< Yeremia 9 >

1 Ao, sɛ me etiri yɛ asutire, na mʼaniwa yɛ nisuo abura a, anka mɛsu awia ne anadwo ama me nkurɔfoɔ a wɔakunkum wɔn no. 2 Ao, sɛ mewɔ akwantufoɔ asoeɛ wɔ anweatam no so a, anka mɛgya me nkurɔfoɔ hɔ na mafiri wɔn nkyɛn; ɛfiri sɛ wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ, nnipa kuo a wɔnni nokorɛ. 3 “Wɔsiesie wɔn tɛkrɛma te sɛ agyan de di atorɔ; Ɛnyɛ nokorɛ so na wɔnam di yie wɔ asase yi so. Wɔyɛ bɔne toatoa so; na wɔnnye me nto mu,” Awurade na ɔseɛ. 4 “Monhwɛ yie wɔ mo nnamfonom ho; monnnye mo nuammarima mpo nni. Ɛfiri sɛ onuabarima biara yɛ ɔdaadaafoɔ, na adamfo biara yɛ osekuni. 5 Adamfo daadaa adamfo, na wɔn mu biara nka nokorɛ. Wɔn tɛkrɛma akokwa atorodie mu, na wɔde bɔneyɛ ha wɔn ho. 6 Wote nnaadaa mfimfini; na wɔn nnaadaa mu wɔmpɛ sɛ wɔgye me to mu,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 7 Ɛno enti, sei na Asafo Awurade seɛ, “Hwɛ, mɛnane wɔn asɔ wɔn ahwɛ, na ɛdeɛn bio na mɛtumi ayɛ ɛsiane me nkurɔfoɔ yi bɔne nti? 8 Wɔn tɛkrɛma yɛ agyan a ano wɔ borɔ; ɛka nnaadaasɛm. Obiara kasa asomdwoeɛ mu kyerɛ ne yɔnko, nanso nʼakoma mu deɛ, ɔsum no afidie. 9 Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ yei ho?” Sei na Awurade seɛ. “Ɛnsɛ sɛ mʼankasa metɔ ɔman a ɛte sei so awere anaa?” 10 Mɛsu na mɛtwa adwo ama mmepɔ no, mɛbɔ abubuo a ɛfa anweatam adidibea ho. Ayɛ fo na obi mfa hɔ bio, na wɔnte anantwie su wɔ hɔ. Ewiem nnomaa no atutu kɔ na mmoa no nso adwane kɔ. 11 “Mɛyɛ Yerusalem mmubuiɛ sie, sakraman atuo; na mɛma Yuda nkuro ada mpan sɛdeɛ obiara ntumi ntena hɔ.” 12 Onipa bɛn na ɔnim nyansa ara sɛ ɔbɛte yei ase? Hwan na Awurade akyerɛkyerɛ no a ɔbɛtumi akyerɛ aseɛ? Adɛn enti na wɔasɛe asase no ama ada mpan sɛ anweatam a obiara ntumi mfa soɔ? 13 Awurade kaa sɛ, “Esiane sɛ wɔapo me mmara a mehyɛ maa wɔn no enti, wɔanyɛ ɔsetie amma me na wɔanni me mmara so. 14 Mmom, wɔadi wɔn akoma asoɔden akyi, wɔadi Baalnom akyi sɛdeɛ wɔn agyanom kyerɛɛ wɔn no.” 15 Ɛno enti, deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ nie: “Hwɛ, mɛma saa nnipa yi adi aduane a ɛyɛ nwono na wɔanom nsuo a wɔde awuduro afra. 16 Mɛbɔ wɔn ahwete amanaman a wɔn anaa wɔn agyanom nnim so, na mede akofena bɛtaa wɔn kɔsi sɛ mɛsɛe wɔn.” 17 Sɛdeɛ Awurade tumfoɔ seɛ nie: “Dwene ho! Frɛ mmaa agyaadwotwafoɔ no, frɛ wɔn a wɔakwadare mu pa ara. 18 Ma wɔmmra ntɛm mmesu ngu yɛn so kɔsi sɛ yɛn ani so bɛtaataa nisuo na nisuo adware yɛn. 19 Wɔte agyaadwotwa nnyegyeeɛ firi Sion sɛ, ‘Wɔasɛe yɛn! Yɛn anim agu ase yie! Ɛsɛ sɛ yɛtu firi yɛn asase so ɛfiri sɛ, yɛn afie abubu.’” 20 Afei, Ao mmaa, montie Awurade asɛm; monyɛ aso mma nsɛm a ɛfiri nʼanom. Monkyerɛ mo mmammaa sɛdeɛ wɔtwa dwo; monkyerɛ mo ho mo ho abubuo bɔ. 21 Owuo aforo afa yɛn mpomma mu ahyɛne yɛn aban mu; apamo mmɔfra afiri mmɔntene so ne mmeranteɛ afiri ɔman adwaberem. 22 Ka sɛ, “Sei na Awurade seɛ, “‘Nnipa afunu bɛdeda hɔ te sɛ sumina a ɛgugu petee mu, te sɛ aburoo a otwafoɔ atwa agu nʼakyi a obiara mmoaboaa ano.’” 23 Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Mma onyansafoɔ mfa ne nyansa nhyehyɛ ne ho anaa ɔhoɔdenfoɔ mfa nʼahoɔden nhyehyɛ ne ho anaa ɔdefoɔ mfa nʼahonya nhyehyɛ ne ho. 24 Mmom ma deɛ ɔhyehyɛ ne ho nhyehyɛ ne ho sɛ ɔwɔ nhunumu, na ɔnim sɛ, me ne Awurade a ɔyɛ adɔeɛ, na ɔbu atɛntenenee na ɔyɛ adetenenee wɔ asase so ɛfiri sɛ yeinom na ɛsɔ mʼani,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 25 “Nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ, “A mɛtwe wɔn a wɔatwa twetia wɔ honam fam nko ara no nyinaa aso: 26 Misraimfoɔ, Yudafoɔ, Edomfoɔ, Amonfoɔ, Moabfoɔ ne wɔn a wɔtete anweatam a ɛwɔ akyirikyiri nsase so nyinaa. Na nokorɛm, saa aman yi nyinaa yɛ momonotofoɔ na mpo Israel fiefoɔ nyinaa yɛ akoma mu momonotofoɔ.”

< Yeremia 9 >