< Hiob 1 >

1 Ɔbarima bi tenaa ase wɔ Us asase so a na ne din de Hiob. Na ne ho nni asɛm na ɔyɛ pɛ; na ɔsuro Onyankopɔn, na ɔtwe ne ho firi bɔne ho.
우스 땅에 욥이라 이름하는 사람이 있었는데 그 사람은 순전하고 정직하여 하나님을 경외하며 악에서 떠난 자더라
2 Na ɔwɔ mmammarima baason ne mmammaa baasa,
그 소생은 남자가 일곱이요 여자가 셋이며
3 na ɔwɔ nnwan mpem nson, nyoma mpem mmiɛnsa, anantwie mpamho ahanum ne mfunumu bereɛ aha enum, na ɔwɔ asomfoɔ bebree. Na ɔyɛ onipa kɛseɛ paa wɔ nnipa a wɔwɔ Apueeɛ fam nyinaa no mu.
그 소유물은 양이 칠천이요 약대가 삼천이요 소가 오백 겨리요 암 나귀가 오백이며 종도 많이 있었으니 이 사람은 동방 사람 중에 가장 큰 자라
4 Na ne mmammarima no to ɛpono nnidisoɔ nnidisoɔ wɔ wɔn afie mu, na wɔto nsa frɛ wɔn nnuammaa baasa no ne wɔn bɔ mu didi, nom.
그 아들들이 자기 생일이면 각각 자기의 집에서 잔치를 베풀고 그 누이 셋도 청하여 함께 먹고 마시므로
5 Sɛ apontoɔ nna no twam a, Hiob soma kɔfrɛ wɔn na wɔdwira wɔn ho. Ɔsɔre anɔpahema bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma wɔn mu biara, ɛfiri sɛ ɔdwene sɛ, “Ebia na me mma no ayɛ bɔne na wɔadome Onyankopɔn wɔ wɔn akoma mu.” Yei yɛ dwuma a na Hiob di no ɛberɛ-ano-berɛ ano.
그 잔치 날이 지나면 욥이 그들을 불러다가 성결케 하되 아침에 일어나서 그들의 명수대로 번제를 드렸으니 이는 욥이 말하기를 혹시 내 아들들이 죄를 범하여 마음으로 하나님을 배반하였을까 함이라 욥의 행사가 항상 이러하였더라
6 Ɛda bi, abɔfoɔ no de wɔn ho bɛkyerɛɛ Awurade, na Satan kaa wɔn ho baeɛ.
하루는 하나님의 아들들이 와서 여호와 앞에 섰고 사단도 그들 가운데 왔는지라
7 Awurade bisaa Satan sɛ, “Wofiri he na wobaa ha?” Satan buaa Awurade sɛ, “Mefiri asase so akyinkyinakyinkyini ne emu akɔneabadie mu.”
여호와께서 사단에게 이르시되 네가 어디서 왔느냐 사단이 여호와께 대답하여 가로되 땅에 두루 돌아 여기 저기 다녀왔나이다
8 Na Awurade bisaa Satan sɛ, “Wadwene me ɔsomfoɔ Hiob ho anaa? Obiara nte sɛ ɔno wɔ asase so, ne ho nni asɛm na ɔtene, ɔyɛ onipa a ɔsuro Onyankopɔn na ɔkyiri bɔne.”
여호와께서 사단에게 이르시되 네가 내 종 욥을 유의하여 보았느냐 그와 같이 순전하고 정직하여 하나님을 경외하며 악에서 떠난자가 세상에 없느니라
9 Satan buaa Awurade sɛ, “Hiob suro Onyankopɔn kwa anaa?
사단이 여호와께 대답하여 가로되 욥이 어찌 까닭없이 하나님을 경외하리이까
10 Wonnyee ban mfaa ɔno, ne fie ne biribiara a ɔwɔ ho anaa? Woahyira ne nsa ano adwuma so, enti ne nnwan ne nʼanantwie ase atrɛ asase no so.
주께서 그와 그 집과 그 모든 소유물을 산울로 두르심이 아니니이까 주께서 그 손으로 하는 바를 복되게 하사 그 소유물로 땅에 널리게 하셨음이니이다
11 Na wo deɛ, tene wo nsa na sɛe deɛ ɔwɔ nyinaa, na ɔbɛgyina wʼanim na wadome wo.”
이제 주의 손을 펴서 그의 모든 소유물을 치소서 그리하시면 정녕 대면하여 주를 욕하리이다
12 Awurade ka kyerɛɛ Satan sɛ, “Ɛyɛ, deɛ ɔwɔ nyinaa wɔ wo nsam, nanso ɔno ankasa deɛ, mfa wo nsateaa nka no.” Na Satan firii Awurade anim kɔeɛ.
