< Hosea 6 >

1 “Mommra, momma yɛnsane nkɔ Awurade nkyɛn. Wɔatete yɛn mu asinasini nanso ɔbɛsa yɛn yadeɛ. Wapirapira yɛn nanso ɔbɛkyekyere yɛn apirakuro. 2 Nnanu akyiri, ɔbɛma yɛanya ahoɔden; nansa so, ɔde yɛn bɛsi yɛn siberɛ na yɛanya nkwa wɔ nʼanim. 3 Momma yɛnnye Awurade nto mu; momma yɛn nkɔ so nnye no nto mu. Sɛdeɛ awia pue da biara no, ɔbɛpue; ɔbɛba yɛn nkyɛn te sɛ osuo a ɛtɔ awɔberɛ mu anaa osutɔberɛ mu nsuo a ɛfɔ asase.” 4 “Ɛdeɛn na mɛtumi de wo ayɛ, Efraim? Ɛdeɛn na mɛtumi de wo ayɛ, Yuda? Mo dɔ te sɛ anɔpa bɔ, ɛte sɛ anɔpa bosuo a ɛtu yera. 5 Mede mʼadiyifoɔ twitwaa mo mu asinasini, mede mʼanum nsɛm kunkumm mo; mʼatemmuo baa mo so sɛ anyinam. 6 Mepɛ ahummɔborɔ na ɛnyɛ afɔrebɔ, mepɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ sene ɔhyeɛ afɔdeɛ. 7 Wɔabu apam no so sɛdeɛ Adam yɛeɛ. Wɔanni me nokorɛ wɔ hɔ. 8 Gilead yɛ atirimuɔdenfoɔ kuropɔn a mogya anammɔn akeka hɔ. 9 Sɛdeɛ akwanmukafoɔ ka ɛkwan mu no saa ara na asɔfo kuo no nso yɛ; wɔdi awu wɔ Sekem kwantempɔn so yɛ nnebɔne a ɛyɛ animguaseɛ. 10 Mahunu ahodwiredeɛ wɔ Israel fie. Ɛhɔ, Efraim kɔ adwamammɔ mu Israel gu ne ho fi. 11 “Na wo Yuda nso, wɔahyɛ otwa berɛ ama wo. “Ɛberɛ biara a mede me nkurɔfoɔ ahonya asane ama wɔn,

< Hosea 6 >