< Yesaia 2 >

1 Yei ne deɛ Amos babarima Yesaia hunuiɛ, a ɛfa Yuda ne Yerusalem ho. 2 Nna a ɛdi akyire no mu no, Awurade asɔredan bepɔ no bɛtim sɛ mmepɔ no nyinaa ti; ɛbɛgye edin aboro nkokoɔ nyinaa so na aman nyinaa bɛbɔ yuu akɔ hɔ. 3 Nnipa bebree bɛba abɛka sɛ, “Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔ no so, nkɔ Yakob Onyankopɔn efie. Ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nʼakwan sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛnante nʼakwantempɔn so.” Mmara no bɛfiri Sion aba na Awurade asɛm afiri Yerusalem. 4 Ɔbɛbu amanaman ntam atɛn na ɔbɛsiesie nnipa bebree ntam asɛm; wɔde wɔn akofena bɛbobɔ nsɔ na wɔde wɔn mpea ayɛ nsɔsɔ. Ɔman bi rentwe ɔman foforɔ so akofena, na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio. 5 Mommra, Ao Yakob fiefoɔ, momma yɛnnante Awurade hann mu. 6 Awurade, Woagya wo nkurɔfoɔ, Yakob fiefoɔ. Gyedihunu a ɛfiri apueeɛ fam ahyɛ wɔn ma; wɔhyɛ nkɔm sɛ Filistifoɔ na wɔ ne abosonsomfoɔ di hwebom. 7 Dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ wɔn asase no so ma; wɔn ademudeɛ dɔɔso bebree. Apɔnkɔ ayɛ wɔn asase no so ma; na wɔn nteaseɛnam dodoɔ nni ano. 8 Ahoni ahyɛ wɔn asase no so ma; wɔkoto sɔre wɔn ankasa nsa ano adwuma, deɛ wɔn nsateaa ayɛ. 9 Enti, Awurade bɛbrɛ onipa ase na wama adasamma aboto. Ɔmmfa wɔn ho nkyɛ wɔn. 10 Kɔhyɛne abotan no mu, fa wo ho kɔsie asase no mu ɛsiane Awurade ho hu ne nʼanimuonyam kɛseyɛ nti! 11 Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase, na wɔde nnipa ahomasoɔ ahwe fam; Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no. 12 Asafo Awurade ahyɛ da bi ama ahomasofoɔ nyinaa ne deɛ ɛma ne ho so nyinaa (wɔbɛbrɛ wɔn ase), 13 Lebanon ntweneduro nyinaa, atentene ne deɛ ɛkrɔn, ne Basan odum nnua no, 14 mmepɔ atentene nyinaa ne nkokoɔ a ɛwowareɛ nyinaa, 15 ne abantenten a ɛkorɔn ne ɔfasuo biara a ɛyɛ den, 16 adwadie hyɛn biara ne ɛhyɛn kɛseɛ fɛfɛ biara. 17 Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase, na wɔde nnipa ahomasoɔ ahwe fam; Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no, 18 na ahoni no bɛyera korakora. 19 Nnipa bɛdwane akɔhyɛ abodan a ɛwɔ abotan mu ne ntokuro a ɛdeda asase mu ɛsiane Awurade ho hu ne nʼanimuonyam kɛseyɛ enti, ɛberɛ a ɔbɛsɔre awoso asase. 20 Saa ɛda no, nnipa bɛto wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahoni a wɔyɛɛ sɛ wɔbɛsom no agu ama akusie ne mpan. 21 Wɔbɛdwane akɔhyɛne abotan mu ntokuro mu ne abotan mpaapaeɛ mu ɛsiane Awurade ho hu ne nʼanimuonyam kɛseyɛ enti, ɛberɛ a ɔbɛsɔre awoso asase. 22 Monnyae sɛ mode mo ho to nnipa, a wɔwɔ ahome kɛkɛ so. Wɔyɛ ɛdeɛn koraa?

< Yesaia 2 >