< Galatifoɔ 6 >

1 Anuanom, sɛ obi kɔtɔ bɔne mu a, ɛsɛ sɛ mo a moyɛ honhom mufoɔ no fa ɔdwoɔ ɛkwan so tene no. Nanso, monhwɛ wie na mo nso wɔansɔ mo anhwɛ. 2 Monsoa mo ho mo ho nnesoa. Sɛ moyɛ saa a, modi Kristo mmara no so. 3 Sɛ obi dwene sɛ ɔyɛ otitire a ɛnso ɔnsɛ hwee a, na ɔdaadaa ne ho. 4 Yɛ wʼadwuma yie na woanya biribi agyina so de ahoahoa wo ho. Na mfa wo ho ntoto afoforɔ ho; 5 ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ obiara soa nʼadesoa. 6 Wone deɛ ɔkyerɛkyerɛ wo Onyankopɔn Asɛm no nkyɛ adepa biara a wowɔ. 7 Monnnaadaa mo ho; obiara rentumi nsi Onyankopɔn atwetweɛ. Deɛ onipa dua no, ɛno ara na ɔtwa. 8 Sɛ modi mo akɔnnɔ bɔne akyi a, mobɛkɔ ɔsɛeɛ mu, nanso sɛ monante Honhom mu a, mobɛnya daa nkwa. (aiōnios g166) 9 Ne saa enti, mommma yɛmmmrɛ papayɛ ho, ɛfiri sɛ, ɛberɛ a ɛsɛ mu no, sɛ yɛampa aba a yɛbɛtwa nnɔbaeɛ no. 10 Enti, mmerɛ dodoɔ a yɛwɔ akwannya no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ obiara papa, ne titire no, wɔn a yɛne wɔn bɔ agyidifoɔ abusua. 11 Monhwɛ atwerɛ akɛseɛ a mede mʼankasa me nsa matwerɛ abrɛ mo. 12 Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhoahoa wɔn ho no ara na wɔpɛ sɛ wɔhyɛ mo ma motwitwa twetia. Deɛ enti a wɔyɛ yei ne sɛ, wɔmpɛ sɛ Kristo asɛnnua no enti wɔtaa wɔn. 13 Wɔn a wɔtwa twetia no mpo nni Mmara no so. Pɛ ara na wɔpɛ sɛ wɔtwa mo twetia sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi de mo ahoahoa wɔn ho sɛ wɔn akyidifoɔ. 14 Nanso, me deɛ, Awurade Yesu Kristo asɛnnua no nko ara na mede bɛhoahoa me ho; nʼasɛnnua no enti, deɛ mede hoahoa me ho wɔ ewiase no awu, na saa ara na deɛ ewiase de hoahoa ne ho wɔ me mu no nso awu. 15 Sɛ obi atwa twetia anaa ɔntwaa twetia no nka hwee. Deɛ ɛho hia ne abɔdeɛ foforɔ. 16 Onyankopɔn adɔeɛ ne nʼasomdwoeɛ nka wɔn a wɔdi saa nkyerɛkyerɛ yi so nyinaa; wɔn ne Onyankopɔn mu nnipa foforɔ. 17 Deɛ ɛtwa toɔ, obiara nha mʼadwene bio, ɛfiri sɛ, mewɔ ɔhonam ani etwã a ɛkyerɛ sɛ, meyɛ Yesu dea. 18 Me nuanom, Awurade Yesu Kristo adom no nka mo nyinaa. Amen.

< Galatifoɔ 6 >