< Hesekiel 38 >

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
The LORD’s word came to me, saying,
2 “Onipa ba, fa wʼani si Gog, a ɛwɔ Magog asase so no so, Mesek ne Tubal ɔberempɔn no; hyɛ nkɔm tia no
“Son of man, set your face towards Gog, of the land of Magog, the prince of Rosh, Meshech, and Tubal, and prophesy against him,
3 na ka sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ne wo anya, Gog, Mesek ne Tubal ɔberempɔn.
and say, ‘The Lord GOD says: “Behold, I am against you, Gog, prince of Rosh, Meshech, and Tubal.
4 Mɛkyinkyim wo na mede nnarewa asosɔ wʼapantan mu, na mede wo ne wʼakodɔm nyinaa, wʼapɔnkɔ, wʼapɔnkɔtesofoɔ a wɔhyehyɛ akotaadeɛ ne ɛdɔm kɛseɛ a wɔkurakura akokyɛm akɛseɛ ne nketewa a wɔn nyinaa rehinhim wɔn akofena, apue.
I will turn you around, and put hooks into your jaws, and I will bring you out, with all your army, horses and horsemen, all of them clothed in full armour, a great company with buckler and shield, all of them handling swords;
5 Persia, Kus ne Put a wɔn nyinaa kurakura akokyɛm na wɔhyehyɛ wɔn dadeɛ kyɛ bɛka wɔn ho,
Persia, Cush, and Put with them, all of them with shield and helmet;
6 afei Gomer ne nʼasraafoɔ nyinaa ne Bet-Togarma a wɔfiri atifi fam akyirikyiri ne nʼasraafoɔ ne aman bebree bɛka wo ho.
Gomer, and all his hordes; the house of Togarmah in the uttermost parts of the north, and all his hordes—even many peoples with you.
7 “‘Siesie wo ho, yɛ krado, wo ne nipakuo a wɔaboaboa wɔn ho ano wɔ wo nkyɛn nyinaa na yɛ wɔn so hwɛfoɔ.
“‘“Be prepared, yes, prepare yourself, you, and all your companies who are assembled to you, and be a guard to them.
8 Nna bebree akyi no, wobɛtwe atuo. Mfeɛ bi akyi no wobɛko afa asase bi a wafiri ɔko mu afirie na wɔaboaboa ɛso nnipa afiri amanaman so aba Israel mmepɔ a ada mpan akyɛre no so. Wɔde wɔn fifiri amanaman no mu, na seesei wɔn nyinaa te asomdwoeɛ mu.
After many days you will be visited. In the latter years you will come into the land that is brought back from the sword, that is gathered out of many peoples, on the mountains of Israel, which have been a continual waste; but it is brought out of the peoples and they will dwell securely, all of them.
9 Wo ne wʼasraafoɔ nyinaa ne aman bebrebe a wɔwɔ wo nkyɛn no bɛforo akɔ mo anim sɛ ahum. Mobɛyɛ sɛ omununkum akata asase no so.
You will ascend. You will come like a storm. You will be like a cloud to cover the land, you and all your hordes, and many peoples with you.”
10 “‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Saa ɛda no, nsusuiɛ bi bɛba wo tirim na wobɛdwene nhyehyɛeɛ bɔne bi.
“‘The Lord GOD says: “It will happen in that day that things will come into your mind, and you will devise an evil plan.
11 Wobɛka sɛ, “Mɛko afa asase a wɔntoo ɛso nkuraa ho fasuo. Mɛto ahyɛ nnipa a wɔwɔ asomdwoeɛ na wɔnnwene hwee ho, a wɔn mu biara nni ɔfasuo, apono ne akyi adaban.
You will say, ‘I will go up to the land of unwalled villages. I will go to those who are at rest, who dwell securely, all of them dwelling without walls, and having neither bars nor gates,
12 Mɛfom na mawia na madane me nsa atia amanfo a nnipa abɛtena soɔ ne nnipa a wɔaboa wɔn ano afiri amanaman so, nnipa a ayɛmmoa ne adwadideɛ abu wɔn soɔ na wɔtete asase no mfimfini.”
to take the plunder and to take prey; to turn your hand against the waste places that are inhabited, and against the people who are gathered out of the nations, who have gotten livestock and goods, who dwell in the middle of the earth.’
