< Habakuk 3 >

1 Saa mpaeɛbɔ yi, Habakuk too no sɛ dwom:
Una oración del profeta Habacuc, puesta a Siganion.
2 Awurade, mate wo ho nsɛm nyinaa, na me ho adwiri me wɔ wʼanwanwannwuma a woayɛ ho, Yɛ no foforɔ wɔ yɛn mmerɛ so. Yɛn mmerɛ yi mu, ma wɔnhunu. Wʼabofuhyeɛ mu no, kae wo mmɔborɔhunu.
Señor, palabra de ti ha llegado a mis oídos y temí; aviva tu obra, oh Señor; en medio de los tiempos, hazla saber en medio de los tiempos, en la ira acuérdate de tener compasión.
3 Onyankopɔn firi Teman baeɛ, Ɔkronkronni a ɔfiri Bepɔ Paran so, Nʼanimuonyam kata ɔsoro, na nʼayɛyie hyɛ asase so ma.
Dios vino de Temán, y el Santo del Monte Parán. (Selah) Los cielos estaban cubiertos de su gloria, y la tierra estaba llena de su alabanza.
4 Ɔhyerɛn sɛ anɔpawia. Ɛhan no twa ogya firi ne nsam, Ɛhɔ na ne tumi ahinta.
Él brillaba como la luz; tenía rayos saliendo de su mano; allí se escondía su poder.
5 Ɔyaredɔm di nʼanim kɔ; Na nsaneyadeɛ di nʼakyi pɛɛ.
Delante de él va la pestilencia, y de sus pies salían carbones encendidos.
6 Sɛ ɔgyina a, asase woso. Sɛ ɔhwɛ a, ɔma aman woso. Tete mmepɔ dwiri, na nkokoɔ a ɛfiri tete no ka sram so. Nʼakwan nntwa mu da.
Se detuvo, midió la tierra; las vio y las naciones se movieron repentinamente: si, las montañas eternas se desmoronaron, las colinas antiguas se hundieron; Sus caminos son eternos.
7 Mehunuu Kusanfoɔ ntomadan a ateteɛ ne Midianfoɔ atenaeɛ a agyigya.
Las cortinas de Cusan estaban perturbadas, y las tiendas de Madián temblaron.
8 Awurade, wo bo fuu nsubɔntene no? Wʼabofuo no tiaa nsuwansuwa no? Wosɔre tiaa ɛpo, ɛberɛ a wo ne wʼapɔnkɔ ne nkonimdie nteaseɛnam nam.
¿Tu ira ardía contra los ríos? ¿estabas enojado con el mar, que montaste en tus caballos, en tus carruajes de salvación?
9 Woyii wo tadua, Wobisaa sɛ wɔmmrɛ wo agyan bebree. Wode nsubɔntene paapae asase mu.
Tu arco estaba completamente descubierto, tus juramentos a la tribus, palabra segura. (Selah) Por ti la tierra fue desgarrada por ríos.
10 Mmepɔ hunuu wo, na wɔwosoeɛ Nsuohwiam bɛsene kɔeɛ. Ebunu no woro so, na ɛhuru baa soro.
Las montañas te vieron y temblaron; pasó la inundación de las aguas; dio el abismo su voz; en lo alto levantó sus manos.
11 Owia ne ɔsrane gyinagyinaa sorosoro hɔ, ɛberɛ a wohunuu wʼagyan a ɛnenam ewiem no hann no ne wo pea a ɛpa nyinam nyinam no.
Él sol y la luna se detuvieron en su sitio, a la luz de tus saetas se fueron. Al resplandor de tu espada relampagueante.
12 Wʼabufuhyeɛ mu no, wonante twaa asase so na wode abufuo tiatiaa aman no so.
Atravesaste la tierra con ira, aplastando a las naciones con tu furor.
13 Wobaeɛ sɛ worebɛgye wo nkurɔfoɔ, na woagye deɛ wɔasra no no nkwa. Wopɛkyɛɛ atirimuɔdenfoɔ ɔman no kandifoɔ, wopaa ne ho ntoma firi ne tiri so kɔsii ne nan ase.
Saliste por la salvación de tu pueblo, por la salvación de aquel sobre quien fue puesto tu santa unción; hiriendo la cabeza de la familia del malhechor, descubriendo la base hasta el cuello. (Selah)
14 Wode ɔno ankasa pea hweree ne tiri mu, ɛberɛ a nʼakofoɔ bɔɔ yerɛdɛ sɛ wɔrebɛhwete yɛn mu. Wɔpɛɛ sɛ wɔbɛtɔre mmɔborɔfoɔ a wɔakɔ atɛ no ase koraa.
Le pasaste las lanzas por la cabeza con sus propias lanzas, enviaron a sus jinetes en vuelo como tempestad para dispersar; tenían alegría como cuando se devora al pobre en secreto.
15 Wode wʼapɔnkɔ tiatiaa ɛpo no mu, ma nsuo kɛseɛ no huruiɛ.
Marchaste con tus caballos sobre el mar, sobre él oleaje de grandes aguas.
16 Meteeɛ no, mʼakoma tuuɛ, nnyegyeeɛ no maa mʼano poo biribiri; aporɔ hyɛnee me nnompe mu, na me nan wosoeɛ. Nanso mɛto me bo ase atwɛn akɔsi sɛ amanehunu da bɛduru ɔman a wɔto hyɛɛ yɛn so no.
Al escucharlo, mis entrañas temblaron, y mis labios temblaron ante el sonido; entró pudrición a mis huesos, estaba temblando; para reposar en él día de mi angustia, al pueblo que se levantará para invadir.
17 Ɛwom, borɔdɔma nnua no nguu nhwiren, na aba nso nni bobe no so; ɛwom, ngo dua no adi hwammɔ na mfuo no mmɔ aduane. Ɛwom, nnwan biara nni buo no mu, na anantwie nso nni ban no mu.
Porque aunque la higuera no tiene flores, y no hay fruto en la vid, y el producto del olivo falte, y los campos no dan alimento; aunque se acabe el rebaño del aprisco, y no hay ganado en los corrales.
18 Nanso, mʼani bɛgye Awurade mu; me ho bɛsɛpɛ me wɔ Onyankopɔn a ɔyɛ mʼagyenkwa no mu.
Aun así, me alegraré en el Señor, mi gozo estará en el Dios de mi salvación.
19 Otumfoɔ Awurade yɛ mʼahoɔden. Ɔma me nan yɛ sɛ ɔforoteɛ deɛ, ɔma me nante sorɔnsorɔmmea. Wɔmfa mpaeɛ yi mma nnwomtofoɔ ntuanoni no. Na wɔnto no wɔ me nhoma nnwontodeɛ no so.
El Señor Dios es mi fortaleza, y hace mis pies como pies de gacela, guiándome en mis lugares altos. Para el director de música en instrumentos con cuerda.

< Habakuk 3 >