< 1 Mose 31 >

1 Yakob tee sɛ Laban mmammarima no reka sɛ, “Yakob afa yɛn agya ho nneɛma nyinaa. Nʼahonya nyinaa firi yɛn agya nneɛma a wafa no.” 2 Yakob hunuu sɛ, afei deɛ, Laban nte nʼanim nkyerɛ no sɛ kane no. 3 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Sane kɔ wʼabusuafoɔ ne wo nkurɔfoɔ asase so, na mɛdi wʼakyi.” 4 Enti, Yakob soma ma wɔkɔfrɛɛ ne yerenom Rahel ne Lea sɛ, wɔmmra ne nkyɛn wɔ ɛserɛ no so, faako a ɔne ne nnwankuo no wɔ no. 5 Wɔbaeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mahunu sɛ, afei deɛ, mo agya Laban anim nyɛ me fɛ sɛ kane no, nanso Onyankopɔn a mʼagya Isak somm no no ka me ho. 6 Monim sɛ, mayi me yam, de mʼahoɔden nyinaa ayɛ adwuma, ama mo agya; 7 nanso mo agya nam nsisie kwan so, asesa mʼakatua mu mprɛdu. Nanso, yei nyinaa akyiri, Onyankopɔn amma no ɛkwan amma wanyɛ me bɔne. 8 Sɛ ɔka sɛ, ‘Mmoa a wɔn ho yɛ ntokontrama no bɛyɛ wʼakatua,’ na sɛ mmoa no wo a, na wɔawo mma a wɔn ho yɛ ntokontrama. Sɛ ɔka sɛ, ‘Mmoa a wɔn ho yɛ nsensaneɛ no bɛyɛ wʼakatua’ a, na wɔawowo mma a wɔn ho yɛ nsensaneɛ. 9 Ɛkwan a Onyankopɔn nam so agye mo agya nsam nyɛmmoa no de wɔn ama me ama mayɛ ɔdefoɔ no ne no. 10 “Ɛduruu ɛberɛ a mmoa no hyiam no, mesoo daeɛ hunuu sɛ, nnwennini a wɔforo nnwammedeɛ no ho yɛ ntokontrama, nsensaneɛ anaa nsisimu. 11 Onyankopɔn ɔbɔfoɔ frɛɛ me wɔ daeɛ no mu ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Yakob!’ Ɛnna megyee so sɛ, ‘Me nie!’ 12 Ɛnna ɔsoro abɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Hwɛ na hunu sɛ, nnwennini a wɔforo nnwammedeɛ no nyinaa ho yɛ nsensaneɛ, ntokontrama anaa nsisimu, na mahunu ɛkwan a Laban de wo fa so no nyinaa. 13 Mene Onyankopɔn a meyii me ho adi kyerɛɛ wo wɔ Bet-El, beaeɛ a wode ɛboɔ sii hɔ, hwiee ngo guu so, somm me, hyɛɛ me bɔ sɛ, wobɛsom me no. Afei, tu firi saa asase yi so ntɛm ara, na sane kɔ asase a wɔwoo wo wɔ so no so.’” 14 Na Rahel ne Lea bisaa sɛ, “Enti, saa tebea a yɛwɔ mu yi, yɛwɔ kyɛfa bi wɔ yɛn agya agyapadeɛ mu anaa? 15 Yɛn agya mfa yɛn sɛ yɛyɛ ahɔhoɔ? Watɔn yɛn, na yɛn tiri sika a ɔgyeeɛ no nso, wadi. 16 Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ, yɛn agya ahodeɛ a Onyankopɔn gyeeɛ no nyinaa yɛ yɛn ne yɛn mma dea. Enti, biribiara a Onyankopɔn aka akyerɛ wo sɛ yɛ no, yɛ.” 17 Ɛda bi, Yakob de ne mma ne ne yerenom tenatenaa nyoma so. 18 Ɔkaa ne mmoa nyinaa, agyapadeɛ a wanya nyinaa ne mmoa a ɔnyaa wɔ Paddan-Aram nyinaa dii nʼanim sɛ, ɔrekɔ nʼagya Isak nkyɛn wɔ Kanaan asase so. 19 Ɛberɛ a Laban kɔɔ wiram sɛ ɔrekɔtwitwa ne nnwan ho nwi no, Rahel faa nʼakyi kɔwiaa nʼagya fie abosom. 20 Yakob daadaa Aramni Laban a wamma wanhunu sɛ, ɔredwane. 