< Yesaia 17 >

1 Adehunu a ɛfa Damasko ho: “Hwɛ, Damasko renyɛ kuropɔn bio ɛbɛdane ayɛ mmubuiɛ sie. 2 Aroer nkuropɔn bɛdane nkurofon na wɔagya ama nnwankuo ama wɔadeda hɔ, a obiara renyi wɔn hu. 3 Kuropɔn a wɔabɔ ho ban bɛyera wɔ Efraim, adehyetumi nso bɛfiri Damasko; Aram nkaeɛfoɔ bɛyɛ Israelfoɔ animuonyam,” Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. 4 “Ɛda no, Yakob animuonyam bɛpa; na ne mu sradeɛ bɛsa. 5 Ɛbɛyɛ sɛdeɛ otwafoɔ twa aburoo a ɛgyina afuo so na ɔde ne nsa pempan sɛ ɛberɛ a obi redi mpɛpɛwa wɔ Refaim Bɔnhwa mu. 6 Nanso mpɛpɛwa no mu bi bɛka, sɛdeɛ wɔwoso ngo dua a ɛyɛ no; ɛka aba no mmienu anaa mmiɛnsa wɔ atifi mman no so, ne ɛnan anaa enum wɔ mman a ɛsoɔ no so,” sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ nie. 7 Saa ɛda no, nnipa de wɔn ani bɛto wɔn Yɛfoɔ so na wɔadane wɔn ani ahwɛ Israel Ɔkronkronni no. 8 Wɔremfa wɔn ho nto afɔrebukyia a ɛyɛ wɔn nsa ano adwuma no so, na wɔbɛbu Asera afɔrebukyia ne nnuhwan afɔrebukyia a wɔde wɔn nsateaa ayɛ no animtia. 9 Ɛda no, wɔn nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ denden a Israelfoɔ enti wɔgyaa hɔ no bɛyɛ sɛ mmeammea a wɔagya ama nnɔtɔ ne wira. Ne nyinaa bɛda mpan. 10 Mo werɛ afiri Onyankopɔn, mo Agyenkwa, na monkaee Ɔbotan no, mo aban no. Enti ɛwom sɛ mopɛ nnua papa na modua bobe a moatɔ afiri amanɔne. 11 Ɛwom sɛ ɛda a moduaeɛ no, momaa ɛnyiniiɛ anɔpa a moduaeɛ no, na moma ɛguu nhwiren. Nanso otwa no renyɛ hwee sɛ yadeɛ ne ɔyea a wɔntumi nsa. 12 Ao aman dodoɔ no nhurusoɔ, wɔhuruso te sɛ ɛpo a ɛrebɔ asorɔkye! Ao nnipa dodoɔ nworosoɔ, wɔworoso sɛ nsuo akɛseɛ! 13 Ɛwom sɛ nnipa dodoɔ no woro so te sɛ nsuo a ɛresene mmirika so, nanso, Onyankopɔn bɛka wɔn anim ama wɔadwane akɔ akyirikyiri, te sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu wɔ bepɔ so te sɛ anweatam so wira a mframa den rebɔ no. 14 Anwummerɛ, wɔbɔ yɛn hu awerɛfirie mu. Nanso ansa na adeɛ bɛkye no, na wɔkɔ dada! Wɔn a wɔfo yɛn nneɛma, ne wɔn a wɔbɔ yɛn korɔno kyɛfa nie.

< Yesaia 17 >