< 1 Mose 38 >

1 Ɛbaa sɛ saa ɛberɛ no ara mu, Yuda tu firii ne nuammarimanom no nkyɛn ne Adulamni ɔbarima bi a wɔfrɛ no Hira kɔtenaeɛ.
Eodem tempore descendens Iudas a fratribus suis, divertit ad Virum Odollamitem, nomine Hiram.
2 Ɛhɔ na Yuda kɔhyiaa Kanaanni ɔbaa bi a ɔyɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Sua no babaa. Yuda waree Sua babaa no.
Viditque ibi filiam hominis Chananæi, vocabulo Sue: et accepta uxore, ingressus est ad eam.
3 Sua babaa no nyinsɛneeɛ, woo ɔbabarima, na wɔtoo no edin Er.
Quæ concepit, et peperit filium, et vocavit nomen eius Her.
4 Sua babaa no sane nyinsɛneeɛ woo ɔbabarima bio. Wɔtoo abɔfra no edin Onan.
Rursumque concepto fœtu, natum filium vocavit Onan.
5 Sua babaa no nyinsɛneeɛ ne mprɛnsa so wɔ Kesib, woo ɔbabarima bio. Saa abarimaa no nso, wɔtoo no edin Sela.
Tertium quoque peperit: quem appellavit Sela. quo nato, parere ultra cessavit.
6 Ɛberɛ a Yuda abakan Er nyiniiɛ no, wɔwaree ababaawa bi a wɔfrɛ no Tamar maa no.
Dedit autem Iudas uxorem primogenito suo Her, nomine Thamar.
7 Esiane sɛ na Yuda abakan Er yɛ omumuyɛfoɔ wɔ Awurade anim no enti, Awurade kumm no.
Fuit quoque Her primogenitus Iudæ, nequam in conspectu Domini: et ab eo occisus est.
8 Er wuo akyiri no, Yuda ka kyerɛɛ Er akyiri ba Onan sɛ, “Ɛsɛ sɛ woware okunafoɔ Tamar, sɛdeɛ yɛn amanneɛ te no, na sɛ wo ne no wo a, mma no ayɛ wo nua no adedifoɔ.”
Dixit ergo Iudas ad Onan filium suum: Ingredere uxorem fratris tui, et sociare illi, ut suscites semen fratri tuo.
9 Esiane sɛ na Onan mpɛ sɛ ɔbɛwo akyɛ a mmɔfra no renyɛ nʼankasa mma enti, sɛ ɔne okunafoɔ Tamar kɔda a, ɔmma nʼahobaa no ngu ɔbaa no mu. Mmom, ɔma no gu fam sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔrenwo ɔba a ɛbɛyɛ ne nua owufoɔ no deɛ.
Ille sciens non sibi nasci filios, introiens ad uxorem fratris sui, semen fundebat in terram, ne liberi fratris nomine nascerentur.
10 Esiane sɛ deɛ ɔyɛeɛ no nsɔ Awurade ani, sɛ ɔmpɛ sɛ ɔwo ba ma ne nua owufoɔ no enti, ɔno nso, ɔkumm no.
Et idcirco percussit eum Dominus, quod rem detestabilem faceret.
11 Afei, Yuda ka kyerɛɛ nʼase okunafoɔ Tamar sɛ, “Tu na kɔtena wʼagya fie sɛ okunafoɔ kɔsi sɛ me babarima Sala bɛnyini.” Na ɔsuro sɛ, Sela nso bɛwu, sɛdeɛ ne nuanom mpanimfoɔ Er ne Onan wuwuiɛ no. Enti, Tamar tu kɔtenaa nʼagya fie hɔ.
Quam ob rem dixit Iudas Thamar nurui suæ: Esto vidua in domo patris tui, donec crescat Sela filius meus: timebat enim ne et ipse moreretur, sicut fratres eius. Quæ abiit, et habitavit in domo patris sui.
12 Ɛwɔ hɔ ara na Yuda yere a ɔyɛ Sua babaa no nso wuiɛ. Ɛberɛ a wɔyii Yuda firii kuna mu no, ɔkɔɔ ne nnwanhotwitwafoɔ nkyɛn wɔ Timna. Ɔrekɔ no, ɔne nʼadamfo Adulamni Hira na ɛkɔeɛ.
