< Hesekiel 27 >

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 “Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tiro ho so. 3 Ka kyerɛ Tiro a ɔda ɛpo aboboano, na ɔne adwadifoɔ bebree a wɔwɔ mpoano nkuro so di edwa sɛ, yei ne asɛm a Otumfoɔ Awurade seɛ: “‘Woka sɛ, Ao Tiro, “Me ho yɛ fɛ yie.” 4 Wo tumidie wɔ ɛpo so akyirikyiri; wʼadansifoɔ maa wʼahoɔfɛ wiee pɛyɛ 5 Wo nnua a wɔpaeɛ nyinaa yɛ pepeaa a ɛfiri Senir. Wɔde Lebanon ntweneduro na ɛyɛɛ ahyɛn so nnua maa woɔ. 6 Odum nnua a ɛfiri Basan na wɔde yɛɛ wʼatabono; Kwabɔhɔrɔ nnua a ɛfiri Kipro mpoano na wɔde yɛɛ wʼahyɛn abrannaa, a wɔde asonse asɛ so. 7 Misraim nwera papa bi a wadi mu adwini na wɔde yɛɛ wʼahyɛn so mframatoma a ɛyɛɛ wo frankaa nso; wʼapono ɛne ntokua ano ntoma yɛ bibitoma ne beredumtoma a ɛfiri Elisa mpoano. 8 Sidonfoɔ ne Arwadfoɔ na wɔhare wʼahyɛn; wo mmarima anyansafoɔ, Ao Tiro na wɔyɛ adwumayɛfoɔ wɔ wʼahyɛn mu. 9 Gebal adwumfoɔ adadafoɔ tenaa wʼahyɛn mu sɛ dua dwumfoɔ a wɔtuatua ahyɛn no mu ntokuro. Ɛpo so ahyɛn ne wɔn hyɛn mufoɔ nyinaa baa wo nkyɛn ne wo bɛdii nsesadwa. 10 “‘Persia, Lidia ne Put mmarima someeɛ sɛ asraafoɔ wɔ wʼakodɔm mu. Wɔde wɔn akokyɛm ne dadeɛ ɛkyɛ sensɛnee wʼafasuo ho, de hyɛɛ wo animuonyam. 11 Arwad ne Helek mmarima wɛnee wʼafasuo ho nyinaa. Gammad mmarima tenaa wʼaban atentene mu. Wɔde wɔn akokyɛm sensɛnee wʼafasuo ho maa wʼahoɔfɛ dii mu. 12 “‘Wʼadwadideɛ a ɛmaa wo nyaa wo ho bebree enti, Tarsis ne wo dii edwa. Wɔde dwetɛ, dadeɛ, sanya ne sumpii sesaa wʼadwadideɛ. 13 “‘Helafoɔ, Tubalfoɔ ne Mesekfoɔ ne wo dii edwa. Wɔde nkoa ne kɔbere nneɛma sesaa wʼadetɔndeɛ. 14 “‘Bet Togarma mmarima de adwumayɛ apɔnkɔ, ɔsa apɔnkɔ ne mfunumu mma bɛsesaa wʼadwadideɛ. 15 “‘Roda mmarima ne wo dii edwa, na mpoano nkuro bebree yɛɛ wʼadetɔfoɔ a wɔde asonse ne duaboɔ nnua tuaa wo ka. 16 “‘Aram ne wo dii edwa ɛsiane wo nneɛma bebrebe a woyɛ nti; wɔde nsrammaboɔ, ntoma a ɛberedum, deɛ wɔadi mu adwinneɛ, nwera pa, nnenkyenema ne bota bɛsesaa wʼadwadideɛ. 17 “‘Yuda ne Israel ne wo dii edwa; wɔde ayuo a ɛfiri Minit ne krakase, ɛwoɔ, ngo ne aneneduhwam sesaa wʼadwadideɛ. 