< Hesekiel 18 >

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, 2 “Sɛ mo saa nkurɔfoɔ yi bu saa bɛ a ɛfa Israel asase yi ho a, na mopɛ sɛ mokyerɛ ɛdeɛn: “‘Agyanom adi bobe bunu, nanso wɔn mma mmom se afem anaa?’ 3 “Nokorɛm, sɛ mete ase yi, sei na Awurade seɛ, moremmu saa bɛ yi bio wɔ Israel. 4 Ɔkra teasefoɔ biara wɔ me, agya ne ɔba barima nyinaa, wɔn nyinaa wɔ me. Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ne deɛ ɔbɛwuo. 5 “Sɛ ɛba sɛ onipa tenenee bi wɔ hɔ a ɔyɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ pɛ; 6 ɔnnidi wɔ mmepɔ so abosonnan mu na ɔnsom ahoni a wɔwɔ Israel efie. Ɔngu ne yɔnko yere ho fi na ɔne ɔbaa a wabu ne nsa nna. 7 Ɔnhyɛ obiara so, na ɔde boseagyeni awowasideɛ sane ma no. Ɔmmɔ korɔno mmom ɔde nʼaduane ma deɛ ɛkɔm de no na ɔfira deɛ ɔda adagya no ntoma. 8 Ɔmmɔ bosea nye nsiho na ɔnnye mfɛntom mmorosoɔ. Ɔtwe ne ho firi mfomsoɔyɛ ho na ɔbu nnipa baanu ntam atɛntenenee. 9 Ɔdi mʼahyɛdeɛ so na ɔdi me mmara so nokorɛm. Saa onipa no na ɔtene; na ampa ara ɔbɛnya nkwa Awurade asɛm nie. 10 “Sɛ ɛba sɛ ɔwɔ ɔba barima a ɔdi akakabensɛm na ɔhwie mogya gu anaasɛ ɔyɛ saa nneɛma yi mu biara a 11 (bɔne a nʼagya mpo anyɛ bi da): “Ɔdidi wɔ mmepɔ so abosonnan mu. Ɔgu ne yɔnko yere ho fi. 12 Ɔhyɛ ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ so. Ɔbɔ korɔno. Ɔmmfa boseagyeni awowasideɛ mma no. Ɔde ne ho to abosom so. Ɔyɛ akyiwadeɛ. 13 Ɔbɔ bosea gye nsiho na ɔgye mfɛntom mmorosoɔ. Saa onipa yi bɛnya nkwa anaa? Dabi! Esiane sɛ wayɛ saa akyiwadeɛ yi nyinaa enti, ampa ara, wɔbɛkum no na ne mogya bɛbɔ nʼankasa tiri so. 14 “Nanso sɛ ɛba sɛ saa ɔbabarima yi wɔ ɔbabarima a ɔhunu bɔne a nʼagya yɛ no nyinaa nanso ɔnnyɛ saa nneɛma no bi: 15 “Ɔnnidi wɔ mmepɔ so abosonnan mu na ɔmfa ne ho nto ahoni a ɛwɔ Israel efie so. Ɔngu ne yɔnko yere ho fi. 16 Ɔnhyɛ obiara so na ɔnnye boseagyeni hɔ awowasideɛ. Ɔmmɔ korɔno, mmom ɔde nʼaduane ma deɛ ɛkɔm de noɔ na ɔfira deɛ ɔda adagya no ntoma. 17 Ɔtwe ne ho firi bɔne ho, na ɔnnye nsiho anaa mfɛntom mmorosoɔ. Ɔdi me mmara ne mʼahyɛdeɛ so. Ɔrenwu wɔ nʼagya no bɔne nti; ampa ara ɔbɛnya nkwa. 18 Nanso nʼagya no bɛwu wɔ ɔno ara bɔne enti, ɛfiri sɛ ɔsisii nnipa, bɔɔ ne yɔnko korɔno, na ɔyɛɛ bɔne wɔ ne nkurɔfoɔ mu. 19 “Nanso mobisa sɛ, ‘Adɛn enti na ɔbabarima no nnya nʼagya afɔdie no bi ho asotwe?’ Esiane sɛ ɔbabarima no ayɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ pɛ na wahwɛ yie adi mʼahyɛdeɛ nyinaa so enti, ampa ara ɔbɛnya nkwa. 20 Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ne deɛ ɔbɛwuo. Ɔbabarima no rennya nʼagya afɔdie no ho asotwe bi, saa ara na agya no nso rennya ɔbabarima no afɔdie ho asotwe no bi. Ɔteneneeni adeteneneeyɛ no bɛdi ama no, na wɔde omumuyɛfoɔ amumuyɛsɛm bɛbu atia no. 21 “Na sɛ omumuyɛfoɔ twe ne ho firi bɔne a wayɛ nyinaa ho, na ɔdi mʼahyɛdeɛ so, na afei ɔyɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɛyɛ papa a, ampa ara ɔbɛnya nkwa na ɔrenwu. 22 Wɔrennyina bɔne a wayɛ no mu biara so mmu no atɛn. Ne tenenee nneyɛɛ enti, ɔbɛnya nkwa. 23 Mʼani gye amumuyɛfoɔ wuo ho anaa? Otumfoɔ Awurade bisa. Sɛ wɔtwe wɔn ho firi wɔn akwammɔne ho na wɔnya nkwa a, mʼani nnye anaa? 24 “Na sɛ ɔteneneeni twe ne ho firi ne tenenee adeyɛ ho, kɔyɛ bɔne, na ɔyɛ akyiwadeɛ a amumuyɛfoɔ yɛ a, ɔbɛnya nkwa anaa? Wɔrenkae ne tenenee nneyɛɛ no. Esiane sɛ ɔdi nokorɛdie ho fɔ na wayɛ bɔne enti, ɔbɛwu. 25 “Nanso moka sɛ, ‘Awurade ɛkwan ntene.’ Montie, Israel efie, Me ɛkwan ntene anaa? Ɛnyɛ mo akwan mmom na ɛntene? 26 Sɛ ɔteneneeni twe ne ho firi ne tenenee nneyɛɛ ho na ɔkɔyɛ bɔne a, ɛno enti ɔbɛwu, bɔne a wayɛ enti, ɔbɛwu. 27 Nanso sɛ omumuyɛfoɔ twe ne ho firi amumuyɛsɛm a wayɛ ho, na ɔyɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɛyɛ papa a, ɔbɛgye ne kra nkwa. 28 Esiane sɛ wahunu ne mmarato na watwe ne ho afiri ho enti, ɔbɛnya nkwa na ɔrenwu. 29 Nanso, Israel efie ka sɛ, ‘Awurade ɛkwan ntene.’ Mʼakwan ntene? Israel efie, ɛnyɛ mo akwan mmom na ɛntene anaa? 30 “Ɛno enti, Israel efie, mɛbu mo mu biara atɛn sɛdeɛ nʼakwan teɛ, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ. Monsakra mo adwene! Montwe mo ho mfiri mo mmaratoɔ nyinaa ho; na afei bɔne remfa mo nkɔ asehweɛ mu bio. 31 Monto mfomsoɔ a moayɛ nyinaa ngu na moanya akoma foforɔ ne honhom foforɔ. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mowuo, Ao Israel efie? 32 Mʼani nnye obiara owuo ho, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ. ‘Monsakra mo adwene na moanya nkwa!’

< Hesekiel 18 >