< 1 Mose 32 >

1 Yakob ne ne fiefoɔ toaa nʼakwantuo no so. Onyankopɔn abɔfoɔ bɛhyiaa no. 2 Yakob hunuu wɔn no, ɔkaa sɛ, “Ɛha yɛ Onyankopɔn fie!” Enti ɔtoo saa beaeɛ hɔ edin “Mahanaim,” a asekyerɛ ne Onyankopɔn asase. 3 Yakob somaa abɔfoɔ dii nʼanim kɔɔ ne nua Esau nkyɛn wɔ Seir a ɛwɔ Edom asase so. 4 Nkra a ɔde maa wɔn nie: “Monka nkyerɛ me wura Esau sɛ, ‘Wʼakoa Yakob se, yɛn wɔfa Laban nkyɛn na makɔtena sɛ ɔhɔhoɔ ara de bɛsi ɛnnɛ yi. 5 Ɛnnɛ deɛ, mewɔ anantwie ne mfunumu, nnwan ne mmirekyie, nkoa ne mfenaa bebree. Masoma mʼabɔfoɔ yi aba wo, me wura nkyɛn, sɛ wɔmmɛka nkyerɛ wo sɛ, mereba. Mewɔ anidasoɔ nso sɛ, mɛnya wʼanim animuonyam ama woagye me fɛ so.’” 6 Asomafoɔ no sane baa Yakob nkyɛn no, wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛkɔɔ wo nua Esau nkyɛn kɔkaa wo nkra no kyerɛɛ no, na ɔse ɔreba abɛhyia wo, na mmarima ahanan na wɔka ne ho reba.” 7 Yakob de ehu ne awerɛhoɔ kyekyɛɛ nnipa a ɔne wɔn nam no ne mmoa no mu akuo mmienu. 8 Ɔkaa wɔ ne tirim sɛ, “Sɛ ɛba sɛ, Esau ne ne dɔm no ba bɛto hyɛ ekuo baako so a, ekuo a ɛtɔ so mmienu no bɛdwane.” 9 Afei, Yakob bɔɔ Awurade mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade Onyankopɔn a mʼagya Abraham ne mʼagya Isak somm wo, Ao, Awurade a woka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sane kɔ wʼasase so ne wʼabusua mu, na mɛma woayɛ ɔdefoɔ.’ 10 Wʼadɔeɛ a wode ayɛ me ne nokorɛ a woadi wʼakoa no mu kakra bi mpo, mfata me. Ɛda a mefirii fie kɔtwaa Asubɔnten Yordan no, na me poma nko ara na ɛkura me, nanso ɛnnɛ, me na mekura ɛdɔm ahodoɔ mmienu yi. 11 Mesrɛ wo, gye me firi me nua Esau nsam. Mesuro sɛ ɔbɛto ahyɛ me ne me yerenom ne me mma so. 12 Nanso, wo na woahyɛ me bɔ sɛ, ‘Nokorɛ mu, mɛma woanya wo ho, na mama wʼase afɛe ayɛ sɛ mpoano anwea a wɔntumi nkan.’” 13 Saa ɛda no, ɔdaa hɔ. Na ɔyii nʼagyapadeɛ no bi sɛ akyɛdeɛ a ɔde bɛma ne nua Esau. 14 Nneɛma no nie: Mmirekyibereɛ ahanu, mpapo aduonu, nnwammedeɛ ahanu, nnwennini aduonu. 