21 Yakob de nʼahodeɛ nyinaa dwaneeɛ. Ɔtwaa Asubɔnten Eufrate, de nʼani kyerɛɛ bepɔ asase Gilead no so. 22 Yakob ne nʼabusuafoɔ dwaneeɛ no, nnansa akyiri ansa na Laban tee sɛ wɔkɔ. 23 Laban faa ne fiefoɔ, kaa ne ho, de anibereɛ tii Yakob. Nnanson akyiri ansa na ɔkɔtoo Yakob ne ne nkurɔfoɔ no wɔ bepɔ Gilead so. 24 Saa ɛda no ara anadwo, Onyankopɔn yii ne ho adi wɔ daeɛ mu kyerɛɛ Aramni Laban. Ɔka kyerɛɛ no wɔ daeɛ no mu sɛ, “Hwɛ yie na woankɔka asɛm biara, sɛ ɛyɛ asɛm pa anaa asɛmmɔne ankyerɛ Yakob.” 25 Ɛberɛ a Laban ne ne fiefoɔ kɔtoo Yakob no, na Yakob asisi ne ntomadan wɔ bepɔ Gilead atifi. Laban ne ne fiefoɔ no nso sisii wɔn ntomadan wɔ bepɔ no ayaase. 26 Afei, Laban kɔɔ Yakob nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Woadaadaa me. Asɛm bɛn na wode adi me yi? Woakyekyere me mmammaa de wɔn redwane te sɛ nnommumfoɔ. 27 Adɛn enti na wodaadaa me, na wodwane firii me nkyɛn a woankra? Sɛ wokraa me a, anka mɛto wo ɛpono, na mama nnipa abɛbɔ sankuo, ato nnwom wɔ apontoɔ no ase, de agya wo kwan. 28 Woamma mankyeakyea me nananom ne me mmammaa yi nsam mpo, amfa annya wɔn kwan. Woadi nkwaseasɛm. 29 Mewɔ tumi sɛ anka meyɛ wo bɔne, nanso, nnora anadwo, Onyankopɔn a wo agya somm no no ka kyerɛɛ me wɔ daeɛ mu sɛ, ‘Hwɛ yie na woanka asɛm biara, sɛ ɛyɛ asɛm pa anaa asɛmmɔne, ankyerɛ Yakob.’ 30 Esiane sɛ wʼani agyina wo agya fie enti, na ɛsɛ sɛ wokɔ ara, na adɛn enti na wowiaa mʼabosom, de kaa wo nneɛma ho?” 31 Yakob buaa Laban sɛ, “Na mesuro. Na ɛyɛ me sɛ wode tumi bɛgye wo mmammaa no afiri me nsam. 32 Nanso, obiara a wobɛhunu wʼabosom no wɔ ne nkyɛn no, ɔsɛ owuo. Wʼankasa hwehwɛ, sɛ wobɛhunu biribiara a ɛyɛ wo dea wɔ me nneɛma yi mu wɔ yɛn nuanom yi anim. Sɛ wohunu biribiara a ɛyɛ wo dea a, fa wʼadeɛ.” Ɛberɛ a Yakob kaa saa asɛm yi no, na ɔnnim sɛ Rahel na wawia nʼagya Laban abosom no. 33 Ɛno enti, Laban kɔɔ Yakob, Lea, ne nʼasomfoɔ Bilha ne Silpa ntomadan mu kɔhwehwɛɛ hɔ, nanso wanhunu biribiara. Afei, ɔkɔwuraa Rahel ntomadan mu. 34 Ɛfiri sɛ, na Rahel awia abosom no de ahyehyɛ ne yoma no atɛ ase, atena so. Enti, Laban kɔhwehwɛɛ nneɛma a ɛwɔ Rahel ntomadan no nyinaa mu, nanso wanhunu abosom no. 35 Afei, Rahel ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Agya, mma wo bo mfu me sɛ mete hɔ wɔ wʼanim na mensɔre nnyina hɔ, ɛfiri sɛ, makɔ afikyire.” Enti, Laban toaa so hwehwɛɛ abosom no ara, nanso wanhunu. 36 Ɛyɛɛ saa no, Yakob bo fuu Laban yie, bisaa no sɛ, “Bɔne bɛn na mayɛ? Amumuyɛsɛm bɛn na madi a ɛno enti, woataa me ara yi?” 37 Wohwehwɛɛ me nneɛma nyinaa mu yi, ɛdeɛn adeɛ na wohunuiɛ a ɛyɛ wo ne wo fiefoɔ dea? Deɛ wohunuiɛ biara no, fa bɛto dwa wɔ me nuanom ne wo nuanom a wɔahyia ha yi nyinaa anim, na wɔnkyerɛ deɛ ɛyɛ ne dea. 38 “Mfirinhyia aduonu a wo ne me tenaeɛ, wo nnwan ne wo mmirekyie abereɛ no ampompɔn, na mankum wo nnwennini yi bi amfiri wo nnwankuo yi mu, anwe da. 39 Mamfa