< Hesekiel 31 >

1 Mfeɛ dubaako mu bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no ɛda a ɛdi ɛkan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 “Onipa ba, ka kyerɛ Misraimhene Farao ne ne nipadɔm sɛ: “‘Hwan ho na yɛde wo kɛseyɛ bɛtoto? 3 Dwene Asiria ho, ntweneduro bi a berɛ bi na ɛwɔ Lebanon, Ɔde mman a ɛyɛ fɛ, na ɛhyɛ kwaeɛ so nyini kɔɔ ɔsoro yie, ma ne nkɔn mu boro nhahan a ayɛ kusuu no so. 4 Nsuo no maa no aduane, nsuwa nsuwa a emu dɔ ma ɛnyini kɔɔ ɔsoro; wɔn asutene fofaa nʼase nyinaa de kɔɔ mfuo no so nnua nyinaa ho. 5 Enti ɛkɔɔ ɔsorosoro senee mfuo no so nnua nyinaa; ne dubaa dɔɔso ne mman nyini yɛɛ atentene, na nsuo dodoɔ a ɛnyaa no enti ɛdendaneeɛ. 6 Ewiem nnomaa nyinaa yɛɛ wɔn pirebuo wɔ ne dubaa no mu, wiram mmoa nyinaa wowoo mma wɔ ne mman no ase aman akɛseɛ nyinaa tenaa ne nwunu ase. 7 Na ne kɛseyɛ no yɛ fɛ, ne dubaa a adendan no enti, na ne nhini nyini kɔɔ fam kɔduruu nsuo bebree mu. 8 Ntweneduro a ɛwɔ Onyankopɔn turo mu nto no, na pepeaa nnua nso dubaa ne no nyɛ pɛ, na wɔntumi mfa ɔkyɛnkyɛn nnua nso ntoto ne mman ho, dua biara nni Onyankopɔn turo no mu a nʼahoɔfɛ te sɛ no. 9 Mebɔɔ no ahoɔfɛ maa no mman bebree, na nnua a ɛwɔ Eden nyinaa Onyankopɔn turo no mu no ani beree no. 10 “‘Ɛno enti, sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Esiane sɛ ɛnyini kɔɔ soro, maa ne nkɔn mu hyɛɛ nhahan a abunkam soɔ, na afei ɔyɛɛ ahantan wɔ ne tentenyɛ ho enti, 11 mede no hyɛɛ amanaman sodifoɔ nsa, sɛ ɔne no nni no sɛdeɛ nʼamumuyɛ teɛ. Mepoo no, 12 na ananafoɔ aman no mu tutugyagu twaa no hwee fam na ɔgyaa no hɔ. Ne dubaa no hwehwee mmepɔ ne mmɔnhwa mu; ne mman mu bubuiɛ wɔ subɔnhwa mu. Asase so aman nyinaa firii ne nwunu ase, na wɔgyaa no hɔ. 13 Ewiem nnomaa nyinaa sisii dua a abu no so, na wiram mmoa kɔhyehyɛɛ ne mman mu. 14 Ɛno enti, nnua a ɛwɔ nsuo ho no mu biara renyɛ ahantan, nnyini nkɔ sorosoro, mmoro nhahan a abunkam so. Nnua foforɔ biara a ɛnya nsuo bebree no rennyini nkɔ soro saa bio. Wɔahyɛ sɛ wɔn nyinaa bɛwu akɔ asase ase, wɔ nnipa mma a wɔsiane kɔ amena mu no nkyɛn. 15 “‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛda a wɔde no too damena mu no, mede awerɛhoɔ kataa nsuwansuwa a emu dɔ no so maa no, ma amma ne asutene no antene, na mesii ne nsuo dodoɔ no ɛkwan. Ne enti mede kusuuyɛ firaa Lebanon, na nnua a ɛwɔ ɛserɛ no so nyinaa botooɛ. (Sheol h7585) 16 Memaa aman no ho popoeɛ wɔ nʼahweaseɛ nnyegyeeɛ no ho, ɛberɛ a mede no baa damena mu ɛne wɔn a wɔasiane kɔ amena mu no. Afei Eden nnua nyinaa, deɛ ɛte apɔ na ɛyɛ papa wɔ Lebanon, nnua a ɛnya nsuo yie nyinaa nyaa awerɛkyekyerɛ wɔ asase ase. (Sheol h7585) 17 Wɔn a wɔtenaa ne nwunu ase, ne ne mpamfoɔ a wɔwɔ amanaman no mu nso ne no kɔ damena mu, akɔka wɔn a wɔtotɔɔ wɔ akofena ano no ho. (Sheol h7585) 18 “‘Nnua a ɛwɔ Eden no mu deɛ ɛwɔ he na ɛbɛtumi de ne ho atoto wo ho wɔ animuonyam ne kɛseyɛ mu? Nanso, wo nso wɔbɛsiane wo akɔ fam, wo ne Eden nnua no. Wobɛfra momonotofoɔ mu, wɔn a wɔatotɔ wɔ akofena ano no. “‘Yei yɛ Farao ne ne nipadɔm no, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’”

< Hesekiel 31 >