15 Nyoma bereɛ aduasa ne wɔn mma, anantwibereɛ aduanan, anantwinini edu, mfunumubereɛ aduonu, mfunumunini edu. 16 Ɔkyekyɛɛ mmoa no mu akuakuo, de maa nʼasomfoɔ a ekuo baako biara hyɛ ɔsomfoɔ baako nsa. Ɔka kyerɛɛ nʼasomfoɔ no sɛ, “Monni mʼanim nkɔ, na mmom, momma akwan nneda mmoa akuakuo no ntam.” 17 Yakob sane ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ a wɔdi ɛkan no sɛ, “Sɛ me nua Esau hyia mo, na ɔbisa mo sɛ, ‘Hwan asomfoɔ ne mo? Mofiri he na morekɔ he na hwan mmoa na mode wɔn nam yi a,’ 18 monka nkyerɛ no sɛ, ‘Mmoa no yɛ wʼakoa Yakob dea. Ne nyinaa yɛ akyɛdeɛ a ɔde rebrɛ ne wura Esau, na nʼankasa di akyire reba.’” 19 Saa ara nso na Yakob ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ a wɔtɔ so mmienu, mmiɛnsa ne wɔn a wɔdidi so a wɔde mmoa no rekɔ no sɛ, “Sɛ mohyia Esau a, monka saa asɛm korɔ no ara nkyerɛ no. Monka nka ho sɛ, 20 ‘Wʼakoa Yakob ankasa di yɛn akyiri reba.’” Ɛfiri sɛ, na Yakob ayɛ nʼadwene sɛ, “Mede akyɛdeɛ ahodoɔ a mede asoma adi ɛkan yi bɛpata no, na sɛ akyire no ɔhunu me a, wagye me ato mu.” 21 Enti, wɔde Yakob akyɛdeɛ ahodoɔ no dii ɛkan kɔeɛ. Na nʼankasa deɛ, ɔdaa nʼatenaeɛ hɔ anadwo no. 22 Anadwo no ara, Yakob sɔre faa ne yerenom baanu ne ne mfenaa baanu no ne ne mma dubaako no, de wɔn twaa Asubɔnten Yordan wɔ Yabok asutwareɛ hɔ. 23 Ɔde wɔn twaa asubɔnten no wieeɛ no, ɔsane bɛfaa nʼagyapadeɛ a aka nyinaa de twaa asuo no. 24 Afei, ɛkaa Yakob nko ara wɔ nʼatenaeɛ hɔ. Anadwo no, obi ne no bɛtentameeɛ ara kɔsii adekyeɛ wɛɛ. 25 Ɛberɛ a ɔbarima a ɔne no tentameeɛ no hunuu sɛ ɔrentumi nni Yakob so no, ɔbɔɔ Yakob dwonku, ma ɛhwaneeɛ. 26 Afei, ɔbarima no ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Adeɛ akye enti, gyaa me ma menkɔ.” Nanso, Yakob buaa no sɛ, “Sɛ woanhyira me a, meremma wonkɔ.” 27 Ɔbarima no bisaa Yakob sɛ, “Wo din de sɛn?” Ɔbuaa sɛ, “Me din de Yakob.” 28 Ɔbarima no kaa sɛ, “Ɛfiri ɛnnɛ, wɔremfrɛ wo Yakob bio, na mmom, wɔbɛfrɛ wo Israel, ɛfiri sɛ, wo ne Onyankopɔn ne nnipa atentam, na woadi nkonim.” 29 Yakob bisaa sɛ, “Mesrɛ wo, wɔfrɛ wo sɛn?” Ɔbarima no nso bisaa no sɛ, “Adɛn enti na worebisa me din?” Yei akyiri no, ɔhyiraa Yakob. 30 Ɛmaa Yakob too beaeɛ hɔ edin Peniel, a asekyerɛ ne “Onyankopɔn Anim.” Na ɔkaa sɛ, “Mahunu Onyankopɔn animuanimu, nanso meda so te nkwa mu ara.” 31 Yakob refiri Peniel no na owia agyina. Esiane ne dwonku a na ahwan no enti, na ɔtɔ gu ne nan no so. 32 Ɛno enti na ɛbɛsi ɛnnɛ yi, Israelfoɔ nwe aboa dwonku koraa sɛ nkaedeɛ no. Saa ntini kɛseɛ a ɛwɔ Yakob dwonku no na ɔbarima a ɔne no tentameeɛ no bɔeɛ, maa Yakob dwonku hwaneeɛ no.

< 1 Mose 32 >