< Yeremia 12 >

1 Ao Awurade, sɛ mede asɛm to wʼanim ɛberɛ biara a mehunu sɛ wobu atɛntenenee. Ɛno enti, mepɛ sɛ mene wo bɛkasa afa wʼatɛntenenee ho: Adɛn enti na amumuyɛfoɔ ɛkwan si wɔn yie? Adɛn enti na wɔn a wɔnni gyidie ho dwo wɔn?
Herre retten er din, når jeg trætter med dig om ret og dog må jeg tale med dig om Ret. Hvi følger Lykken de gudløses Vej, hvi er alle troløse trygge?
2 Woadua wɔn, na wɔagye nhini; wɔnyinyini na wɔso aba. Wɔbɔ wo din ɛberɛ biara nanso wɔn akoma mmɛn wo.
Du planter dem, og de slår rod, de trives og bærer Frugt. De har dig i Munden, men ikke i Hjertet.
3 Nanso, wonim me, Ao Awurade; wohunu me, na wosɔ mʼadwene a mewɔ wɔ wo ho hwɛ. Twe wɔn kɔ sɛ nnwan a wɔrekɔkum wɔn! Yi wɔn si nkyɛn ma okum da!
Du, HERRE, du kender mig, ser mig og prøver mit Hjertelag mod dig. Riv dem bort som Får til Slagtning, vi dem til Blodbadets Dag!
4 Asase no ntwɛn nkɔsi da bɛn? Prama so ɛserɛ no mpo adwan. Esiane sɛ wɔn a wɔte so no yɛ amumuyɛfoɔ enti mmoa ne nnomaa a wɔwɔ so awuwu. Na nnipa no da so ka sɛ, “Ɔrenhunu deɛ ɛba yɛn so.”
(Hvor længe skal Landet sørge, al Markens Urter visne? For indbyggernes Ondskabs Skyld omkommer Dyr og Fugle; thi man siger: "Han skuer ikke, hvorledes det vil gå os.")
5 “Sɛ wo ne mmarima tu mmirika na sɛ wɔma wo abrɛ a, ɛbɛyɛ dɛn na wo ne apɔnkɔ asi mmirikakan? Sɛ wosunti wɔ asase petee so a, ɛnneɛ wobɛyɛ dɛn wɔ Yordan ho nkyɛkyerɛ mu?
"Når Fodgængere løber dig træt, hvor kan du da kappes med Heste? Og er du ej tryg i et fredeligt Land, hvad vil du så gøre i Jordans Stolthed"?
6 Wo nuammarima, wʼankasa abusuafoɔ, wɔn mpo ayi wo ama; wɔteam denden tia wo. Sɛ mpo wɔka wo ho asɛm pa a, mfa wo ho nto wɔn so.
Thi selv dine Brødre og din Faders Hus er troløse imod dig, selv de skriger af fuld Hals efter dig; tro dem ikke, når de giver dig gode Ord!"
7 “Magya me nkurɔfoɔ, mato mʼagyapadeɛ agu; mede deɛ medɔ noɔ no bɛhyɛ nʼatamfoɔ nsa.
Mit Hus har jeg opgivet, bortstødt min Arvelod, givet min elskede hen i hendes Fjenders Hånd.
8 Mʼagyapadeɛ ayɛ me sɛ gyata a ɔwɔ kwaeɛm. Ɔbobɔ mu gu me so; ɛno enti metane no.
Min Arvelod blev for mig som en Løve i Skoven, den løftede Røsten imod mig, derfor må jeg hade den.
9 Mʼagyapadeɛ ayɛ sɛ anomaa a nkekaeɛ sisi ne ho a ɔkyere mmoa, nanso, nnomaa a wɔkyere mmoa atwa ne ho ahyia resosɔ no. Monkɔboaboa nkekaboa nyinaa ano. Momfa wɔn mmra na wɔnkum wɔn.
Er min Arvelod blevet mig en spraglet Fugl, omgivet af Fugle? Lad alle de vilde Dyr samles, hent dem hid for af æde!
10 Nnwanhwɛfoɔ bebree bɛsɛe me bobeturo, na wɔatiatia me mfuo so; wɔbɛdane me mfuo fɛfɛ no ayɛ no asase wesee a ada mpan.
Hyrder i Mængde ødelægger min Vingård, nedtramper min Arvelod, min yndige Arvelod gør de til øde Ørk;
11 Ɛbɛyɛ asase a ada mpan a awo wesee na ɛda hɔ kwa wɔ mʼanim; asase no nyinaa bɛda mpan ɛfiri sɛ obiara nni hɔ a ɔhwɛ soɔ.
de lægger den øde, den sørger øde for mit Åsyn. Hele Landet er ødelagt, thi ingen brød sig om det.
12 Wɔ nkokoɔ wesee a ɛwɔ anweatam no nyinaa so no, asɛefoɔ bɛba abɛgu so bebree, Awurade akofena bɛkunkum wɔn afiri asase ano de akɔsi ano nohoa; obiara remfa ne ho nni.
Over alle Ørkenens nøgne Høje kom Hærværksmænd. Thi HERREN har et Sværd; det fortærer alt fra den ene Ende af Landet til den anden; intet Kød har Fred.
13 Wɔbɛdua atokoɔ, nso wɔbɛtwa nkasɛɛ; wɔbɛbrɛ wɔn ho, nanso wɔrennya hwee. Enti ma wʼani nwu wɔ wo otwa berɛ ho. Awurade abufuhyeɛ nti.”
De såede Hvede og høstede Torne, sled til ingen Gavn og blev til Skamme med deres Afgrøde for HERRENs glødende Vredes Skyld.
14 Deɛ Awurade seɛ nie: “Na amumuyɛfoɔ a wɔfa agyapadeɛ a mede maa me nkurɔfoɔ Israelfoɔ no deɛ, mɛtu wɔn afiri wɔn nsase so na mɛtu Yudafie afiri wɔn mu.
Så siger HERREN om alle mine onde Naboer, der rører den Arvelod, jeg gav mit Folk Israel i Eje: Se, jeg rykker dem op af deres Land, og Judas Hus rykker jeg op midt iblandt dem.
15 Na sɛ metu wɔn wie a, mɛhunu wɔn mmɔbɔ bio, na mede wɔn mu biara bɛba nʼagyapadeɛ ne nʼasase so.
Men siden, når jeg har rykket dem op, forbarmer jeg mig atter over dem og bringer dem hjem, hver til sin Arvelod og hver til sit Land.
16 Na sɛ wɔsua me nkurɔfoɔ akwan yie na wɔbɔ me din ka ntam sɛ, ‘Nokorɛm sɛ Awurade te ase yi’ a, ɛwom sɛ mmerɛ bi wɔkyerɛɛ me nkurɔfoɔ sɛdeɛ wɔde Baal kaa ntam deɛ, nanso wɔn ase bɛtim wɔ me nkurɔfoɔ mu.
Hvis de da lærer mit Folks Veje, så de sværger ved mit Navn: "Så sandt HERREN lever!" ligesom de lærte mit Folk at svæærge ved Baal, skal de opbygges iblandt mit Folk.
17 Nanso, sɛ ɔman bi antie a, mɛtu nʼase, na masɛe no korakora,” Awurade na ɔseɛ.
Men hører de ikke, rykker jeg et sådant Folk helt op og tilintetgør det, lyder det fra HERREN.

< Yeremia 12 >