wʼaboa biara a akekaboa bi atete ne mu ammrɛ wo; wɔn a mmoa kumm wɔn no, mʼankasa mehyɛɛ anan mu. Afei sɛ ɛba sɛ wɔwia wo mmoa no bi, anadwo anaa awia a, woma metua ka. 40 Saa na asetena a me ne wo teɛ no teɛ. Meyɛɛ wʼadwuma awia maa owia hyee me. Meyɛɛ wʼadwuma anadwo maa awɔ dee me, maa sɛ, mekɔ kɛtɛ so koraa a, mentumi nna. 41 Mfirinhyia aduonu a metenaa wo nkyɛn nyinaa, na saa na mʼasetena teɛ. Mede mfirinhyia dunan na ɛyɛɛ adwuma maa wo, de waree wo mmammaa baanu no. Ɛnna mede mfirinhyia nsia nso hwɛɛ wo nnwan. Deɛ ɛtwa toɔ koraa ne sɛ, wosesaa mʼakatua mpɛn edu. 42 Sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn a mʼagya somm no, Onyankopɔn a Abraham somm no a ɔwɔ mafa ne suro a mesuro mʼagya Isak a, anka nokorɛm nie, wopamoo me, maa mede me nsapan kɔeɛ. Nanso Onyankopɔn hunuu mʼamanehunu ne me nsa ano adwuma enti na nnora anadwo ɔkaa wʼanim no.” 43 Laban buaa Yakob sɛ, “Mmaa no yɛ me mmammaa, mmɔfra no nso yɛ me nananom, ɛnna nnwankuo no nso yɛ me nnwankuo. Nneɛma a wohunu yi nyinaa yɛ me dea. Ɛbɛyɛ dɛn na matumi ayɛ mʼankasa me mmammaa ne me nananom bɔne? 44 Afei, bra na me ne wo nyɛ apam a ɛbɛdi me ne wo ntam adanseɛ. Saa apam no so na yɛbɛdi wɔ yɛn asetena nyinaa mu.” 45 Enti, Yakob faa ɛboɔ de sii hɔ yɛɛ nkaeɛdum. 46 Yakob kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Montase aboɔ!” Enti, wɔtasee aboɔ boaa ano. Afei, wɔn nyinaa tenaa ho didiiɛ. 47 Laban frɛɛ aboɔ kuo no Yegar-Sahaduta a asekyerɛ ne Adanseɛ Kuo. Yakob nso frɛɛ saa aboɔ kuo no Gal-Ed, a asekyerɛ ne Adanseɛ Kuo saa ara. 48 Afei, Laban kaa sɛ, “Aboɔ Kuo yi na ɛdi me ne wo ntam adanseɛ ɛnnɛ!” Ɛno enti na wɔfrɛ no Gal-Ed no. 49 Na wɔsane frɛ aboɔ nkaeɛdum no nso bio sɛ, “Mispa” ɛfiri sɛ, Laban kaa sɛ, “Awurade mmoa yɛn, na sɛ yɛn ntam tete mpo a, yɛn mu biara bɛdi saa apam yi so. 50 Sɛ woanhwɛ me mmammaa yi yie anaasɛ woware mmaa foforɔ ka me mmammaa yi ho a, ɛwom sɛ merenhunu, nanso Onyankopɔn deɛ, ɔbɛhunu.” 51 Laban sane ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Aboɔ Kuo yi ni. Nkaeɛdum a mede asi me ne wo ntam no nso nie. 52 Aboɔ Kuo yi ne nkaeɛdum yi nyɛ adanseɛ sɛ, me Laban, merentra saa Aboɔ Kuo yi ne nkaeɛdum yi mma baabi a wowɔ mmɛtoa wo. Na wo Yakob nso, worentra saa Aboɔ kuo yi ne nkaeɛdum yi mma baabi a mewɔ mmɛtoa me. 53 Ma Abraham Onyankopɔn ne Nahor Onyankopɔn, wɔn agyanom Onyankopɔn nyɛ ɔtemmufoɔ wɔ me ne wo ntam.” Enti, Yakob de nʼagya Isak Onyankopɔn ho suro kaa ntam sɛ, ɔrentra ɛhyeɛ no. 54 Afei, Yakob bɔɔ Onyankopɔn afɔdeɛ wɔ bepɔ no atifi, na ɔhyiahyiaa ne nnamfonom bɛdidiiɛ. Ɛno akyiri no, wɔdaa ne nkyɛn wɔ bepɔ no so. 55 Laban sɔree anɔpatutuutu fefee ne nananom ne ne mmammaa no ano, hyiraa wɔn. Ɛno akyiri no, ɔsane nʼakyi kɔɔ ne kurom.

< 1 Mose 31 >