< Yeremia 18 >

1 Yei ne Awurade asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn. 2 “Kɔ ɔnwomfoɔ no efie, na ɛhɔ na mede mʼasɛm no bɛma wo.” 3 Ɛno enti, mekɔɔ ɔnwomfoɔ no efie na mehunuu no sɛ, ɔreyɛ adwuma wɔ ne ntwahodeɛ so. 4 Nanso kukuo a na ɔde dɔteɛ no reyɛ ho adwuma no sɛeɛ wɔ ne nsa mu; ɛno enti ɔnwomfoɔ no yɛɛ kukuo foforɔ, sɛdeɛ ɛyɛ pa ara ma no. 5 Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 6 “Ao, Israel fiefoɔ, merentumi nyɛ mo sɛdeɛ ɔnwomfoɔ yi yɛ anaa?” Awurade na ɔseɛ. “Sɛdeɛ dɔteɛ teɛ wɔ ɔnwomfoɔ nsa mu no, saa ara na moteɛ wɔ me nsa mu, Ao Israel fiefoɔ. 7 Sɛ ɛberɛ biara meka sɛ ɛsɛ sɛ wɔtutu ɔman bi anaa ahennie bi ase, dwerɛ wɔn, sɛe wɔn a, 8 na sɛ ɔman a mebɔɔ no kɔkɔ no sakra firi ne bɔne ho a, mɛsesa mʼadwene na meremfa amanehunu a mesusuiɛ sɛ me de bɛba wɔn so mma bio. 9 Na sɛ mmerɛ foforɔ bi meka sɛ, ɛsɛ sɛ wɔkyekyere ɔman anaa ahennie bi gye no si hɔ, 10 na sɛ ɔyɛ bɔne wɔ mʼani so na wanyɛ ɔsetie amma me a, ɛnneɛ mesane adwene papa a mepɛɛ sɛ meyɛ noɔ no ho. 11 “Na afei ka kyerɛ Yudafoɔ ne wɔn a wɔtete Yerusalem sɛ, ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ: Hwɛ! Mede amanehunu reba mo so, na mereyɛ nhyehyɛeɛ a ɛtia mo. Ɛno enti mo mu biara nnane mfiri nʼakwammɔne so na monsiesie mo akwan ne mo nneyɛɛ.’ 12 Nanso wɔbɛbua sɛ, ‘Ɛho nni mfasoɔ. Yɛbɛkɔ so adi yɛn ara yɛn nhyehyɛeɛ so; yɛn mu biara bɛyɛ asoɔden a ɛfiri nʼakoma bɔne mu.’” 13 Ɛno enti deɛ Awurade seɛ nie, “Mommisa wɔ amanaman no mu sɛ, hwan na wate biribi sɛi pɛn? Ɔbaabunu Israel ayɛ adeɛ bi a ɛyɛ hu yie. 14 Sukyerɛmma a ɛwɔ Lebanon nane firi nsaneɛ mu abotan no so anaa? Nsuo wiridudu a nʼatifi wɔ akyirikyiri gyae sene anaa? 15 Nanso, me nkurɔfoɔ werɛ afiri me. Wɔhye nnuhwam ma ahoni huhuo, a ɛma wɔn suntisunti wɔ wɔn akwan so ne tete atempɔn so. Wɔma wɔfa akwan nkyɛn ne akwan a wɔmmɔeɛ so. 16 Wɔn asase bɛda mpan, na ayɛ adeɛ a wɔbɛbu no animtia daa; wɔn a wɔtwam hɔ no ho bɛdwiri wɔn na wɔbɛwosowoso wɔn ti. 17 Mɛbɔ wɔn ahwete wɔ wɔn atamfoɔ anim te sɛ deɛ apueeɛ mframa yɛ no. Mɛdane mʼakyi akyerɛ wɔn, na ɛnyɛ mʼanim, wɔ wɔn amanehunu da no.” 18 Wɔkaa sɛ, “Mommra mma yɛmfa adwene ntia Yeremia; yɛremma asɔfoɔ no anaa anyansafoɔ no anaa adiyifoɔ no nkyerɛkyerɛ no nyera. Mommra na yɛntu yɛn ano ngu ne so a yɛnntie deɛ ɔbɛka biara.” 19 Yɛ aso ma me, Ao, Awurade; tie deɛ wɔn a wɔpam me tiri so reka! 20 Ɛsɛ sɛ wɔde bɔne tua papa so ka anaa? Nanso wɔatu amena ama me. Kae sɛ megyinaa wʼanim na mekasa maa wɔn sɛdeɛ wobɛyi wʼabufuhyeɛ afiri wɔn so. 21 Ɛno enti, ma ɛkɔm nne wɔn mma; yi wɔn ma akofena. Ma wɔn yerenom nyɛ abonini ne akunafoɔ; ma wɔnkunkum wɔn mmarima na wɔmfa akofena nkunkum wɔn mmeranteɛ wɔ ɔko mu. 22 Ma wɔnte osu wɔ wɔn afie mu ɛberɛ a atamfoɔ atu wɔn so sa mpofirim, ɛfiri sɛ, wɔatu amena ama me, na wɔasumsum me nan mfidie. 23 Nanso wonim Ao, Awurade, ɛpɔ a wɔabɔ nyinaa sɛ wɔbɛkum me. Mfa wɔn nsɛmmɔne nkyɛ wɔn, na nyi wʼani mfiri wɔn bɔne so. Ma wɔnni nkoguo wɔ wʼanim; na wo ne wɔn nni wɔ wʼabofuo mu.

< Yeremia 18 >