< Yesaia 1 >

1 Saa anisoadehunu a ɛfa Yuda ne Yerusalem ho no baa Amos babarima Yesaia so wɔ Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia berɛ so.
Widzenie Izajasza, syna Amosa, dotyczące Judy i Jerozolimy, które miał za dni Uzjasza, Jotama, Achaza i Ezechiasza – królów Judy.
2 Ao, ɔsoro, montie! Ao, asase yɛ aso! Na Awurade akasa: “Matete mma ama wɔanyini, nanso wɔate me so atua.
Słuchajcie, niebiosa, a ty, ziemio, nakłoń ucha. PAN bowiem przemówił: Wychowałem i wywyższyłem synów, ale oni zbuntowali się przeciw mnie.
3 Nantwie nim ne wura, afunumu nso nim ne wura mmoa adididaka, nanso Israel nnim, me nkurɔfoɔ nte aseɛ.”
Wół zna swojego gospodarza i osioł żłób swego pana, [lecz] Izrael [mnie] nie zna, mój lud się nie zastanawia.
4 Aa, amumuyɛ ɔman, ɔman a afɔdie adesoa ahyɛ wɔn ma, nnebɔneyɛfoɔ kuo, mma a porɔeɛ ahyɛ wɔn ma! Wɔatwe wɔn ho afiri Awurade ho; Wɔapo Israel Kronkronni no, wɔadane wɔn akyi akyerɛ no.
Biada narodowi grzesznemu, ludowi obciążonemu nieprawością, potomstwu złoczyńców, synom powodującym zepsucie! Opuścili PANA, pobudzili do gniewu Świętego Izraela, odwrócili się od niego.
5 Adɛn enti na mopɛ sɛ wɔkɔ so boro mo? Adɛn enti na moda so te atua? Wɔapira mo tiri, na mo akoma nso di yea.
Po co was jeszcze bić, skoro mnożycie przestępstwa? Cała głowa chora, całe serce omdlałe.
6 Ɛfiri mo nan ase kɔsi mo tiri so ahomeka biara nni mu, apirakuro ne nsoasoaeɛ nko ara akuro a anim deda hɔ na wɔnhohoro so anaa Wɔnkyekyereeɛ anaa wɔmfaa ngo nsrasraa so.
Od stopy aż do głowy nie ma w nim nic zdrowego; same rany i sińce, i gnijące rany; nieopatrzone ani nieprzewiązane, ani niezmiękczone olejkiem.
7 Mo ɔman ada mpan, wɔde ogya ahyehye mo nkuropɔn; ananafoɔ regye mo mfuo a mo ani tua, na asɛe sɛdeɛ ɛyɛɛ ɛberɛ a ahɔhoɔ tuu mo guiɛ no.
Wasza ziemia [jest] spustoszona, wasze miasta – spalone ogniem. Waszą ziemię pożerają na waszych oczach cudzoziemcy i pustoszą, jak [to] zwykli [czynić] obcy.
8 Wɔagya Ɔbabaa Sion te sɛ bobe turo mu sese te sɛ akuraa a ɛsi ɛferɛ afuo mu, te sɛ kuropɔn a atamfoɔ atwa ho ahyia.
I córka Syjonu została jak szałas w winnicy, jak budka w ogrodzie ogórkowym, jak miasto oblężone.
9 Sɛ Awurade tumfoɔ no annya yɛn asefoɔ a, anka yɛayɛ sɛ Sodom, na yɛadane ayɛ sɛ Gomora.
Gdyby PAN zastępów nie zostawił nam malutkiej resztki, bylibyśmy jak Sodoma, stalibyśmy się podobni do Gomory.
10 Montie Awurade asɛm, mo Sodom sodifoɔ; montie yɛn Onyankopɔn mmara, mo Gomorafoɔ!
Słuchajcie słowa PANA, przywódcy Sodomy! Nakłońcie ucha ku prawu naszego Boga, ludzie Gomory!
11 “Mo afɔrebɔ ahodoɔ bebree no, ɛdeɛn na ɛyɛ ma me?” Sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Mewɔ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ma ɛboro so, deɛ ɛyɛ nnwennini ne mmoa a wɔadɔre sradeɛ; mʼani nnye anantwinini, nnwammaa ne mpapo mogya ho.
Co mi po mnóstwie waszych ofiar? – mówi PAN. Jestem syty całopaleń baranów i tłuszczu tuczonych zwierząt; nie pragnę krwi cielców, jagniąt i kozłów.
12 Sɛ moba mʼanim a hwan na ɔbisa yei firi mo hɔ? Hwan na ɔsomaa mo sɛ monnantenante me efie yi?
Gdy przychodzicie, by stanąć przede mną, kto od waszych rąk żądał tego, abyście deptali po moich dziedzińcach?
13 Monnyae afɔrebɔdeɛ a mode ba a ɛmfra no! Mo aduhwam yɛ me tan. Ɔbosome foforɔ, home nna ne nhyiamu ahodoɔ ne mo nhyiamu fi no afono me.
Nie składajcie już więcej daremnych ofiar. Kadzidło wzbudza we mnie odrazę; nowiów i szabatów, zgromadzeń nie mogę [znieść] – bo to nieprawość, ani uroczystości.
14 Mo bosome foforɔ afahyɛ ne mo apontoɔ a moahyehyɛ no, me kra kyiri. Ayɛ adesoa ama me; masoa mabrɛ.
Waszych nowiów i świąt nienawidzi moja dusza. Stały się dla mnie ciężarem; znużyło mnie ich znoszenie.
15 Sɛ mopagya mo nsa bɔ mpaeɛ a, mɛyi mʼani ato nkyɛn. Sɛ mobɔ mpaeɛ bebree mpo a merentie. “Mogya bebree agu mo nsa ho fi.
