< Hiob 21 >

1 Na Hiob buaa sɛ, 2 “Montie me nsɛm no yie. Momma yei nyɛ awerɛkyekyerɛ a mode ma me. 3 Monnya ntoboaseɛ mma me ɛberɛ a merekasa, na sɛ mekasa wie a, monkɔso nni fɛ. 4 “Me nwiinwii hyɛ onipa anaa? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ menya ntoboaseɛ? 5 Monhwɛ me, na mo ho nnwiri mo; momfa mo nsa nkata mo ano. 6 Sɛ medwene yei ho a, mebɔ hu; na me ho popo. 7 Adɛn enti na amumuyɛfoɔ tena nkwa mu? Wɔnyini kyɛ na wɔkɔ so di tumi. 8 Wɔhunu wɔn mma a atwa wɔn ho ahyia no nkɔsoɔ, wɔhunu wɔn nananom. 9 Ɔhaw nni wɔn afie na ehu nni hɔ; Onyankopɔn asotwe mma wɔn so. 10 Wɔn anantwinini nyɛ akrawa; na wɔn anantwibereɛ wo a, wɔmpɔn. 11 Wɔka wɔn mma bɔ mu te sɛ nnwankuo; na emu mmotafowa no hurihuri. 12 Wɔto nnwom wɔ akasaeɛ ne sankuo so; na wɔde atɛntɛbɛn nnyegyeeɛ gye wɔn ani. 13 Wɔdi yie wɔn nkwanna mu na wɔkɔ damena mu asomdwoeɛ mu. (Sheol h7585) 14 Nanso wɔka kyerɛ Onyankopɔn sɛ, ‘Firi yɛn so! Yɛmpɛ sɛ yɛhunu wʼakwan. 15 Hwan ne otumfoɔ no a ɛsɛ sɛ yɛsom no? Sɛ yɛbɔ no mpaeɛ a mfasoɔ bɛn na yɛbɛnya?’ 16 Nanso, wɔn nkɔsoɔ no nni wɔn nsam, enti metwe me ho firi amumuyɛfoɔ afutuo ho. 17 “Nanso mpɛn ahe na wɔdum amumuyɛfoɔ kanea? Mpɛn ahe na amanehunu ba wɔn so, deɛ Onyankopɔn firi nʼabufuo mu de ba no? 18 Mpɛn ahe na wɔyɛ sɛ ɛserɛ wɔ mframa ano, te sɛ ntɛtɛ a mframa den bi apra wɔn? 19 Wɔka sɛ, ‘Onyankopɔn kora onipa asotwe so de twɛn ne mma.’ Ɛsɛ sɛ ɔtwe ɔnipa no ankasa aso ma ɔhunu. 20 Ma wɔn ankasa ani nhunu wɔn sɛeɛ; ma Otumfoɔ abufuhyeɛ no nka wɔn ani. 21 Wɔn abusuafoɔ a wɔagya wɔn akyire no renya hwee nʼagyapadeɛ nyinaa bɛsɛe. 22 “Obi bɛtumi akyerɛ Onyankopɔn nyansa, wɔ ɛberɛ a ɔbu atitire mpo atɛn? 23 Obi wu wɔ ɛberɛ a ɔwɔ ahoɔden; ne ho tɔ no na nʼaso mu adwo no, 24 na ne onipadua yɛ frɔmm, na ɛhon ahyɛ ne nnompe ma. 25 Ɔfoforɔ nso de ɔkra mu yeadie wu, a wanka asetena pa anhwɛ da. 26 Wɔsie wɔn nyinaa wɔ mfuturo korɔ mu, ma asonson korɔ no ara nuka wɔn. 27 “Mahunu mo adwene, ɛkwan a mopɛ sɛ mobu me fɔ. 28 Mopɛ sɛ moka kyerɛ me sɛdeɛ asikafoɔ ne amumuyɛfoɔ, wɔn bɔne enti, wɔhwere wɔn agyapadeɛ nyinaa. 29 Nanso mommisa wɔn a wɔtu kwan; wɔbɛka akyerɛ mo sɛ 30 onipa bɔne nya ne ti didi mu amanehunu da, na wɔgyaa no ma no dwane abufuhyeɛ da. 31 Hwan na ɔtumi kasa nʼanim? Hwan na ɔtua no deɛ wayɛ so ka? 32 Wɔsoa no kɔ damena mu, na wɔwɛn nʼaboda. 33 Bɔnhwa mu dɔteɛ yɛ no dɛ; nnipa nyinaa di nʼakyi, na ɛdɔm a wɔntumi nkan wɔn di nʼanim. 34 “Enti ɛbɛyɛ dɛn na mode mo nsɛnhunu akyekyere me werɛ? Mo mmuaeɛ nyɛ hwee sɛ atorɔ!”

< Hiob 21 >