Evolutis autem multis diebus, mortua est filia Sue uxor Iudæ: qui post luctum consolatione suscepta, ascendebat ad tonsores ovium suarum, ipse et Hiras opilio gregis Odollamites, in Thamnas.
13 Obi bɛbɔɔ Tamar amaneɛ sɛ, “Wʼase Yuda rebɛtwam akɔ Timna akɔtwitwa ne nnwan ho nwi.”
Nunciatumque est Thamar quod socer illius ascenderet in Thamnas ad tondendas oves.
14 Enti, Tamar yii ne kuna ntadeɛ no guu hɔ. Ɔfaa nkatanimu kataa nʼanim, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara nhunu sɛ ɛyɛ ɔno Tamar. Afei, ɔkɔtenaa Enaim kurotia wɔ Timna ɛkwan so. Ɛfiri sɛ, ɔhunuu sɛ Sela anyini deɛ, nanso na Yuda mmaa ne babarima no kwan mmaa ɔmmɛwaree no.
Quæ, depositis viduitatis vestibus, assumpsit theristrum: et mutato habitu, sedit in bivio itineris, quod ducit Thamnam: eo quod crevisset Sela, et non eum accepisset maritum.
15 Ɛberɛ a Yuda hunuu Tamar no, na ɔdwene sɛ ɔyɛ ɔbaa dwamanfoɔ bi, ɛfiri sɛ, na wakata nʼanim.
Quam cum vidisset Iudas, suspicatus est esse meretricem: operuerat enim vultum suum, ne agnosceretur.
16 Yuda kɔɔ Tamar nkyɛn wɔ ɛkwankyɛn hɔ a, na ɔnnim sɛ ɔyɛ nʼase. Yuda ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma yɛnkɔ seesei ara na me ne wo nkɔda.” Tamar bisaa no sɛ, “Sɛ me ne wo kɔda a, wobɛma me ɛdeɛn?”
Ingrediensque ad eam, ait: Dimitte me ut coeam tecum: nesciebat enim quod nurus sua esset. Qua respondente: Quid dabis mihi ut fruaris concubitu meo?
17 Yuda buaa sɛ, “Mɛma wɔde ɔpapo afiri me nnwankuo no mu abrɛ wo.” Tamar bisaa no bio sɛ, “Ansa na wode ɔpapo no bɛba no, ɛdeɛn na wode bɛdi wo ho agyinamu?”
dixit: Mittam tibi hœdam de gregibus. Rursumque illa dicente: Patiar quod vis, si dederis mihi arrhabonem, donec mittas quod polliceris.
18 Yuda nso bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn adeɛ na wopɛ sɛ mede di me ho agyinamu?” Tamar buaa sɛ, “Deɛ fa di wo ho agyinamu ne wo nsa so kawa ne nʼahoma ne saa poma a ɛkura wo yi.” Enti, Yuda de saa nneɛma yi nyinaa maa Tamar ne no kɔdaeɛ, ma ɔnyinsɛneeɛ.
Ait Iudas: Quid tibi vis pro arrhabone dari? Respondit: Annulum tuum, et armillam, et baculum quem manu tenes. Ad unum igitur coitum mulier concepit,
19 Tamar firii hɔ akyiri no, ɔkɔyii ne nkatanimu no guu hɔ, sane faa ne kunatam firaeɛ.
et surgens abiit: depositoque habitu, quem sumpserat, induta est viduitatis vestibus.
20 Yuda de ɔpapo no maa nʼadamfo Adulamni no sɛ, ɔmfa nkɔma ɔbaa no, na ɔnnye nneɛma a ɔde dii ne ho agyinamu no mmrɛ no no, wanhu no. Enti, Adulamni no
Misit autem Iudas hœdum per pastorem suum Odollamitem, ut reciperet pignus quod dederat mulieri: qui cum non invenisset eam,
21 bisaa kurom hɔfoɔ no sɛ, “Ɛhe na hyiadan mu ɔbaa odwamanfoɔ a na ɔte Enaim kwankyɛn frɛfrɛ mmarima no wɔ?” Wɔbuaa no sɛ, “Yɛnni hyiadan mu ɔbaa odwamanfoɔ biara wɔ ha.”
interrogavit homines loci illius: Ubi est mulier quæ sedebat in bivio? Respondentibus cunctis: Non fuit in loco ista meretrix.
