< Hiob 12 >

1 Na Hiob buaa sɛ, 2 “Ampa ara mone nnipa no, na mowu a na nyansa asa! 3 Nanso mewɔ adwene sɛ mo ara na monnsene me. Hwan na ɔnnim saa nneɛma yi nyinaa? 4 “Mayɛ aseredeɛ ama me nnamfonom, mefrɛɛ Onyankopɔn na ɔbuaeɛ. Mayɛ aseredeɛ tata, nanso metene, na me ho nni asɛm. 5 Nnipa a wɔn ho tɔ wɔn bu amanehunu animtiaa sɛdeɛ wɔbu wɔn a wɔn nan rewatiri no awieeɛ animtiaa. 6 Wɔmmfa wɔn nsa nka akorɔmfoɔ ntomadan, na wɔn a wɔma Onyankopɔn bo fuo no wɔ banbɔ na Onyankopɔn bɔ deɛ ɔde ma wɔn ho ban. 7 “Bisa mmoa no, na wɔbɛkyerɛ wo anaasɛ ewiem nnomaa no, na wɔbɛka akyerɛ wo 8 anaasɛ kasa kyerɛ asase, na ɛbɛkyerɛ wo, anaasɛ ma ɛpo mu mpataa nka nkyerɛ wo. 9 Wɔn nyinaa mu hwan na ɔnnim sɛ Awurade nsa na ayɛ yei. 10 Ne nsam na abɔdeɛ nyinaa ahome wɔ ne adasamma nyinaa ahome. 11 Aso nsɔ nsɛm nnhwɛ, sɛdeɛ tɛkrɛma ka aduane hwɛ no anaa? 12 Wɔnnya nyansa mfiri mpanin nkyɛn, na ɛnyɛ ɔnyinkyerɛ na ɛde nteaseɛ ba anaa? 13 “Nyansa ne tumi yɛ Onyankopɔn dea; afotuo ne nteaseɛ yɛ ne dea. 14 Deɛ ɔbubu guo no, obiara rentumi nsi; deɛ ɔde no to nneduadan mu no, obiara rentumi nyi no. 15 Sɛ ɔma osuo gyae tɔ a, asase no so yɛ wesee; sɛ ɔgyaa osutɔ mu a, ɛsɛe asase no. 16 Ahoɔden ne nkonimdie wɔ no osisifoɔ ne deɛ wɔsisi noɔ nso wɔ no. 17 Ɔpa afotufoɔ ho ntoma ma wɔkɔ na ɔma atemmufoɔ yɛ nkwasea. 18 Ɔworɔ ahemfo nkyehoma na ɔde abɔsoɔ bɔ wɔn asene. 19 Ɔpa asɔfoɔ ho ntoma, na ɔtu nnipa a wɔn ase atim akyɛre gu. 20 Ɔka afotufoɔ a wɔgye wɔn die no kasaboa hyɛ, na ɔgye mpanimfoɔ nhunumu. 21 Ɔde animguaseɛ gu atitire so na ɔtintim gye ahoɔdenfoɔ nsam akodeɛ. 22 Ɔda esum mu nneɛma a ahinta adi na ɔde esum kabii ba hann mu. 23 Ɔyɛ aman akɛseɛ, na ɔsɛe wɔn; ɔtrɛ aman mu, na ɔhwete wɔn mu. 24 Ɔgye ewiase akannifoɔ adwene firi wɔn nsam; na ɔma wɔkyinkyini asase wesee a ɛkwan nna soɔ so. 25 Wɔhwehwɛ wɔ esum mu a wɔnni kanea; na ɔma wɔtɔ ntintan sɛ asabofoɔ.

< Hiob 12 >