13 Seba ne Dedan ne Tarsis adwadifoɔ ne ne nkuraase nyinaa bɛbisa wo sɛ, “Woaba sɛ worebɛfom anaa? Woaboa wo dɔm ano sɛ morebɛwia na moasoa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, ayɛmmoa ne adwadideɛ akɔ na moafa afodeɛ bebree abranso anaa?”’
Sheba, Dedan, and the merchants of Tarshish, with all its young lions, will ask you, ‘Have you come to take the plunder? Have you assembled your company to take the prey, to carry away silver and gold, to take away livestock and goods, to take great plunder?’”’
14 “Ɛno enti, onipa ba hyɛ nkɔm kyerɛ Gog sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Saa ɛda no, ɛberɛ a me nkurɔfoɔ Israelfoɔ te hɔ asomdwoeɛ mu no, worennwene ho anaa?
“Therefore, son of man, prophesy, and tell Gog, ‘The Lord GOD says: “In that day when my people Israel dwells securely, will you not know it?
15 Wobɛfiri wʼasase so wɔ atifi fam nohoa tɔnn, wo ne aman bebree a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ soɔ, nipadɔm kɛseɛ, asraadɔm a ɛso.
You will come from your place out of the uttermost parts of the north, you, and many peoples with you, all of them riding on horses, a great company and a mighty army.
16 Mobɛtu atene akɔtia me nkurɔfoɔ Israelfoɔ te sɛ omununkum a ɛkata asase no so. Nna a ɛbɛba no mu, Gog, mɛma woasɔre atia mʼasase, sɛdeɛ aman no bɛhunu me, ɛberɛ a menam wo so bɛda me ho adi sɛ ɔkronkronni wɔ wɔn anim.
You will come up against my people Israel as a cloud to cover the land. It will happen in the latter days that I will bring you against my land, that the nations may know me when I am sanctified in you, Gog, before their eyes.”
17 “‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛnyɛ wo ne deɛ menam mʼasomfoɔ Israel adiyifoɔ so kaa wo ho asɛm nna a atwam no anaa? Saa ɛberɛ no, wɔde mfeɛ bebree hyɛɛ nkɔm sɛ mɛma wo so de atia wɔn.
“‘The Lord GOD says: “Are you he of whom I spoke in old time by my servants the prophets of Israel, who prophesied in those days for years that I would bring you against them?
18 Yei ne deɛ ɛbɛsi saa ɛda no. Sɛ Gog to hyɛ Israel asase so a, mʼabufuhyeɛ bɛsɔre, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
It will happen in that day, when Gog comes against the land of Israel,” says the Lord GOD, “that my wrath will come up into my nostrils.
19 Mʼanem ne mʼabufuhyeɛ mu, mepae mu ka sɛ, saa ɛberɛ no asasewosoɔ kɛseɛ bɛba Israel asase so.
For in my jealousy and in the fire of my wrath I have spoken. Surely in that day there will be a great shaking in the land of Israel,
20 Ɛpo mu mpataa, ewiem nnomaa, wiram mmoa, abɔdeɛ biara a ɛwea asase soɔ ne nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ho bɛpopo wɔ mʼanim. Mmepɔ bɛtutu agu, abotan bɛdwiri na afasuo nyinaa abubu agu fam.
so that the fish of the sea, the birds of the sky, the animals of the field, all creeping things who creep on the earth, and all the men who are on the surface of the earth will shake at my presence. Then the mountains will be thrown down, the steep places will fall, and every wall will fall to the ground.
21 Mɛfrɛ akofena abɛtia Gog wɔ me mmepɔ nyinaa so, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. Wɔde akofena bɛsɔre atia wɔn ho wɔn ho.
I will call for a sword against him to all my mountains,” says the Lord GOD. “Every man’s sword will be against his brother.
22 Mede ɔyaredɔm ne mogyahwiegu bɛbu no atɛn, mɛhwie osubrane, ampariboɔ, ogya ne sɔfe a ɛdɛre agu ɔno ne nʼasraafoɔ ne aman bebree a wɔka ne ho no so.
I will enter into judgement with him with pestilence and with blood. I will rain on him, on his hordes, and on the many peoples who are with him, torrential rains with great hailstones, fire, and sulphur.
23 Enti mɛda me kɛseyɛ ne me kronkronyɛ adi, na mama amanaman ahunu me. Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’
I will magnify myself and sanctify myself, and I will make myself known in the eyes of many nations. Then they will know that I am the LORD.”’

< Hesekiel 38 >