< Yeremia 21 >

1 Asɛm firi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn ɛberɛ a, ɔhene Sedekia somaa Malkia babarima Pashur ne Maaseia babarima ɔsɔfoɔ Sefania kɔɔ ne nkyɛn. Wɔkaa sɛ, 2 “Bisa Awurade, ma yɛn ɛfiri sɛ Babiloniahene Nebukadnessar ne yɛn rebɛdi ako. Ebia Awurade bɛyɛ anwanwadeɛ ama yɛn, sɛdeɛ ɔyɛɛ mmerɛ bi a atwam no na wafiri yɛn so akɔ.” 3 Na Yeremia buaa wɔn sɛ, “Monka nkyerɛ Sedekia sɛ, 4 ‘Sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie: Merebɛdane mo nsam akodeɛ atia mo, deɛ mode reko atia Babiloniahene ne Babiloniafoɔ a wɔwɔ ɔfasuo no akyi na wɔatua mo kuropɔn no. Mɛboa wɔn ano wɔ kuropɔn yi mu. 5 Me ara mede nsa a matene ne abasa a ɛyɛ den bɛko atia mo wɔ abufuo, anibereɛ ne abufuhyeɛ mu. 6 Mɛbobɔ wɔn a wɔtete kuropɔn yi mu ahwehwe fam; nnipa ne mmoa nyinaa, na ɔyaredɔm a ɛyɛ hu bɛkunkum wɔn. 7 Ɛno akyi, Awurade asɛm nie, mede Yudahene Sedekia, nʼadwumayɛfoɔ ne nnipa a wɔwɔ kuropɔn yi mu a ɔyaredɔm, akofena ne ɛkɔm ankunkum wɔn no bɛma Babiloniahene Nebukadnessar ne wɔn atamfoɔ wɔrepɛ wɔn nkwa no. Ɔde akofena bɛkunkum wɔn; ɔrenhunu wɔn mmɔbɔ na ɔrennya ayamhyehyeɛ mma wɔn.’ 8 “Ɛbio, ka kyerɛ nnipa no sɛ, ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ: Hwɛ mede nkwa ɛkwan ne owuo ɛkwan resi mo anim. 9 Obiara a ɔte saa kuropɔn yi mu bɛwu wɔ akofena anaa ɛkɔm anaa ɔyaredɔm ano. Nanso obiara ɔbɛpue na ɔde ne ho akɔma Babiloniafoɔ a wɔabɛtua mo kuropɔn yi no, bɛfa ne ho adi. 10 Mawe ahinam sɛ, mɛyɛ kuropɔn yi bɔne na ɛnyɛ papa, Awurade na ɔseɛ. Wɔde bɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔde ogya bɛhye no.’ 11 “Deɛ ɛka ho ne sɛ, ka kyerɛ Yuda adehyefie sɛ, ‘Montie Awurade asɛm; 12 Ao Dawid efie, sei na Awurade seɛ: “‘Mommu atɛntenenee anɔpa biara; monnye deɛ wɔabɔ no korɔno no mfiri ne nhyɛsofoɔ nsam, anyɛ saa a mʼabufuhyeɛ bɛsɔre na ahye sɛ ogya ɛsiane bɔne a moayɛ enti, ɛbɛhye a obiara rennum no. 13 Me ne mo anya, Yerusalem Mo a mote bɔnhwa yi atifi abotan asaseta soɔ, Awurade na ɔseɛ, mo a moka sɛ, “Hwan na ɔbɛtumi ako atia yɛn? Hwan na ɔbɛtumi ahyɛne yɛn hintabea?” 14 Mɛtwe mo aso sɛdeɛ ɛfata mo nneyɛɛ, Awurade na ɔseɛ. Mɛto mo kwaeɛ mu ogya, a ɛbɛhye biribiara a atwa mo ho ahyia.’”

< Yeremia 21 >