22 Enti, ɔsane kɔɔ Yuda hɔ, kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Manhunu no. Ɛnna kurom hɔfoɔ nso kaa sɛ, ‘Hyiadan mu ɔbaa odwamanfoɔ biara nni ha.’”
Reversus est ad Iudam, et dixit ei: Non inveni eam: sed et homines loci illius dixerunt mihi, numquam sedisse ibi scortum.
23 Yuda nso kaa sɛ, “Ma no mfa nneɛma no, na anyɛ saa a wɔbɛsere yɛn. Wo ara wodi ho adanseɛ sɛ memaa wode ɔpapo no kɔeɛ, nanso woanhunu no.”
Ait Iudas: Habeat sibi, certe mendacii arguere nos non potest, ego misi hœdum quem promiseram: et tu non invenisti eam.
24 Ɛbɛyɛ abosome mmiɛnsa akyiri no, Yuda tee sɛ nʼase Tamar abɔ adwaman, anyinsɛn. Ɔtee saa asɛm no, ɔkaa sɛ, “Monkɔkye no mmra, na yɛnhye no, nku no.”
Ecce autem post tres menses nunciaverunt Iudæ, dicentes: Fornicata est Thamar nurus tua, et videtur uterus illius intumescere. Dixitque Iudas: Producite eam ut comburatur.
25 Wɔkɔkyeree Tamar de no reba abɛkum no no, ɔsoma ma wɔkɔka kyerɛɛ nʼase Yuda sɛ, “Onipa a ne nneɛma nie no na ɔne me nyinsɛneeɛ. Monhwɛ sɛ mobɛhunu onipa ko a saa nsa so kawa ne nʼahoma ne poma yi yɛ ne dea no anaa.”
Quæ cum duceretur ad pœnam, misit ad socerum suum, dicens: De viro, cuius hæc sunt, concepi: cognosce cuius sit annulus, et armilla, et baculus.
26 Yuda gye too mu sɛ, saa nneɛma no yɛ ne dea. Ɔtoaa so sɛ, “Ɔbaa yi yɛ ɔteneneeni sen me, ɛfiri sɛ, mamfa no amma me babarima Sela anware.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yuda ankɔ Tamar ho bio.
Qui, agnitis muneribus, ait: Iustior me est: quia non tradidi eam Sela filio meo. Attamen ultra non cognovit eam.
27 Tamar awoɔ duruu so no, ɔwoo nta.
Instante autem partu, apparuerunt gemini in utero: atque in ipsa effusione infantium unus protulit manum, in qua obstetrix ligavit coccinum, dicens:
28 Ɛberɛ a ɔrewo no, nta no mu baako de ne nsa dii ɛkan baeɛ. Enti, ɔbaa a ɔregye no awoɔ no de asaawa kɔkɔɔ bɔɔ abɔfra no abakɔn, kaa sɛ, “Yei na wɔwoo no kane.”
Iste egredietur prior.
29 Saa abɔfra no twee ne nsa sane kɔɔ mu. Ɔsane twee ne nsa kɔɔ mu no, wɔwoo ne nua a ɔka ne ho no mmom. Na ɔwogyefoɔ no kaa sɛ, “Ɛdeɛn abususɛm ni!” Wɔtoo no edin Peres.
Illo vero retrahente manum, egressus est alter: dixitque mulier: Quare divisa est propter te maceria? et ob hanc causam vocavit nomen eius Phares.
30 Akyire no, ɔwoo ne nuabarima a na asaawa kɔkɔɔ bɔ nʼabakɔn no. Wɔtoo ɔno nso edin Serah.
Postea egressus est frater eius, in cuius manu erat coccinum: quem appellavit Zara.

< 1 Mose 38 >