< 2 Mose 31 >

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
The LORD spoke to Moses, saying,
2 “Mayi Besaleel a ɔyɛ Uri babarima na ɔyɛ Hur nana a ɔfiri Yuda abusua mu
"Look, I have called by name Bezalel the son of Uri, the son of Hur, of the tribe of Judah:
3 de Onyankopɔn Honhom ahyɛ no ma. Mama no nyansa, tumi ne adwene a ɔde bɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no ayɛ biribiara a ɛwɔ mu.
and I have filled him with the Spirit of God, in wisdom, and in understanding, and in knowledge, and in all manner of workmanship,
4 Ɔyɛ sika, dwetɛ ne kɔbere ho dwumfoɔ kɛseɛ.
to devise skillful works, to work in gold, and in silver, and in bronze,
5 Ɔwɔ agudeɛ adwinneɛ ne nnuasene ho nimdeɛ nso.
and in cutting of stones for setting, and in carving of wood, to work in all manner of workmanship.
6 Mayi Ahisamak ba Oholiab a ɔfiri Dan abusua mu sɛ ɔnyɛ ne ɔboafoɔ. “Ɛno akyi no, mama adwumayɛfoɔ no nyinaa nimdeɛ sononko bi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛtumi adi dwuma biara a mɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni no:
I, look, I have appointed with him Oholiab, the son of Ahisamach, of the tribe of Dan; and in the heart of all who are wise-hearted I have put wisdom, that they may make all that I have commanded you:
7 “sɛ ɛyɛ Ahyiaeɛ Ntomadan, sɛ ɛyɛ Apam Adaka, ne ahummɔborɔbea; sɛ ɛyɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu ahyehyɛdeɛ,
the Tent of Meeting, the ark of the testimony, the mercy seat that is on it, all the furniture of the Tent,
8 sɛ ɛyɛ ɛpono no ne ɛso nneɛma; sɛ ɛyɛ sikakɔkɔɔ kaneadua ne ɛho nneɛma; sɛ ɛyɛ ohwam afɔrebukyia;
the table and its vessels, the pure lampstand with all its vessels, the altar of incense,
9 sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔrebukyia ne ɛho nneɛma; sɛ ɛyɛ kuduo ne ne nnyinasoɔ;
the altar of burnt offering with all its vessels, the basin and its base,
10 sɛ ɛyɛ ɔsɔfoɔ Aaron ntadeɛ kronkron fɛfɛ no ne ne mma ntadeɛ sɛdeɛ wɔbɛtumi adi asɔfoɔ;
the finely worked garments—the holy garments for Aaron the priest—the garments of his sons to minister in the priest's office,
11 anaasɛ ɔsra ngo no ne kronkronbea hɔ aduhwam. “Ɛsɛ sɛ wɔfa ɛkwan a mɛkyerɛ wo no so na wɔyɛ yeinom nyinaa.”
the anointing oil, and the incense of sweet spices for the holy place: according to all that I have commanded you they shall do."
12 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
The LORD spoke to Moses, saying,
13 “Ka kyerɛ wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ ɛduru homeda a, wɔnhome, ɛfiri sɛ, saa homeda no na daa ɛkae apam a me ne mo apam no. Ɛboa mo ma mokae sɛ mene Awurade a meyɛ mo kronkron no.
"Speak also to the children of Israel, saying, 'Most certainly you shall keep my Sabbaths: for it is a sign between me and you throughout your generations; that you may know that I am the LORD who sanctifies you.
14 “‘Monhome homeda no, ɛfiri sɛ, ɛyɛ ɛda kronkron. Obiara a ɔbɛbu saa mmara yi so no, ɔbɛwu. Na deɛ ɔbɛyɛ adwuma saa ɛda no nso, wɔbɛkum no.
You shall keep the Sabbath therefore; for it is holy to you. Everyone who profanes it shall surely be put to death; for whoever does any work in it, that soul shall be cut off from among his people.
15 Nnansia na mode bɛyɛ adwuma. Na nnanson so no yɛ homeda a wɔntoto no ase a ɛyɛ kronkron ma Awurade. Obiara a ɔbɛyɛ adwuma homeda no, wɔbɛkum no.
Six days shall work be done, but on the seventh day is a Sabbath of solemn rest, holy to the LORD. Whoever does any work on the Sabbath day shall surely be put to death.
16 Momfa nna nsia nyɛ mo nnwuma nyinaa, ɛfiri sɛ, ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda kronkron ma Awurade. Saa mmara yi yɛ apam ne ahyɛdeɛ a ɛwɔ hɔ daa ma Israelfoɔ.
Therefore the children of Israel shall keep the Sabbath, to observe the Sabbath throughout their generations, for a perpetual covenant.
17 Ɛbɛyɛ daa apam a ɛda me ne Israelfoɔ ntam no ho nsɛnkyerɛnneɛ. Ɛfiri sɛ, nna nsia mu na Awurade de bɔɔ ɔsoro ne asase, ɛnna ɔhomee ɛda a ɛtɔ so nson no.’”
It is a sign between me and the children of Israel forever; for in six days the LORD made heaven and earth, and on the seventh day he rested, and was refreshed.'"
18 Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose wɔ Sinai Bepɔ so wieeɛ no, ɔde aboɔ apono mmienu a ɔde ne nsa atwerɛ Mmaransɛm Edu no wɔ so no maa no.
He gave to Moses, when he finished speaking with him on Mount Sinai, the two tablets of the testimony, stone tablets, written by the finger of God.

< 2 Mose 31 >