< 1 Mose 36 >

1 Yeinom ne Esau a wɔfrɛ no Edom no asefoɔ. 2 Esau waree Kanaanfoɔ mmaa baasa. Wɔn din de Ada a ɔyɛ Hetini Elon babaa, Ana babaa Oholibama a ɔsane yɛ Hewini Sibeon nana ne 3 Basmat a ɔyɛ Ismael babaa na ɔyɛ Nebaiot nuabaa. 4 Ada woo Elifas maa Esau. Basmat woo Reuel. 5 Oholibama nso woo Yeus, Yalam ne Kora. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne mmammarima a Esau yerenom baasa no wowoo wɔn maa no wɔ Kanaan asase so no. 6 Esau faa ne yerenom, ne mmammarima, ne mmammaa, ne fiefoɔ nyinaa, ne nyɛmmoa ne mmoa a aka nyinaa ne nʼagyapadeɛ biara a ɔbrɛ nyaa no wɔ Kanaan asase so nyinaa, tu firii ne nua Yakob nkyɛn, kɔɔ asase bi so akyirikyiri. 7 Ɛfiri sɛ, na wɔn ahonyadeɛ no dɔɔso sɛ ɔne ne nua Yakob bɛtumi atena faako. Na wɔn mmoa dodoɔ enti, wɔn baanu no nsene asase a wɔte so no so. 8 Ɛno enti, Esau a wɔfrɛ no Edom no kɔbɔɔ nʼatenaeɛ wɔ Seir bepɔ so. 9 Yeinom ne Esau a ɔyɛ Edomfoɔ agya no asefoɔ a wɔwoo wɔn maa no ɛberɛ a na ɔwɔ Seir bepɔ so no. 10 Esau mmammarima no din na ɛdidi so yi: Elifas, a ɔyɛ Esau yere panin Ada babarima ne Reuel a ɔyɛ Basmat babarima. 11 Elifas nso mmammarima din na ɛdidi so yi: Teman, Omar, Sefo, Gatam ne Kenas. 12 Na Esau babarima Elifas nso wɔ mpena bi a ne din de Timna a ɔne no woo ba a wɔfrɛ no Amalek. Edin a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Ada nananom. 13 Reuel mmammarima din na ɛdidi so yi: Nahat, Serah, Sama ne Misa. Saa edin a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Basmat nso nananom. 14 Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babaa, na ɔsane yɛ Sibeon nana no mmammarima a ɔwoo wɔn maa Esau no ne yeinom: Yeus, Yalam ne Kora. 15 Yeinom ne Esau asefoɔ no mu atitire: Elifas a ɔyɛ Esau abakan no nso mmammarima din na ɛdidi so yi: Atitire Teman, Omar, Sefo, Kenas, 16 Kora, Gatam ne Amalek. Saa edin a wɔabobɔ yi ne Elifas a ɔyɛ Esau abakan no asefoɔ atitire a wɔwowoo wɔn wɔ Edom asase so. Na saa atitire yi yɛ Ada nananom. 17 Esau babarima Reuel mmammarima din na ɛdidi so yi: Otitire Nahat, Otitire Serah, Otitire Sama ne Otitire Misa. Saa edin a wɔabobɔ yi ne Ruel a ɔyɛ Esau ba a ɔtɔ so mmienu no nnipa atitire a wɔwoo wɔn wɔ Edom asase so. Na wɔyɛ Esau yere Basmat nananom. 18 Esau yere Oholibama mmammarima din na ɛdidi so yi: Otitire Yeus, Otitire Yalam ne Otitire Kora. Saa edin a wɔabobɔ yi ne Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babaa no asefoɔ nnipa atitire no. 19 Saa edin a wɔabobɔ yi ne Esau a ɔno ara ne Edom no mmammarima. Wɔn ara nso na wɔyɛ wɔn nnipa atitire no. 20 Yeinom ne Horini Seir mmammarima a na saa ɛberɛ no wɔtete Seir asase so no: Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, 21 Dison, Eser ne Disan. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horini Seir mmammarima a na wɔtete Edom asase so no nnipa atitire no. 22 Lotan mmammarima ne yeinom: Hori ne Homam. Na Timna yɛ Lotan nuabaa. 23 Sobal nso mmammarima ne yeinom: Alwan, Manahat, Ebal, Sefo ne Onam. 24 Na yeinom ne Sibeon mmammarima: Aya ne Ana. Saa Ana yi ne abarimaa a, ɛberɛ bi ɔde nʼagya Sibeon mfunumu kɔɔ adidi wɔ ɛserɛ no so a ɔkɔhunuu asuo aniwa bi a na nsuohyeɛ firi mu ba no. 25 Ana mma nie: Dison ne Oholibama a ɔyɛ Ana babaa no. 26 Dison mmammarima nie: Hemdan, Esban, Yitran ne Keran. 27 Eser mmammarima ne yeinom: Bilhan, Saawan ne Akan. 28 Yeinom ne Disan mma: Us ne Aran. 29 Yeinom ne Horifoɔ nnipa atitire: Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, 30 Dison, Eser ne Disan. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horifoɔ nnipa atitire a ɛberɛ a na wɔwɔ Seir asase so no, wɔdii wɔn mmusua no so. 31 Yeinom ne nnipa a wɔdii ɛkan dii ɔhene wɔ Edom asase so ansa na Israelni biara rebɛdi Israel mma so ɔhene: 32 Bela a ɔyɛ Beor babarima bɛdii ɔhene wɔ Edom asase so. Na nʼahenkuro din de Dinhaba. 33 Na Bela wuiɛ no, Serah babarima Yobab a ɔfiri Bosra bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 34 Na Yobab wuiɛ no, Husam a ɔfiri Teman asase so bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 35 Husam wuo akyiri Hadad a ɔyɛ Bedad babarima a ɔkɔdii Midian so nkonim wɔ Moab asase so no na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhempɔn. Wɔtoo nʼahenkuro no edin Hawit. 36 Hadad wuiɛ no, Samla a ɔfiri Masreka kuropɔn mu bɛyɛɛ ɔhene. 37 Samla wuiɛ no, Saulo a ɔfiri Rehobot a ɛda asuo Eufrate ho no bɛdii ɔhene. 38 Na Saulo wuiɛ no, Akbor babarima Baal-Hanan bɛdii ɔhene. 39 Akbor babarima Baal-Hanan nso wuiɛ no, Hadad bɛdii nʼadeɛ, tenaa nʼahennwa so sɛ ɔhempɔn. Na ɔhene Hadad ahenkuro no din de Pau, ɛnna ne yere nso din de Mehetabel a ɔyɛ Matred babaa ne Me-Sahab nso nana. 40 Sɛdeɛ wɔn a wɔdidi so yi a wɔyɛ Esau asefoɔ no mmusua ne wɔn tenabea te nie: Timna abusua, Alwa abusua, Yetet abusua, 41 Oholibama abusua, Ela abusua, Pinon abusua, 42 Kenas abusua, Teman abusua, Mibsar abusua, 43 Magdiel abusua ne Iram abusua. Yeinom ne Edom mmusua a wɔde wɔn atenaeɛ no edin totoeɛ. Na wɔn nyinaa yɛ Edomfoɔ a wɔyɛ Esau asefoɔ.

< 1 Mose 36 >