< 1 Mose 11 >

1 Ɛberɛ bi, na nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ka kasa korɔ. 2 Saa nnipa yi tu baa apueeɛ fam no, wɔbɛtoo asase tamaa wɔ Babilonia asase so, na wɔtenaa hɔ. 3 Wɔdwennwenee ho sɛ, “Momma yɛntwa ntayaa na yɛnto mma ɛmmen yie.” Wɔde ntayaa no sii aboɔ anan na wɔde ama hyehyɛɛ ntam. 4 Afei, wɔdwennwenee ho bio sɛ, “Momma yɛnkyekyere kuro kɛseɛ, na yɛnsi abantenten a ne sorɔnsorɔmmea duru sorosoro wɔ kuro no mu, na yɛnnye edin, na yɛanhwete wɔ asase so.” 5 Awurade siane firii soro baa fam, bɛhunuu kuro kɛseɛ a wɔrekyekyere no ne abantenten a wɔresi no. 6 Afei, Awurade kaa sɛ, “Sɛ nnipa korɔ a wɔka kasa baako afiti aseɛ redi saa dwuma yi a, ɛnneɛ biribiara a wɔbɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ no renyɛ wɔn den. 7 Mommra na yɛnkɔ asase so, na yɛnkɔtoto wɔn kasa, na obiara nya ne kasa, sɛdeɛ obiara nte ne yɔnko kasa.” 8 Ɛnam yei so maa Awurade hwetee nnipa no nyinaa mu, ma wɔpetee asase so nyinaa, ma wɔgyaee kuro kɛseɛ no kyekyere. 9 Ɛno enti na wɔfrɛɛ kuro kɛseɛ no Babel, ɛfiri sɛ, ɛhɔ na Awurade totoo kasa baako a na wɔka wɔ ewiase nyinaa saa ɛberɛ no, maa wɔn kasa hodoɔ. Ɛfiri hɔ na Awurade hwetee nnipa no nyinaa mu, ma wɔpetee asase so nyinaa. 10 Yei ne Sem asefoɔ ho asɛm. Nsuyire no akyiri, mfeɛ mmienu no a na Sem adi mfeɛ ɔha no, ɔwoo Arfaksad. 11 Sem woo Arfaksad akyiri no, ɔtenaa ase mfeɛ aha enum, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho. 12 Arfaksad nso dii mfeɛ aduasa enum no, ɔwoo Sela. 13 Arfaksad woo Sela no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ahanan ne mmiɛnsa, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho. 14 Sela dii mfeɛ aduasa no, ɔwoo Eber. 15 Sela woo Eber no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ahanan ne mmiɛnsa, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho. 16 Eber dii mfeɛ aduasa ɛnan no, ɔwoo Peleg. 17 Eber woo Peleg no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ahanan ne aduasa, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho. 18 Peleg dii mfeɛ aduasa no, ɔwoo Reu. 19 Peleg woo Reu no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ahanu ne nkron, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho. 20 Reu dii mfeɛ aduasa mmienu no, ɔwoo Serug. 21 Reu woo Serug no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ahanu ne nson, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho. 22 Serug dii mfeɛ aduasa no, ɔwoo Nahor. 23 Serug woo Nahor no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ahanu wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho. 24 Nahor dii mfeɛ aduonu nkron no, ɔwoo Tera. 25 Nahor woo Tera no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ɔha ne dunkron, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho. 26 Tera dii mfeɛ aduɔson no, ɔwoo Abram, Nahor ne Haran. 27 Yei ne Tera asefoɔ ho asɛm. Tera woo Abram, Nahor ne Haran. Na Haran woo Lot. 28 Ɛberɛ a Haran agya Tera te ase no, Haran wuu baabi a wɔwoo no a wɔfrɛ hɔ Ur a, ɛwɔ Kaldea asase so no. 29 Abram ne Nahor warewareeɛ. Na Abram yere din de Sarai, na Nahor nso yere din de Milka a, na ɔyɛ Haran babaa. Saa Haran yi na ɔwowoo Milka ne Iska. 30 Na Sarai yɛ obonini; na ɔnni ba. 31 Tera faa ne babarima Abram ne ne nana Lot, a ɔyɛ Haran babarima ne nʼase baa Sarai, a na ɔyɛ ne babarima Abram yere no, ne wɔn nyinaa siim firii Ur a ɛwɔ Kaldea asase so sɛ, wɔrekɔ Kanaan asase so. Na wɔduruu Haran no, wɔtenaa hɔ. 32 Tera dii mfeɛ ahanu ne enum, na ɔwuu wɔ Haran.

< 1 Mose 11 >