɔn so kunkumm wɔn wɔ Aseka ne Makeda. 11 Ɛberɛ a Amorifoɔ redwane wɔ ɛkwan a ɛkɔ Bet-Horon so no, Awurade himm aboɔ akɛseɛ guu wɔn so kɔsii sɛ wɔduruu Aseka. Aboɔ no kunkumm wɔn mu bebree sene dodoɔ a Israelfoɔ de akofena kunkumm wɔn no. 12 Ɛda a Awurade de Amorifoɔ no hyɛɛ Israelfoɔ no nsa no, Yosua bɔɔ Awurade mpaeɛ wɔ Israelfoɔ no anim sɛ, “Ma owia nnyina dinn wɔ Gibeon so na ɔsrane nso ntae wɔ Ayalon bɔnhwa mu.” 13 Na owia ne ɔsrane gyinaa dinn, kɔsii sɛ Israelfoɔ dii atamfoɔ no so. Wɔntwerɛɛ saa nsɛm yi wɔ Teefoɔ Nwoma no mu anaa? Owia gyinaeɛ wɔ ewiem mfimfini na ankɔtɔ sɛdeɛ ɛyɛ daa no. 14 Awurade ko maa Israel ɛda no. Ebi nsii saa da na ebi rensi da sɛ saa da no a Awurade tiee abisadeɛ sei firii onipa nkyɛn. 15 Na Yosua ne Israel akodɔm no sane kɔɔ Gilgal atenaeɛ hɔ. 16 Ɔko no mu, ahemfo baanum no dwane kɔhyɛɛ Makeda ɔbodan mu. 17 Yosua tee sɛ wɔahunu wɔn no, 18 ɔhyɛɛ sɛ, “Momfa abotan akɛseɛ nsi ɔbodan no ano kwan, na momma awɛmfoɔ no nnwɛn ano na ahemfo no nhyɛ mu. 19 Mo a moaka no nso, montaa atamfoɔ no na monkunkum wɔn mfiri akyire. Mommma wɔnnkɔ wɔn nkuro so, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn bɛma mo adi wɔn so nkonim.” 20 Enti, Yosua ne Israel akodɔm toaa so kunkumm wɔn, tɔree akodɔm enum no ase ma ɛkaa ɛdɔm no kakra bi a wɔtumi dwane kɔɔ wɔn nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu. 21 Afei, Israelfoɔ no sane baa Yosua nkyɛn asomdwoeɛ mu wɔ Makeda. Ɛno akyi, obiara suroo sɛ ɔbɛkasa atia Israel. 22 Afei, Yosua kaa sɛ, “Monyiyi abotan a ɛkata ɔbodan no ano no na momfa ahemfo baanum no mmrɛ me.” 23 Enti, wɔkɔyii ahemfo baanum no firi ɔbodan no mu baeɛ: Yerusalemhene, Hebronhene, Yarmuthene, Lakishene ne Eglonhene. 24 Yosua ka kyerɛɛ nʼakodɔm asahene no sɛ, “Mommra mmɛtiatia ahemfo no kɔn so.” Na wɔyɛɛ sɛdeɛ wɔkyerɛɛ wɔn no. 25 Yosua ka kyerɛɛ nʼasraafoɔ no sɛ, “Monnsuro na mommma mo abamu mmu da. Monyɛ den na mo bo nyɛ duru, ɛfiri sɛ, Awurade rebɛyɛ yei atia mo atamfoɔ nyinaa.” 26 Yosua kunkumm ahemfo baanum no mmaako mmaako de wɔn sensɛn nnua enum so kɔsii anwummerɛ. 27 Owia rekɔtɔ no, Yosua hyɛɛ sɛ wɔnyiyi ahemfo no amu no mfiri nnua no so na wɔnkɔto wɔn ngu ɔbodan a wɔkɔtetɛɛ mu no mu. Afei, wɔde abotan akɛseɛ mmoano sii ɔbodan no ano a ɛda so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ. 28 Ɛda no ara, Yosua sɛee Makeda kuropɔn no pasaa, kumm obiara a ɔwɔ mu ne ɛhɔ ɔhene no. Onipa baako koraa anka wɔ kuropɔn no mu. Ɔkumm Makedahene te sɛ deɛ ɔkumm Yerikohene no. 29 Afei, Yosua ne Israelfoɔ no kɔɔ Libna kɔto hyɛɛ wɔn so. 30 Ɛhɔ nso, Awurade de kuropɔn no ne ɛhɔ ɔhene no maa wɔn. Wɔkunkumm obiara a ɔwɔ kuropɔn no mu a anka ɔteasefoɔ fua po. Na Yosua kumm Libnahene sɛdeɛ ɔkumm Yerikohene no. 31 Yosua ne Israelfoɔ no firi Libna no, wɔkɔɔ Lakis kɔto hyɛɛ wɔn so. 32 Na ne nnanu so no, Awurade de Lakis maa Israelfoɔ. Ɛhɔ nso, wɔkunkumm kuropɔn no mu nnipa nyinaa sɛdeɛ wɔyɛɛ Libna no. 33 Wɔto hyɛɛ Lakis so no, Geserhene Horam de nʼakodɔm baa sɛ wɔrebɛboa abɔ kuropɔn no ho ban. Nanso Yosua mmarima no kumm no sɛee nʼakodɔm no nyinaa. 34 Ɛnna Yosua ne ne Israel akodɔm no kɔɔ Eglon kɔto hyɛɛ so. 35 Wɔde ɛda koro faa kuro no dommum na ɛhɔ nso, wɔkumm obiara wɔ kuropɔn no mu sɛdeɛ wɔyɛɛ Lakis. 36 Wɔfiri Eglon no, wɔkɔto hyɛɛ Hebron so, 37 faa hɔ ne nkuro a atwa ho ahyia no nyinaa nnommum. Na sɛdeɛ wɔyɛɛ Eglon no, wɔkunkumm ɛhɔ nnipa nyinaa. Onipa baako koraa anka. 38 Afei, wɔsane wɔn akyi kɔto hyɛɛ Debir so. 39 Wɔfaa kuropɔn no, wɔn ɔhene ne nkuraa a atwa ho ahyia no nyinaa nnommum. Na wɔkumm obiara a ɔwɔ mu a anka ɔbaako mpo. Wɔsɛee Debir pasaa sɛdeɛ wɔsɛee Libna ne Hebron no. 40 Na Yosua dii ɔmantam no nyinaa so. Ɔdii ahemfo no, nnipa a wɔte mmepɔ ɔman no so, Negeb, atɔeɛ fam nkokoɔ ne wɔn a wɔte mmepɔ nsianeɛ so no nyinaa so. Ɔsɛee wɔn nyinaa pasaa a anka ɔteasefoɔ fua mpo sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, hyɛɛ no. 41 Yosua kunkumm wɔn firi Kades-Barnea kɔsii Gasa, de firii Gosen kɔduruu Gibeon. 42 Akodie baako mu no, Yosua dii ahemfo yi nyinaa so faa wɔn asase, ɛfiri sɛ, na Awurade, Israel Onyankopɔn, reko ma ne manfoɔ. 43 Afei, Yosua ne Israel akodɔm no sane kɔɔ wɔn atenaeɛ wɔ Gilgal.

< Yosua 10 >