< Hiob 40 >

1 Afei Awurade buaa Hiob sɛ, 2 “Deɛ ɔne Otumfoɔ no wɔ asɛm no bɛtene ne so anaa? Ma deɛ ɔbɔ Onyankopɔn kwaadu no mmua no ɛ!” 3 Na Hiob buaa Awurade sɛ, 4 “Mensɛ na memfata, ɛbɛyɛ dɛn na matumi anya mmuaeɛ? Mede me nsa memua mʼano. 5 Makasa baako, nanso menni mmuaeɛ mprenu so, na merenkasa bio.” 6 Afei, Awurade firi ahum mu buaa Hiob sɛ, 7 “Hyɛ wo ho den sɛ ɔbarima; mɛbisa wo nsɛm, na ɛsɛ sɛ wobua me. 8 “Wobɛka mʼatemmuo ho asɛm bɔne anaa? Wobɛbu me fɔ de abu wo ho bem? 9 Wowɔ abasa te sɛ Onyankopɔn deɛ, na wo nne bɛtumi abobom sɛ ne deɛ? 10 Ɛnneɛ fa animuonyam ne ɔhyerɛn hyehyɛ wo ho, na fira anidie ne kɛseyɛ. 11 Hwie wʼabufuhyeɛ mmoroso no gu, hwɛ ɔhantanni biara na brɛ no ase, 12 hwɛ ɔhantanni biara na si no fam na tiatia amumuyɛfoɔ so wɔ faako a wɔgyina hɔ. 13 Sie wɔn nyinaa bɔ mu wɔ mfuturo mu; kata wɔn anim wɔ damena mu. 14 Na afei mʼankasa mɛgye atom sɛ wo ara wo basa nifa bɛtumi agye wo nkwa. 15 “Hwɛ susono, deɛ meyɛɛ no kaa wo ho na ɔwe ɛserɛ te sɛ ɔnantwie. 16 Hwɛ ahoɔden a ɔwɔ wɔ nʼasene mu ne ahoɔden fufuo a ɛwɔ ne yafunu so wedeɛ mu! 17 Ne dua hinhim sɛ ntweneduro; ne srɛ mu ntini yɛ peperee. 18 Ne nnompe te sɛ kɔbere mfrafraeɛ nnorobɛn, nʼabasa ne ne nan te sɛ nnadeɛ praban. 19 Ɔdi Onyankopɔn nsa ano adwuma mu kan, nanso ne Yɛfoɔ bɛtumi de akofena akɔ ne so. 20 Nkokoɔ fifiri wɔn nnɔbaeɛ ma no, na wiram mmoa nyinaa goro bɛn hɔ. 21 Nkasɛɛ nkasɛɛ nnua ase na ɔda, na atɛkyɛ mu demmire akata no so. 22 Nkasɛɛ nkasɛɛ nwunu no hata ne so; na nsunoa nnua atwa ne ho ahyia. 23 Nsuo nworosoɔ nha no; mpo sɛ Yordan bobɔ ba nʼano a, ɔnni ɔhaw. 24 Obi bɛtumi akye no animono; anaa obi bɛtumi de afidie ayi no na wabɔne ne hwene mu?

< Hiob 40 >