여호와께서 사단에게 이르시되 내가 그의 소유물을 다 네 손에 붙이노라 오직 그의 몸에는 네 손을 대지 말지니라 사단이 곧 여호와 앞에서 물러가니라
13 Ɛda bi a Hiob mmammarima ne ne mmammaa redidi na wɔrenom bobesa wɔ wɔn nuabarima panin fie no,
하루는 욥의 자녀들이 그 맏형의 집에서 식물을 먹으며 포도주를 마실 때에
14 ɔbɔfoɔ bi baa Hiob hɔ, bɛkaa sɛ, “Anantwie no refɛntɛm na mfunumu no redidi wɔ wɔn nkyɛn no,
사자가 욥에게 와서 고하되 소는 밭을 갈고 나귀는 그 곁에서 풀을 먹는데
15 Sebafoɔ bɛto hyɛɛ yɛn so, sesaa wɔn kɔɔeɛ. Wɔde afena kunkumm apaafoɔ no, na me nko ara na medwaneeɛ a merebɛbɔ wo saa amaneɛ yi.”
스바 사람이 갑자기 이르러 그것들을 빼앗고 칼로 종을 죽였나이다 나만 홀로 피한고로 주인께 고하러 왔나이다
16 Ɛberɛ a ɔgu so rekasa no, ɔbɔfoɔ foforɔ bi ba bɛkaa sɛ, “Onyankopɔn ogya firi soro abɛhye wo nnwan ne wo nnwanhwɛfoɔ no nyinaa, na me nko ara na medwaneeɛ a merebɛbɔ wo amaneɛ yi.”
그가 아직 말할 때에 또 한 사람이 와서 고하되 하나님의 불이 하늘에서 내려와서 양과 종을 살라버렸나이다 나만 홀로 피한고로 주인께 고하러 왔나이다
17 Ɔgu so rekasa no, ɔbɔfoɔ foforɔ bi bɛkaa sɛ, “Kaldeafoɔ de akorɔmfoɔ akuo mmiɛnsa baa wo nyoma so bɛsoaa wɔn kɔeɛ. Wɔde afena kunkumm asomfoɔ no na me nko ara na medwaneeɛ a merebɛbɔ wo amaneɛ yi.”
그가 아직 말할 때에 또 한 사람이 와서 고하되 갈대아 사람이 세 떼를 지어 갑자기 약대에게 달려들어 그것을 빼앗으며 칼로 종을 죽였나이다 나만 홀로 피한고로 주인께 고하러 왔나이다
18 Ɛberɛ a ɔgu so rekasa no, ɔbɔfoɔ foforɔ bi ba bɛkaa sɛ, “Na wo mmammarima ne wo mmammaa redidi na wɔrenom bobesa wɔ wɔn nuabarima panin fie,
그가 아직 말할 때에 또 한 사람이 와서 고하되 주인의 자녀들이 그 맏형의 집에서 식물을 먹으며 포도주를 마시더니
19 na prɛko pɛ, ahum bi bɔ firii ɛserɛ no so bɛdwiraa efie no ntwea ɛnan no. Efie no dwiri guu wɔn so na akunkum wɔn, na me nko ara na medwaneeɛ a merebɛbɔ wo amaneɛ yi.”
거친 들에서 대풍이 와서 집 네 모퉁이를 치매 그 소년들 위에 무너지므로 그들이 죽었나이다 나만 홀로 피한고로 주인께 고하러 왔나이다 한지라
20 Yei maa Hiob sɔre gyinaa hɔ, sunsuanee nʼatadeɛ mu na ɔyii ne tirinwi. Afei ɔtenaa fam sɔree Awurade
욥이 일어나 겉옷을 찢고 머리털을 밀고 땅에 엎드려 경배하며
21 kaa sɛ, “Adagya na mede mefiri me maame yam baeɛ, na adagya na mede bɛsane akɔ. Awurade de maeɛ, na Awurade afa; nhyira nka Awurade din!”
가로되 내가 모태에서 적신이 나왔사온즉 또한 적신이 그리로 돌아 가올지라 주신 자도 여호와시요 취하신 자도 여호와시오니 여호와의 이름이 찬송을 받으실지니이다 하고
22 Yei nyinaa mu no, Hiob anyɛ bɔne sɛ ɔbɛbɔ Onyankopɔn soboɔ.
이 모든 일에 욥이 범죄하지 아니하고 하나님을 향하여 어리석게 원망하지 아니하니라

< Hiob 1 >