< Hiob 25 >

1 Na Suhini Bildad buaa sɛ, 2 “Tumi ne suro wɔ Onyankopɔn; ɔno na ɔhyehyɛ pɛpɛyɛ wɔ ɔsorosoro. 3 Wɔbɛtumi akan nʼakodɔm anaa? Hwan na ne hann nto ngu ne soɔ? 4 Ɔdasani bɛtene Onyankopɔn anim sɛn, na ɛbɛyɛ dɛn na deɛ ɔbaa awo no ho bɛteɛ? 5 Mpo sɛ ɔsrane nhyerɛn na nsoromma ho nte wɔ nʼani so a, 6 na nkantom onipa a ɔte sɛ nsaama, onipa ba a ɔyɛ ɔsonsono kɛkɛ!”

< Hiob 25 >