18 “‘Damasko ne wo dii edwa wɔ nsã a ɛfiri Helbon ne nnwan ho nwi a ɛfiri Sahar mu, ɛsiane nneɛma a woyɛ ne wʼadwadideɛ a ama woanya wo ho bebree enti. 19 Danfoɔ ne Helafoɔ a wɔfiri Usal tɔɔ wʼadwadideɛ na wɔde dadeɛ a wɔaboro, bɛwewonua ne mmɛtire sesaa wʼadetɔndeɛ. 20 “‘Dedan de apɔnkɔ so adwatoma ne wo dii edwa. 21 “‘Arabfoɔ ne Kedar mmapɔmma nyinaa yɛɛ wʼadwadifoɔ a wɔde nnwammaa, nnwennini ne mpapo ne wo dii edwa. 22 “‘Seba ne Raama adwadifoɔ ne wo dii edwa; wɔde nnuhwam ahodoɔ a ɛte apɔ, aboɔdemmoɔ ne sikakɔkɔɔ ne wo bɛdii nsesadwa. 23 “‘Haran, Kane ne Eden, adwadifoɔ a wɔfiri Seba, Asur ne Kilmad ne wo dii edwa. 24 Wo dwaaso hɔ, wɔde ntoma a ɛyɛ fɛ, ɔpɔwtam a ɛyɛ tuntum, adwinneɛ ahodoɔ ne ntiasoɔtoma a ɛwɔ ahosu ahodoɔ a wɔde nhoma a wɔakyinkyim abobɔ no apɔɔpɔ na ayɛ ne wo bɛdii edwa. 25 “‘Tarsis ahyɛn yɛ adwuma sɛ asoafoɔ ma wʼadwadideɛ. Adesoa duruduru ayɛ wo ma wɔ ɛpo no mfimfini. 26 Wʼaharefoɔ no fa wo de wo kɔ ɛpo so akyirikyiri nanso apueeɛ ahum bɛbubu wo mu nketenkete wɔ ɛpo no mfimfini. 27 Wʼahonya, adwadideɛ ne adetɔndeɛ wʼahyɛn kwankyerɛfoɔ, wʼahyɛn mufoɔ ne wɔn a wɔtuatua wʼahyɛn mu ntokuro, wʼadwadifoɔ ne wʼasraafoɔ nyinaa, ne obiara a ɔwɔ ɛhyɛn no mu bɛmem akɔ ɛpo ase tɔnn ɛda a wo hyɛn no bɛbɔ. 28 Mpoano asase bɛwoso ɛberɛ a wo hyɛn mufoɔ no reteateam. 29 Wɔn a wɔkurakura atabon no nyinaa bɛgya wɔn ahyɛn hɔ; hyɛn akwankyerɛfoɔ ne hyɛn mufoɔ nyinaa bɛgyinagyina mpoano. 30 Wɔbɛma wɔn ɛnne so asu osu yaaya ama wo; wɔbɛpete mfuturo agu wɔn tiri so na wɔayantanyantam nsõ mu. 31 Wo enti wɔbɛbobɔ tikwa na wɔafirafira ayitoma. Wɔde ɔkra mu ahoyera ne awerɛhoɔ a emu yɛ den bɛgyam wo. 32 Ɛberɛ a wɔretwa adwo redi awerɛhoɔ no, wɔbɛma kwadwom bi a ɛfa wo ho so sɛ: “Hwan na wama no atɔre mumu te sɛ Tiro a ɛpo atwa ne ho ahyia yi?” 33 Ɛberɛ a wʼadwadideɛ kɔɔ ɛpo ahodoɔ so no woboaa aman bebree; Wʼahonyadeɛ ne wʼadwadideɛ maa asase so ahemfo nyaa wɔn ho. 34 Afei ɛpo abubu wo mu nketenkete wɔ nsuo no bunu mu wʼadwadideɛ ne wʼadwumayɛfoɔ nyinaa ne wo amem kɔ nsuo ase. 35 Wɔn a wɔtete mpoano nyinaa ho adwiri wɔn wɔ wo ho; ehu ma wɔn ahemfo ho popo na wɔn anim sinsiam. 36 Aman no mu adwadifoɔ bɔ nsɔm gu wo so woaba awieeɛ a ɛyɛ hu na wɔrenhunu wo bio.’”

< Hesekiel 27 >