< Yohane 16 >

1 “Mereka yeinom nyinaa akyerɛ mo na moatumi agyina hɔ pintinn. 2 Wɔbɛpam mo afiri wɔn asɔredan mu. Na ɛberɛ bi bɛba a obiara a ɔbɛkum mo no bɛsusu sɛ, sɛ ɔyɛ saa a, na ɔresom Onyankopɔn. 3 Wɔde saa nneɛma yi bɛyɛ mo, ɛfiri sɛ, wɔnnim Agya no na me nso wɔnnim me. 4 Nanso, mereka yei akyerɛ mo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ ɛberɛ no duru a, mobɛkae deɛ meka kyerɛɛ mo no. Ahyɛaseɛ no, manka yei ankyerɛ mo, ɛfiri sɛ na meka mo ho.” 5 “Afei deɛ merekɔ deɛ ɔsomaa me no nkyɛn. Nanso, mo mu biara mmisaa me sɛ, ‘Ɛhe na worekɔ?’ 6 Deɛ maka akyerɛ mo yi ama mo werɛ aho. 7 Nanso, meka nokorɛ kyerɛ mo; ɛyɛ ma mo sɛ mɛkɔ, ɛfiri sɛ, sɛ mankɔ a, ɔboafoɔ no remma mo nkyɛn. 8 Nanso, sɛ mekɔ a, mɛsoma no aba mo nkyɛn. Na sɛ ɔba a, ɔbɛma ewiasefoɔ ahunu wɔn bɔne ne deɛ ɛyɛ tenenee ne Onyankopɔn atemmuo. 9 Deɛ wɔka fa bɔne ho no nyɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ, wɔnnye me nni. 10 Deɛ wɔka fa tenenee ho no nyɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ, merekɔ Agya no nkyɛn na morenhunu me bio. 11 Saa ara na deɛ wɔka fa atemmuo ho no nso nyɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ, wɔabu ewiase yi ɔtemmufoɔ no atɛn dada. 12 “Mewɔ nsɛm pii ka kyerɛ mo, nanso seesei deɛ, morentumi nte aseɛ. 13 Sɛ nokorɛ Honhom no ba a, ɔbɛma moahunu nokorɛ no nyinaa. Ɔrenkasa mma ne ho, na mmom, deɛ ɔte no na ɔbɛka, na ɔbɛka nneɛma a ɛbɛba no ho nsɛm akyerɛ mo. 14 Ɔbɛhyɛ me animuonyam, ɛfiri sɛ, ɔbɛtie asɛm biara a meka no na wabɛka akyerɛ mo. 15 Biribiara a mʼAgya wɔ no yɛ me dea. Ɛno enti na mekaa sɛ, Honhom no bɛtie biribiara a meka kyerɛ no, na wabɛka akyerɛ mo no.” 16 “Aka kakra bi morenhunu me, nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛre koraa, mobɛhunu me bio.” 17 Asuafoɔ no bi bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Yei ase ne sɛn? Ɔreka akyerɛ yɛn sɛ, ‘Aka kakra bi morenhunu me nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛre koraa na moasane ahunu me.’ Ɔsane kaa bio sɛ, ‘Ɛfiri sɛ, merekɔ Agya no nkyɛn.’” 18 Wɔsane bisaa bio sɛ, “Saa asɛm, ‘aka kakra’ yi aseɛ ne sɛn? Yɛnte deɛ ɔreka yi ase.” 19 Yesu hunuu sɛ wɔpɛ sɛ wɔbisa no asɛm a ɔkaeɛ no ase no enti, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mekaa sɛ, ‘aka kakra bi morenhunu me, nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛre koraa mobɛhunu me bio’. Yei ne asɛm a monte aseɛ a enti morebisabisa mo ho mo ho yi? 20 Mereka nokorɛ akyerɛ mo; mo werɛ bɛho na moasu, nanso ewiasefoɔ ani bɛgye. Mobɛdi awerɛhoɔ nanso mo awerɛhoɔ no bɛdane anigyeɛ. 21 Sɛ ɔbaa rebɛwo a, ne werɛ ho, ɛfiri sɛ, nʼamanehunuberɛ aduru so. Nanso, sɛ ɔnya wo a, ne werɛ firi ne yea, ɛfiri sɛ, nʼani gye sɛ wawo onipa aba ewiase. 22 Saa ara na ɛte wɔ mo ho. Seesei deɛ, mo werɛ aho. Nanso, mɛhunu mo bio ama mo ani agye na obi rentumi nnye saa anigyeɛ no mfiri mo nsam. 23 Sɛ saa da no duru a, moremmisa me biribiara. Mereka nokorɛ akyerɛ mo, Agya no de biribiara a mode me din bɛbisa no bɛma mo. 24 Ɛbɛsi saa ɛberɛ yi, momfaa me din mmisaa biribiara da. Mommisa na wɔde bɛma mo na mo anigyeɛ awie pɛyɛ. 25 “Menam abɛbuo mu na maka yeinom akyerɛ mo. Nanso, ɛberɛ bi bɛba a merenkasa abɛbuo mu bio, na mmom, mɛka biribiara a ɛfa Agya no ho no pefee akyerɛ mo. 26 Sɛ saa da no duru a, mode me din bɛbisa no biribiara a ɛho hia mo. Menka sɛ me na mɛbisa Agya no ama mo, 27 ɛfiri sɛ, Agya no ankasa dɔ mo. Ɔdɔ mo, ɛfiri sɛ, modɔ me na moagye adi sɛ mefiri Onyankopɔn nkyɛn na mebaeɛ. 28 Mefiri Agya no nkyɛn na mebaa ewiase; na afei merefiri ewiase akɔ Agya no nkyɛn.” 29 Nʼasuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Afei deɛ, wokasa pefee ma yɛte wo aseɛ. 30 Yɛahunu sɛ wonim biribiara; ɛho nhia sɛ obi bisa wo nsɛm. Yei ama yɛagye adi sɛ wofiri Onyankopɔn nkyɛn.” 31 Yesu buaa wɔn sɛ. “Afei deɛ, mogye di? 32 Ɛberɛ bi rebɛduru, na mpo aduru dada a mo nyinaa bɛbɔ ahwete na obiara akɔ ne fie na aka me nko. Nanso, ɛrenka me nko ɛfiri sɛ, Agya no ka me ho. 33 “Maka yeinom akyerɛ mo na moanya asomdwoeɛ wɔ me mu. Mobɛhunu amane wɔ ewiase. Nanso, monnyina pintinn! Madi ewiase so nkonim!”

< Yohane 16 >