< Hesekiel 46 >

1 “‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛsɛ sɛ wɔto mfimfini adihɔ ɛpono a ani hwɛ apueeɛ no mu nnafua nsia a wɔde yɛ adwuma, nanso Homeda ne Ɔbosome Foforɔ ɛda no deɛ, ɛsɛ sɛ wɔma ano da hɔ.
The Lord Yahweh says this: The gate of the inner courtyard, facing east, will be shut for the six days of work, but on the Sabbath it will be opened, and on the day of the new moon it will be opened.
2 Ɔhene no bɛfiri mfikyire awura ɛpono no ntwonoo mu na wabɛgyina aponnwa no ho. Asɔfoɔ no de ne hyeɛ afɔrebɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ bɛbɔ afɔdeɛ. Ɔbɛsɔre wɔ ɛpono no aboboano na wasane apue, nanso wɔrento ɛpono no mu kɔsi anwummerɛ.
The prince will enter the outer courtyard by the way of the gate and its portico from outside, and he will stand before the doorposts of the inner gate while the priests perform his burnt offering and peace offering. Then he will worship at the threshold of the inner gate and go out, but the gate will not be shut until evening.
3 Home nna ne ɔbosome foforɔ nna no, ɛsɛ sɛ asase no sofoɔ sɔre wɔ Awurade anim wɔ ɛpono no aboboano.
The people of the land will also worship before Yahweh at the entrance to this gate on the Sabbaths and new moons.
4 Afɔrebɔdeɛ a ɛsɛ sɛ ɔhene no de brɛ Awurade wɔ Homeda no yɛ nnwammaa nsia ne odwennini baako a wɔn mu biara ho nni dɛm.
The burnt offering that the prince offers to Yahweh on the Sabbath day will be six unblemished lambs and an unblemished ram.
5 Aduane afɔrebɔdeɛ a wɔde ka odwennini no ho yɛ kilogram dunsia, na deɛ wɔde ka nnwammaa no ho yɛ deɛ ɛsɔ ani, na ɔde ngo lita ɛnan ka aduane kilogram dunsia biara ho.
The grain offering with the ram will be an ephah, and the grain offering with the lambs will be what he wishes to give, and a hin of oil with each ephah of grain.
6 Ɔbosome Foforɔ ɛda no, ɔmfa nantwie ba a ɔyɛ ɔnini, nnwammaa nsia ne nnwennini a wɔn mu biara nnii dɛm mmra.
On the day of the new moon he must offer an unblemished bull from a herd, six lambs, and an unblemished ram.
7 Ɔmfa atokoɔ kilogram dunsia nka nantwinini no ho ne nnwennini no nso saa ara, na nnwammaa no deɛ, ɔmfa atokoɔ dodoɔ a ɔpɛ sɛ ɔde ma. Ɔmfa ngo lita ɛnan nka atokoɔ kilogram dunsia biara ho mmra sɛ aduane afɔrebɔdeɛ.
He must make a grain offering of an ephah for the bull and an ephah for the ram, and what he wishes to give for the lambs, and a hin of oil for every ephah of grain.
8 Na sɛ ɔhene no rebɛhyɛne mu a, ɔmfa ɛpono no ntwonoo no mu, na ɛsɛ sɛ ɛhɔ ara na ɔfa de firi adi.
When the prince enters by the way of the gate and its portico, he must leave by the same way.
9 “‘Na sɛ asase no sofoɔ ba Awurade anim apontoɔ nna no a, deɛ ɔbɛfa atifi ɛpono no mu akɔ mu akɔsɔre no, ɔmfa anafoɔ ɛpono no mu mfiri adi; saa ara na deɛ ɔfa anafoɔ ɛpono mu kɔ mu no nso, ɔmfa atifi ɛpono no mu mfiri adi. Ɛnsɛ sɛ obiara sane fa ɛpono a ɔfaa mu hyɛnee mu no mu firi adi.
But when the people of the land come before Yahweh at the appointed festivals, anyone entering through the north gate to worship must leave through the south gate; and anyone entering through the south gate must leave through the north gate. No one may turn back to the gate through which he entered, for he must go out straight ahead.
10 Ɛsɛ sɛ ɔhene no fra wɔn mu; ɔne wɔn bɛba mu na ɔne wɔn afiri adi.
The prince must be in their midst; when they go in, he must go in, and when they leave, he must leave.
11 “‘Afahyɛ ne apontoɔ nna no, aduane afɔrebɔdeɛ no nyɛ nantwinini baako ne atokoɔ kilogram dunsia, nnwennini ne atokoɔ kilogram dunsia, na nnwammaa no deɛ atokoɔ dodoɔ ɛsɔ ani na ɔde bɛka ho, na ngo lita ɛnan ka atokoɔ kilogram dunsia biara ho.
At the festivals, the grain offering must be an ephah of grain for the bull and an ephah for the ram, and whatever he wishes to give with the lambs, and a hin of oil for every ephah.
12 “‘Ɛberɛ biara a ɔhene no bɛfiri ne pɛ mu abɔ afɔdeɛ ama Awurade no, sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa asomdwoeɛ afɔdeɛ no, ɛsɛ sɛ wɔbue ɛpono a ɛkyerɛ apueeɛ no ma no. Ɔbɛbɔ ne ɔhyeɛ anaa ne asomdwoeɛ afɔdeɛ no sɛdeɛ ɔyɛ no wɔ Homeda no. Afei ɔbɛfiri adi na ɛno akyi wɔbɛto ɛpono no mu.