Gdy wyciągniecie swoje ręce, skryję swoje oczy przed wami. A gdy będziecie mnożyć modlitwy, nie wysłucham, [gdyż] wasze ręce są pełne krwi.
16 “Monnwira mo ho na mo ho nte. Monnyi mo nnebɔne mfiri mʼani so! Monnyae bɔne yɛ.
Obmyjcie się i oczyśćcie; usuńcie sprzed moich oczu zło waszych uczynków; przestańcie źle czynić.
17 Monyɛ papa; monhwehwɛ atɛntenenee Monhyɛ wɔn a wɔhyɛ wɔn so nkuran. Monni mma nwisiaa, monka akunafoɔ nsɛm mma wɔn.
Uczcie się czynić dobrze; szukajcie tego, co sprawiedliwe, wspomagajcie uciśnionego, brońcie sieroty, wstawiajcie się za wdową.
18 “Afei mommra na yɛnnwene mmɔ mu,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Sɛ mo bɔne te sɛ kɔben a, ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma; mpo sɛ ɛyɛ kɔkɔɔ te sɛ mogya a ɛbɛyɛ fitaa sɛ asaawa foturo.
Chodźcie teraz, a rozsądźmy, mówi PAN: Choćby wasze grzechy były jak szkarłat, jak śnieg wybieleją; choćby były czerwone jak karmazyn, staną się [białe] jak wełna.
19 Sɛ mopene so na moyɛ ɔsetie a, mobɛdi asase no so nnepa.
Jeśli będziecie ulegli i posłuszni, będziecie zażywali dóbr ziemi.
20 Na sɛ moampene na mote atua a, akofena bɛdi mo nam.” Awurade na wakasa.
Lecz jeśli będziecie nieposłuszni i uparci, miecz was pożre. Tak bowiem wyrzekły usta PANA.
21 Hwɛ sɛdeɛ kuropɔn nokwafoɔ no adane odwamanfoɔ. Ɛberɛ bi na atɛntenenee ahyɛ no ma na anka tenenee te ne mu, nanso seesei awudifoɔ ahyɛ mu ma!
Jakże to wierne miasto stało się nierządnicą! Niegdyś pełne sądu; mieszkała w nim sprawiedliwość, lecz teraz – mordercy.
22 Wo dwetɛ adane adeɛ a ɛho nni mfasoɔ, wɔde nsuo afra wo nsã papa mu.
Twoje srebro zamieniło się w żużel, twoje wino zmieszane z wodą.
23 Wo sodifoɔ yɛ atuatefoɔ, akorɔmfoɔ yɔnkonom; wɔn nyinaa pɛ adanmudeɛ, na wɔpere akyɛdeɛ ho. Wɔnni mma nwisiaa; na akunafoɔ nsɛm nkɔ wɔn anim.
Twoi książęta są buntownikami i wspólnikami złodziei. Każdy z nich kocha dary, goni za nagrodą; sierocie nie wymierzają sprawiedliwości, a sprawa wdowy do nich nie dociera.
24 Enti, Awurade, Otumfoɔ Awurade, deɛ ɔyɛ Kɛseɛ ma Israel no ka sɛ, “Aa, mɛnya ahomegyeɛ afiri mʼatamfoɔ hɔ na matɔ wɔn so were.
Dlatego mówi Pan, PAN zastępów, Mocarz Izraela: Biada! Ulżę sobie od swoich przeciwników i zemszczę się na moich wrogach.
25 Mɛma me nsa so, atia mo; mɛhohoro wo ho fi korakora na mayi mo ho nkekaawa nyinaa.
I zwrócę moją rękę przeciwko tobie, wypalę twój żużel i usunę całą twoją cynę.
26 Mɛma mo atemmufoɔ bio sɛ kane no, ne mo afutufoɔ sɛdeɛ na ɛteɛ, ahyɛaseɛ no. Yei akyi no, wɔbɛfrɛ wo Kuropɔn Tenenee Kuropɔn Nokwafoɔ.”
I przywrócę twoich sędziów, tak jak dawniej, i twoich doradców, jak na początku. Potem nazwą cię Miastem Sprawiedliwości, Miastem Wiernym.
27 Wɔde atɛntenenee bɛgye Sion bio, na wɔn a wɔnu wɔn ho no, wɔde tenenee bɛgye wɔn.
Syjon zostanie odkupiony przez sąd, a jego nawróceni – przez sprawiedliwość.
28 Nanso atuatefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ deɛ, wɔbɛdwɛre wɔn abɔ mu, na wɔn a wɔpa Awurade akyi bɛyera.
Ale przestępcy i grzesznicy będą razem starci, a ci, którzy opuścili PANA, zginą.
29 “Mo ani bɛwu ɛsiane odum anyame a monyaa wɔn mu anigyeɛ no; wɔbɛgu mo anim ase ɛsiane nturo a mosom abosom wɔ mu no enti.
Będziecie bowiem zawstydzeni z powodu dębów, których pożądaliście, i zarumienicie się z powodu ogrodów, które [sobie] wybraliście.
30 Mobɛyɛ sɛ odum a ne nhahan apo, ne turo a ɛnnya nsuo.
Staniecie się bowiem jak dąb, którego liście zwiędły, i jak ogród, w którym nie ma wody.
31 Ɔhoɔdenfoɔ bɛyɛ sɛ adeɛ a ɛhye ntɛm; nʼadwuma bɛyɛ sɛ ogya nturueɛ; ne mmienu no bɛhye abɔ mu, a obiara rentumi nnum.”
I mocarz będzie jak paździerz, a ten, który go uczynił – jak iskra; i zapłoną obaj razem, a nie będzie nikogo, kto by [ich] ugasił.

< Yesaia 1 >