< Yakobo 5 >

1 Afei, mo adefoɔ nso montie! Monsu na montwa agyaadwoɔ wɔ amanehunu a ɛreba mo so ho.
Come now, you rich, weep and howl for your miseries that are coming on you.
2 Mo ahonya no aporɔ na nweweboa awe mo ntoma.
Your riches are corrupted and your garments are moth-eaten.
3 Mo sika ne mo dwetɛ awe nnaakye na saa nnaakye no bɛdi adanseɛ atia mo, na ahye mo honam sɛ ogya. Moahyehyɛ agyapadeɛ nna a ɛdi akyire no mu.
Your gold and your silver are corroded, and their corrosion will be for a testimony against you and will eat your flesh like fire. You have laid up your treasure in the last days.
4 Nnipa a wɔyɛɛ adwuma wɔ mo mfuo mu no, montuaa wɔn ka enti wɔresi apinie. Na wɔn apinisie no aduru Onyankopɔn, Awurade Otumfoɔ no aso mu.
Behold, the wages of the laborers who mowed your fields, which you have kept back by fraud, cry out; and the cries of those who reaped have entered into the ears of the Lord of Hosts.
5 Mo asetena wɔ asase so ha yɛ afɛfɛdeɛ ne anigyeɛ. Moadodɔre sradeɛ ama okum da.
You have lived in luxury on the earth, and taken your pleasure. You have nourished your hearts as in a day of slaughter.
6 Moabu deɛ ɔnni fɔ kumfɔ akum no; ɔnsi mo ɛkwan.
You have condemned and you have murdered the righteous one. He doesn’t resist you.
7 Me nuanom, monto mo bo ase kɔsi sɛ Awurade bɛba. Monhwɛ sɛdeɛ okuafoɔ nya boasetɔ twɛn asusɔberɛ.
Be patient therefore, brothers, until the coming of the Lord. Behold, the farmer waits for the precious fruit of the earth, being patient over it, until it receives the early and late rain.
8 Ɛsɛ sɛ mo nso moto mo bo ase. Momma mo anidasoɔ mu nyɛ den ɛfiri sɛ, da a Awurade bɛba no abɛn.
You also be patient. Establish your hearts, for the coming of the Lord is at hand.
9 Anuanom, monnni nsekuro ntia mo ho mo ho, na Onyankopɔn ammu mo atɛn. Hwɛ, Ɔtemmufoɔ no gyina ɛpono no ano.
Don’t grumble, brothers, against one another, so that you won’t be judged. Behold, the judge stands at the door.
10 Me nuanom, monkae adiyifoɔ a wɔde Awurade din kasaeɛ no. Momfa wɔn sɛ nhwɛsoɔ wɔ wɔn boasetɔ ne tumi a wɔtumi de tenaa amanehunu mu no.
Take, brothers, for an example of suffering and of perseverance, the prophets who spoke in the name of the Lord.
11 Yɛde anidie ma wɔn, ɛfiri sɛ, wɔnyaa boasetɔ. Moate Hiob boasetɔ no na monim deɛ Awurade de dom no awieeɛ no ɛfiri sɛ, Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ.
Behold, we call them blessed who endured. You have heard of the perseverance of Job and have seen the Lord in the outcome, and how the Lord is full of compassion and mercy.
12 Ne nyinaa akyi no, anuanom, sɛ mohyɛ bɔ a, monnka ntam nsi so. Mommfa ɔsoro anaa asase anaa biribiara nnka ntam. Sɛ mopɛ sɛ moka “Aane” a, monka “Aane”. Sɛ nso mopɛ sɛ moka “Dabi” a, monka “Dabi” na mo amma Onyankopɔn atemmuo ase.
But above all things, my brothers, don’t swear—not by heaven, or by the earth, or by any other oath; but let your “yes” be “yes”, and your “no”, “no”, so that you don’t fall into hypocrisy.
13 Mo mu bi wɔ ɔhaw bi mu anaa? Ɛsɛ sɛ saa onipa no bɔ mpaeɛ. Mo mu bi wɔ ahotɔ mu anaa? Ɛsɛ sɛ ɔto ayɛyie nnwom.
Is any among you suffering? Let him pray. Is any cheerful? Let him sing praises.
14 Mo mu bi yare anaa? Ɛsɛ sɛ saa onipa no frɛ asafo mpanimfoɔ na wɔde Awurade din bɔ mpaeɛ ma no na wɔsra no ngo.
Is any among you sick? Let him call for the elders of the assembly, and let them pray over him, anointing him with oil in the name of the Lord;
15 Sɛ wɔbɔ saa mpaeɛ no gyidie mu a, ɛbɛsa ɔyarefoɔ no yadeɛ, na Awurade bɛma no anya ahoɔden, na ne bɔne a wayɛ nyinaa, wɔde bɛkyɛ no.
and the prayer of faith will heal him who is sick, and the Lord will raise him up. If he has committed sins, he will be forgiven.
16 Enti afei, monkeka mo bɔne nkyerɛ mo ho mo ho, na mommobɔ mpaeɛ mma mo ho mo ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛsa mo yadeɛ. Onipa tenenee mpaeɛbɔ tumi yɛ nneɛma bebree.
Confess your sins to one another and pray for one another, that you may be healed. The insistent prayer of a righteous person is powerfully effective.
17 Yɛte sɛ Elia a ɔbɔɔ mpaeɛ nokorɛ mu sɛ osuo nntɔ, na ampa ara osuo antɔ asase no so mfeɛ mmiɛnsa ne fa.
Elijah was a man with a nature like ours, and he prayed earnestly that it might not rain, and it didn’t rain on the earth for three years and six months.
18 Ɔsane bɔɔ mpaeɛ bio maa osuo tɔeɛ maa asase nyaa nnɔbaeɛ.
He prayed again, and the sky gave rain, and the earth produced its fruit.
19 Me nuanom, sɛ mo mu bi dwane firi nokorɛ ho na ɔfoforɔ de no ba bio a,
Brothers, if any among you wanders from the truth and someone turns him back,
20 Monkae sɛ, deɛ ɔdane ɔdebɔneyɛfoɔ firi nʼakwammɔne ho no gye no nkwa firi owuo mu ma wɔde ne bɔne dodoɔ no nyinaa kyɛ no.
let him know that he who turns a sinner from the error of his way will save a soul from death and will cover a multitude of sins.

< Yakobo 5 >