< Hiob 14 >

1 “Onipa a ɔbaa awo no no ne nna yɛ tiaa bi na ɔhaw dɔɔso wɔ mu. 2 Ɔfefɛ te sɛ nhwiren na ɛtwintwam; ɔte sɛ sunsum a ɛretwam akɔ, ɔntena hɔ nkyɛ. 3 Woma wʼani kɔ saa onipa yi so? Wode no bɛba wʼanim abɛbu no atɛn anaa? 4 Hwan na ɔbɛtumi ayi deɛ ɛyɛ kronn afiri efi mu? Obiara nni hɔ. 5 Woahyehyɛ onipa nkwa nna; woahyɛ nʼabosome dodoɔ ato hɔ na woahyɛ no ɛberɛ a ɔrentumi ntra. 6 Enti, yi wʼani firi ne so na ɔnyɛ deɛ ɔpɛ, kɔsi sɛ ɔbɛwie nʼadwuma sɛ ɔpaani. 7 “Dua mpo anidasoɔ wɔ hɔ ma no: Sɛ wɔtwa a, ɛbɛfefɛ bio, na ne mman foforɔ no rempempan. 8 Ne nhini bɛtumi anyini akyɛre asase mu na ne dunsini nso awu wɔ dɔteɛ mu, 9 nanso, ɔnya nsuo a ɛfefɛ, na ɛyiyi mman sɛ dua a wɔatɛ. 10 Nanso, sɛ nnipa wu a wɔde no hyɛ fam; ɔhome deɛ ɛtwa toɔ a, na afei ɔnni hɔ bio. 11 Sɛdeɛ nsuo tu yera wɔ ɛpo mu no, anaa sɛdeɛ nsuka mu weɛ no, 12 saa ara na onipa tɔ fam na ɔnsɔre bio; ɛnkɔsi sɛ ɔsoro bɛtwam no, nnipa rensɔre na wɔrennyane wɔn mfiri wɔn nna mu. 13 “Sɛ anka wode me bɛsie damena mu de me ahinta kɔsi sɛ wʼabofuo bɛtwam! Sɛ anka wobɛhyɛ me berɛ na afei woakae me! (Sheol h7585) 14 Sɛ onipa wu a, ɔbɛba nkwa mu bio anaa? Mʼaperedie nna mu nyinaa mɛtwɛn akɔsi sɛ me foforɔyɛ bɛba. 15 Wobɛfrɛ na mɛgye wo so; wʼani bɛgyina abɔdeɛ a wo nsa ayɛ. 16 Afei wobɛkan mʼanammɔntuo na worenni me bɔne akyi. 17 Wɔbɛsɔ me bɔne ano wɔ kotokuo mu, na woakata mʼamumuyɛ so. 18 “Nanso, sɛdeɛ mmepɔ so hohoro na ɛdwirie na abotan nso twe firi ne siberɛ no, 19 sɛdeɛ nsuo yiyi aboɔ ho na osutɔ brane twe dɔteɛ kɔ no saa ara na wosɛe onipa anidasoɔ. 20 Wotintim ne so prɛko pɛ, na ɔtwam kɔ; wosakyera ne nipasu na wogya no kwan. 21 Sɛ wɔhyɛ ne mmammarima animuonyam a, ɔnnim; na sɛ wɔbrɛ wɔn ase a, ɔnhunu. 22 Ɔno ara wedeɛ mu yea na ɔteɛ na ɔno ara ne ho na ɔgyam.”

< Hiob 14 >