< 1 Mose 40 >

1 Mmerɛ tiawa bi akyiri no, ɛbaa sɛ Misraimhene Farao nsãhyɛfoɔ panin ne ne burodotofoɔ panin fom no. 2 Farao bo fuu ne nsãhyɛfoɔ panin no ne ne burodotofoɔ panin no yie. 3 Enti, ɔde wɔn too afiase wɔ ɔwɛmfoɔ panin Potifar no fie, baabi korɔ no ara a wɔde Yosef kɔtoeɛ hɔ. 4 Ɔwɛmfoɔ panin Potifar de wɔn hyɛɛ Yosef nsa sɛ, ɔnhwɛ na ɔnyɛ deɛ ɛhia wɔn nyinaa mma wɔn. Wɔdaa afiase hɔ kyɛɛ kakraa no, 5 nnipa baanu no nyinaa a na wɔyɛ ɔhene Farao burodotofoɔ panin ne nsãhyɛfoɔ panin a na wɔgu afiase hɔ no sosoo daeɛ anadwo korɔ no ara. Na saa daeɛ mmienu no mu biara wɔ ne nkyerɛaseɛ. 6 Adeɛ kyeeɛ a Yosef baa nneduafoɔ baanu no nkyɛn no, ɔhunuu sɛ wɔn nyinaa ayeyɛ mosomosoo. 7 Enti, ɔbisaa Farao fie mpanimfoɔ nneduafoɔ a na wɔne no gu afiase hɔ no sɛ, “Adɛn enti na ɛnnɛ deɛ, mo werɛ aho mo ho sɛɛ?” 8 Nneduafoɔ no buaa Yosef sɛ, “Anadwo yi, yɛn baanu nyinaa sosoo daeɛ, nanso yɛnnya obiara wɔ ha nkyerɛ yɛn aseɛ.” Yosef nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛwom sɛ Onyankopɔn na ɔkyerɛ daeɛ ase deɛ, nanso monka mo daeɛ a mososoeɛ no nkyerɛ me.” 9 Enti, Farao nsãhyɛfoɔ panin no dii ɛkan kaa ne daeɛ a ɔsoeɛ no kyerɛɛ Yosef sɛ, “Me daeɛ mu no, mehunuu bobe dua. 10 Na saa bobe dua no apan mman mmiɛnsa. Ɛguu nhyerɛnne, hyehyɛeɛ, nyiniiɛ, yɛɛ siaka bereeɛ. 11 Na mekura ɔhene Farao nsã kuruwa. Metetee bobe aba no, kyikyi guu ɔhene Farao nsã kuruwa no mu, de maa no sɛ ɔnnom.” 12 Yosef ka kyerɛɛ nsãhyɛfoɔ panin deduani no sɛ, “Wo daeɛ no ase nie: mman mmiɛnsa a wohunuiɛ no kyerɛ nnansa. 13 Nnansa ntam no, Farao bɛyi wo, ama woakɔdi wo dibea sɛ ɔhene nsãhyɛfoɔ panin. Na wode Farao kuruwa bɛhyɛ ne nsa sɛdeɛ na woyɛ no kane no. 14 Na sɛ ɛsi wo yie a, kae me. Mesrɛ wo, ɛyɛ a, ka me ho asɛm kyerɛ ɔhene Farao, na ɔmma wɔmmɛyi me mfiri afiase ha. 15 Ɛfiri sɛ, nokorɛ ni, manyɛ bɔne biara na wɔkyeree me firii me manfoɔ Hebrifoɔ asase so de mebaa ha. Na ɛha nso mpo a meda yi, manyɛ afɔdisɛm biara a ɛsɛ sɛ wɔgyina so de me to afiase.” 16 Ɛberɛ a burodotofoɔ panin deduani no hunuu sɛ Yosef akyerɛ nsãhyɛfoɔ panin no daeɛ no ase, ama atɔ asom no, ɔka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Me nso, mesoo daeɛ bi. Me daeɛ no mu, na mesoso nkɛntɛn mmiɛnsa a burodo gugu mu. 17 Kɛntɛn a ɛsi ɛsoro pɛɛ no, na nnuane ahodoɔ a wɔato a mede rekɔma Farao gu mu a na nnomaa sisi aduane no so wɔ mʼatifi, redi.” 18 Yosef ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo daeɛ a wosoeɛ no asekyerɛ ni. Nkɛntɛn mmiɛnsa no gyina hɔ ma nnansa. 19 Nnansa ntam no, Farao bɛma wɔabɛyi wo afiri afiase ha, atwa wo ti, de wo kuntunsini no akɔsɛn dua so, ama nnomaa asosɔ wo ɛnam.” 20 Ne nnansa so no, na Farao redi nʼawoda. Enti, ɔtoo ɛpono kɛseɛ bi maa ne mpanimfoɔ ne ne fiefoɔ nyinaa. Ɔsoma ma wɔkɔyii ne burodotofoɔ panin ne ne nsãhyɛfoɔ panin nneduafoɔ no firii afiase hɔ baa nʼanim. 21 Ɔhene Farao sane de ne nsãhyɛfoɔ panin no sii ne siberɛ, ma ɔhyɛɛ ɔhene Farao nsã. 22 Nanso, ne burodotofoɔ panin no deɛ, Farao ma wɔkɔsɛn no sɛdeɛ Yosef kyerɛɛ ne daeɛ no ase kyerɛɛ no no pɛpɛɛpɛ. 23 Nsãhyɛfoɔ panin no nso werɛ firii Yosef a wankae no koraa.

< 1 Mose 40 >