< Hiob 23 >

1 Na Hiob buaa sɛ, 2 “Ɛnnɛ mpo, mʼabooboodie mu da so yɛ den; ne nsa ayɛ den mʼapinisie nyinaa akyi. 3 Sɛ menim baabi a mɛhunu no; anaasɛ mɛtumi akɔ ne tenaberɛ a, 4 anka mɛka mʼasɛm wɔ nʼanim na magye akyinnyeɛ bebree. 5 Anka mɛte mmuaeɛ a ɔde bɛma me, na madwene deɛ ɔbɛka ho. 6 Ɔde tumi a ɛso bɛtia me anaa? Dabi, ɔremmɔ me kwaadu. 7 Ɛhɔ deɛ nnipa tenenee bɛtumi aka nʼasɛm wɔ nʼanim, na wɔbɛgye me afiri me ɔtemmufoɔ nsam afebɔɔ. 8 “Nanso sɛ mekɔ apueeɛ fam a, ɔnni hɔ; sɛ mekɔ atɔeɛ fam nso a, menhunu no. 9 Sɛ ɔreyɛ adwuma wɔ atifi fam a, menhunu no; sɛ ɔdane ne ho kɔ anafoɔ fam a, mʼani nhye ne ho. 10 Nanso, ɔnim ɛkwan a me nam soɔ; na sɛ ɔsɔ me hwɛ a, mɛfiri mu aba sɛ sikakɔkɔɔ. 11 Madi nʼanammɔn akyi pɛɛ; na manante nʼakwan so a mammane. 12 Mentwee me ho mfirii mmaransɛm a ɛfiri nʼanom ho, mama asɛm a ɛfiri nʼanom ho ahia me asene me daa aduane. 13 “Nanso ɔbiara nni hɔ ka ne ho, na hwan na ɔbɛtumi atia no? Ɔyɛ biribiara a ɔpɛ. 14 Ɔhwɛ ma ne ɔhyɛ nsɛm tia me; ɔda so kora nhyehyɛeɛ a ɛte sei bebree. 15 Ɛno enti na mebɔ hu wɔ nʼanim; na sɛ medwene yeinom nyinaa ho a, mesuro no. 16 Onyankopɔn ama mʼakoma aboto; Otumfoɔ ama mabɔ huboa. 17 Nanso esum no mma menka mʼano ntom, esum kabii a ɛkata mʼanim no mpo.

< Hiob 23 >