When the prince gives a freewill offering, either a burnt offering or a peace offering to Yahweh, the gate facing east will be opened for him. He will offer his burnt offering offering or his peace offering as he does it on the Sabbath day. Then he must go out, and after he has gone out the gate will be shut.
13 “‘Da biara da, anɔpa biara, ɛsɛ sɛ wode odwammaa a wadi afe na ɔnni dɛm bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Awurade.
In addition, you will give an unblemished lamb one year old as a burnt offering to Yahweh daily; you will do this morning after morning.
14 Anɔpa biara ɛsɛ sɛ wobɔ aduane afɔdeɛ a ɛyɛ atokoɔ kilogram mmiɛnsa ne ngo lita baako ne fa a wɔde bɛfɔre esiam no. Aduane afɔdeɛ a wɔbɔ ma Awurade yi yɛ nhyehyɛeɛ a ɛbɛtena hɔ daa.
You will give a grain offering with it morning after morning, a sixth of an ephah and a third of a hin of oil to moisten the flour of the grain offering for Yahweh, according to a permanent statute.
15 Ɛno enti wɔde odwammaa ne atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne ngo no bɛma anɔpa biara sɛ daa ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ.
They will prepare the lamb, the grain offering, and the oil morning after morning, a permanent burnt offering.
16 “‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ ɔhene no de nʼagyapadeɛ no mu bi kyɛ ne mmammarima no mu bi a, ɛbɛyɛ nʼasefoɔ dea na ɛyɛ wɔn agyapadeɛ.
The Lord Yahweh says this: If the prince gives a gift to any of his sons, it is his inheritance. It will be the property of his sons, it is an inheritance.
17 Nanso sɛ ɔde nʼagyapadeɛ no mu bi kyɛ nʼasomfoɔ no mu bi a, ɛbɛyɛ ɔsomfoɔ no dea kɔsi nʼahofadie afe. Ɛno akyi ɛbɛsane abɛyɛ ɔhene no dea. Nʼagyapadeɛ yɛ ne mmammarima nko ara dea.
But if he gives a gift from his inheritance to one of his servants, then it will be that servant's until the year of liberty, and then it will return to the prince. His inheritance will certainly be for his sons.
18 Ɛnsɛ sɛ ɔhene no gye nnipa no agyapadeɛ biara, pam wɔn firi wɔn asase so. Ɛsɛ sɛ ɔma ne mmammarima agyapadeɛ firi ɔno ankasa ahodeɛ mu, sɛdeɛ me nkurɔfoɔ mu biara remfiri nʼasase so.’”
The prince will not take the people's inheritance away from their own property; he must provide for his sons from his own property so that my people will not be scattered, each man from his own property.'”
19 Afei, ɔbarima no de me faa ɛkwan a ɛda ɛpono no nkyɛnmu a ɛkɔ adan kronkron a ɛkyerɛ atifi fam no, deɛ ɛyɛ asɔfoɔ no dea no, na ɔkyerɛɛ me beaeɛ bi a ɛwɔ atɔeɛ fam.
Next the man brought me through the entrance at the gate to the holy rooms for the priests, which faced north and behold! There was a place toward the west.
20 Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Ɛha ne beaeɛ a asɔfoɔ no bɛnoa afɔdie afɔrebɔdeɛ ne bɔne afɔrebɔdeɛ na wɔato atokoɔ afɔrebɔdeɛ, sɛdeɛ wɔremfa mma mfikyire adihɔ hɔ mmɛdwira nkurɔfoɔ no ho.”
He said to me, “This is the place where the priests must boil the guilt offering and the sin offering and where they must bake the grain offering. They must not bring the offerings into the outer courtyard, for then the people would be consecrated.”
21 Ɔde me baa adihɔ a ɛwɔ afikyire hɔ no na ɔdii mʼanim de me kɔɔ ne ntweaso ɛnan no so, na mehunuu adihɔ foforɔ wɔ ntwea biara so.
Then he brought me to the outer courtyard and he led me past the four corners of that courtyard, and I saw that in at every corner of the courtyard there was a another court.
22 Mfikyire adihɔ no ntweaso ɛnan no mu biara wɔ adihɔ a ɛhyɛ mu a ne tentene yɛ anammɔn aduosia na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduanan enum; na saa adihɔ yi nyinaa kɛseɛ yɛ pɛ.
In the four corners of the outer courtyard there were four small courtyards, forty cubits in length and thirty in width. There the same dimensions for all four of the courtyards.
23 Afasuo no mu biara anim no na wɔahyehyɛ aboɔ de aseɛ no ayɛ bukyia wɔ afaafa nyinaa.
There was a row made of stone all around the four of them, and cooking hearths were under the stone row.
24 Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Yeinom ne mukaase a wɔn a wɔsom wɔ asɔredan mu no bɛnoa nkurɔfoɔ no afɔrebɔdeɛ.”
The man said to me, “These are the places where the temple servants will boil the people's sacrifices.”

< Hesekiel 46 >