< Yesaia 50 >

1 Sei na Awurade seɛ: “Wo maame awaregyaeɛ ho adansedie nwoma a megyinaa so gyaa no ɛkwan no wɔ he? Anaa sɛ mʼadefirifoɔ mu hwan na metɔn wo maa noɔ? Wo bɔne enti na wɔtɔn wo; Wʼamumuyɛ enti na wɔpamoo wo maame. 2 Mebaeɛ no, adɛn enti na na obiara nni hɔ? Mefrɛeɛ no, adɛn enti na obiara annye soɔ? Na me nsa yɛ tia dodo sɛ ɛbɛgye wo anaa? Menni ahoɔden a mede bɛgye wo anaa? Mede mʼanimka kakra bi ma ɛpo mu nsuo we, medane nsubɔntene anweatam emu mpataa porɔ ɛsiane nsuo a wɔnnya enti na osukɔm kumm wɔn. 3 Mede esum fira ɔsoro na mema ayitoma yɛ ne nkataho.” 4 Asafo Awurade ama me nkyerɛkyerɛ tɛkrɛma sɛ ɛnka asɛm a ɛhyɛ ɔbrɛfoɔ den. Ɔnyane me anɔpa biara, na ɔbue mʼaso ma metie sɛ obi a ɔregye nkyerɛkyerɛ. 5 Otumfoɔ Awurade abue mʼaso na menyɛɛ otuatefoɔ; na mensanee mʼakyi. 6 Mede mʼakyi maa wɔn a wɔboro me, na mede mʼafono maa wɔn a wɔtutu mʼabɔgyesɛ. Mamfa mʼanim ansie wɔn fɛdie ne ntasuteɛ ho. 7 Esiane sɛ, Asafo Awurade boa me enti, wɔrengu mʼanim ase. Enti na mayɛ mʼanim sɛ twerɛboɔ, na menim sɛ mʼanim rengu ase. 8 Deɛ ɔbu me bem no abɛn. Enti hwan na ɔbɛbɔ me kwaadu? Ɔmmra na yɛnhyia mu! Hwan na ɔbɔ me soboɔ? Ma ɔnka nsi mʼanim! 9 Asafo Awurade na ɔboa me. Hwan ne deɛ ɔbɛbu me fɔ? Wɔn nyinaa bɛtete sɛ atadeɛ; nnweweboaa bɛwe wɔn. 10 Mo mu hwan na ɔsuro Awurade, na ɔdi ne ɔsomfoɔ asɛm so? Ma deɛ ɔnam esum mu, deɛ ɔnni hann no, ɔnnye Awurade din nni na ɔmfa ne ho nto ne Onyankopɔn so. 11 Na afei, monhwɛ yie, mo a monante mo ankasa hann mu, mo a mode ogya a mo ankasa asɔ ka mo ho hye, Yei ne deɛ mobɛnya afiri me nsa mu; mobɛhwe ase adeda fam wɔ ɔyea mu.

< Yesaia 50 >