< Hiob 20 >

1 Na Naamani Sofar buaa sɛ, 2 “Me tiri mu ntene me, na ɛhyɛ me sɛ memmua ɛfiri sɛ me ho yera me yie. 3 Mate animka bi a ɛgu me ho fi, na nteaseɛ a menya no hyɛ me sɛ memmua. 4 “Ampa ara wonim sɛdeɛ nneɛma teɛ firi tete, ɛfiri ɛberɛ a wɔde nnipa duaa asase so, 5 sɛ amumuyɛfoɔ ani gye ɛberɛ tiawa bi mu, na wɔn a wɔnnsuro nyame nso anigyeɛ nkyɛ. 6 Ɛwom sɛ nʼahohoahoa kɔduru ɔsoro, na ne tiri kɔpem omununkum deɛ, 7 nanso, ɔbɛyera afebɔɔ te sɛ nʼankasa agyanan; na wɔn a wɔhunuu no no bɛbisa sɛ, ‘Ɔwɔ he?’ 8 Ɔtu kɔ te sɛ daeɛ, na wɔrenhunu no bio. Wɔtwam kɔ te sɛ anadwo mu anisoadehunu. 9 Ani a ɛhunu noɔ no renhunu no bio; na ne siberɛ nso renhunu no bio. 10 Ne mma bɛsrɛ adeɛ afiri ahiafoɔ hɔ; ɛsɛ sɛ nʼankasa de nʼahonya sane ma. 11 Ne mmeranteberɛ mu ahoɔden a ahyɛ ne nnompe ma no ne no bɛkɔ mfuturo mu. 12 “Ɛwom sɛ bɔne yɛ nʼanom dɛ na ɔde sie ne tɛkrɛma ase; 13 ɛwom sɛ ɔntumi nnyaa mu na ɔma ɛka ne dodom, 14 nanso, nʼaduane bɛyɛ nwono wɔ ne yafunu mu; ɛbɛyɛ ɔtweaseɛ ano borɔ wɔ ne mu. 15 Ɔbɛfe ahonyadeɛ a ɔmeneeɛ no; Onyankopɔn bɛma ne yafunu apu agu. 16 Ɔbɛfefe awɔ borɔ; Ɔnanka se bɛkum no. 17 Ɔrennya nsuwansuwa no nnom nsubɔntene a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ mu no. 18 Ɔbɛdane deɛ ɔbrɛ nyaeɛ no aba a ɔrenni bi; ɔremfa nʼadwadie mu mfasoɔ nnye nʼani. 19 Ɛfiri sɛ ɔhyɛɛ ahiafoɔ so ma wɔdii ohia buruburo; ɔde ne nsa ato afie a ɛnyɛ ɔno na ɔsiiɛ so. 20 “Ampa ara ɔrennya ahomegyeɛ mfiri deɛ wapere anya no mu; ɔrentumi mfa nʼakoradeɛ nnye ne ho nkwa. 21 Wafom nneɛma nyinaa awie; ne nkɔsoɔ nnuru baabiara. 22 Nʼadedodoɔ nyinaa mu no, ɔbɛkɔ ɔhaw mu; na amanehunu a emu yɛ den bɛto no. 23 Ɛberɛ a nʼafuru ayɛ ma no, Onyankopɔn bɛtɔ nʼabufuo ogya agu ne so na wabobɔ no basabasa. 24 Ɛwom sɛ ɔdwane firi dadeɛ akodeɛ ano nanso bɛmma a ano yɛ kɔbere mfrafraeɛ bɛwɔ no. 25 Wɔbɛtwe bɛmma no firi nʼakyi, ano hyɛnhyɛn no bɛfiri ne brɛboɔ mu. Ehu bɛba ne so; 26 esum kabii bɛduru nʼakoradeɛ. Ogya a wɔmfite mu bɛhye no, na asɛe deɛ aka wɔ ne ntomadan mu. 27 Ɔsoro bɛda nʼafɔdie adi, na asase asɔre atia no. 28 Nsuyire bɛtwe ne fie akɔ, saa ara na nsuworosoɔ bɛyɛ Onyankopɔn abufuhyeɛ da no. 29 Yei ne hyɛberɛ a Onyankopɔn de ma amumuyɛfoɔ, awugyadeɛ a Onyankopɔn de ato wɔn hɔ.”

< Hiob 20 >