< Ɛster 9 >

1 Na Adar bosome (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so nson, wɔde ɔhene no mmara mmienu no yɛɛ adwuma. Saa ɛda no, na Yudafoɔ no atamfoɔ no ani da so sɛ, wɔbɛsɛe wɔn, nanso ani daneeɛ. 2 Yudafoɔ no boaa wɔn ho ano wɔ wɔn nkuropɔn a ɛwɔ ɔhene amantam no mu no nyinaa so, bɔɔ wɔn ho ban, de tiaa obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛha wɔn. Nanso, obiara antumi ansɔre antia wɔn, ɛfiri sɛ, na obiara suro wɔn. 3 Esiane Mordekai ho hu enti, amantam so asafohene nyinaa, mmapɔmma, amradofoɔ ne ɔhene adwumayɛfoɔ nyinaa boaa Yudafoɔ no. 4 Ɛfiri sɛ na wama Mordekai panin wɔ ahemfie hɔ, ama ne din ahyeta amantam no nyinaa so wɔ ɛberɛ a na ne tumi nso rekɔ soro. 5 Na da a wɔahyɛ no, Yudafoɔ no kunkumm wɔn atamfoɔ, sɛee wɔn wɔ akofena ano. Wɔkunkumm wɔn atamfoɔ, tɔree wɔn ase, na wɔyɛɛ wɔn a wɔtan wɔn no deɛ wɔpɛ biara. 6 Wɔkunkumm nnipa ahanum wɔ Susa aban no mu. 7 Afei, wɔkumm Parsandata, Dalfon ne Aspata, 8 Porata, Adalia, Aridata, 9 Parmasta, Arisai, Aridai ne Waisata 10 a wɔyɛ Hamedata babarima Haman a ɔyɛ Yudafoɔ ɔtamfoɔ no mmammarima edu no. Nanso, wɔamfa asadeɛ biara. 11 Ɛberɛ a wɔbɔɔ ɔhene no amaneɛ a ɛfa nnipa dodoɔ a wɔkumm wɔn wɔ Susa aban mu ho anwummerɛ no, 12 ɔmaa wɔfrɛɛ Ɔhemmaa Ɛster, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yudafoɔ no akunkum nnipa ahanum wɔ Susa aban mu nko ara ne Haman mmammarima edu. Sɛ wɔayɛ saa wɔ ha deɛ a, ɛnneɛ asɛm bɛn na asi wɔ amantam a aka no mu? Afei, ɛdeɛn bio na wohwehwɛ? Wɔde bɛma wo. Ka kyerɛ me na mɛyɛ.” 13 Na Ɛster kaa sɛ, “Ɔhenkɛseɛ, sɛ ɛsɔ wʼani a, ma Yudafoɔ a wɔwɔ Susa no kwan na wɔnyɛ deɛ wɔyɛɛ no ɛnnɛ no bio ɔkyena, na wɔmfa Haman mmammarima edu no amu nsensɛn dua no so.” 14 Na ɔhene no penee so, na wɔbɔɔ mmara no ho dawuro wɔ Susa. Wɔsane de Haman mmammarima edu no amu sensɛnee dua no so. 15 Na Yudafoɔ a wɔwɔ Susa no boaa wɔn ho ano Adar bosome (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so nwɔtwe, na wɔsane kunkumm nnipa ahasa, na bio, wɔamfa asadeɛ biara. 16 Saa ɛberɛ no mu, na Yudafoɔ nkaeɛ no a wɔwɔ Ɔhene no amantam mu nyinaa no aboa wɔn ho ano, rebɔ wɔn nkwa ho ban. Wɔkumm wɔn atamfoɔ no ɔpeduɔson enum, nam so nyaa ɔgyeɛ firii wɔn atamfoɔ nsam. Nanso, wɔamfa asadeɛ biara. 17 Amantam no nyinaa mu, saa ara na wɔyɛɛ Adar bosome (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so nson no. Adeɛ kyeeɛ no, wɔhomeeɛ, didiiɛ, gyee wɔn ani wɔ wɔn nkonimdie no ho. 18 Nanso, Yudafoɔ a wɔwɔ Susa no toaa so kunkumm wɔn atamfoɔ no da a ɛtɔ so mmienu no nso, na wɔhomee ne nnansa so didiiɛ, gyee wɔn ani. 19 Enti, ɛbɛsi ɛnnɛ yi, Yudafoɔ a wɔtete nkuraa a wɔntwaa afasuo mfaa ho no di saa afirinhyia dapɔnna yi. Wɔdi afoofi saa awɔberɛ da yi mu, sɛpɛ wɔn ho, de akyɛdeɛ mema wɔn ho wɔn ho. 20 Mordekai twerɛɛ saa nsɛm a ɛsisiiɛ yi nyinaa, na wɔde nkrataa kɔmemaa Yudafoɔ a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyiri wɔ ɔhene no amantam nyinaa mu, 21 hyɛɛ wɔn nkuran sɛ, wɔnni afirinhyia afahyɛ yi wɔ saa nnanu no mu. 22 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔnhyɛ saa nna no ho fa a adidie ne ɔnom ka ho, na wɔmma wɔn ho wɔn ho ne ahiafoɔ akyɛdeɛ. Yei bɛma Yudafoɔ no akae ɛberɛ a wɔnyaa ɔgyeɛ firii wɔn atamfoɔ nsam, wɔn awerɛhoɔ danee anigyeɛ, na wɔn su bɛyɛɛ ahosɛpɛ no. 23 Enti, Yudafoɔ no faa Mordekai adwenkyerɛ no, hyɛɛ afirinhyia amanneɛ no ase. 24 Na Hamedata, a ɔfiri Agag babarima Haman, a ɔyɛ Yudafoɔ ɔtamfoɔ no pamm sɛ ɔbɛyam wɔn, asɛe wɔn saa da no ne ɔbosome a ɔnam ntontobɔ so nyaeɛ no. (Na wɔfrɛ saa ntonto no Purim). 25 Nanso, Ɛster baa ɔhene anim no, ɔhyɛɛ mmara, nam so maa Haman adwemmɔne no bɔɔ ne tiri so, na wɔsɛnee no ne mmammarima wɔ dua no so. 26 (Ɛno enti na wɔfrɛ saa afahyɛ no Purim no, ɛfiri sɛ, ɛyɛ tete kasa a asekyerɛ ne ntontobɔ.) Esiane Mordekai krataa no ne osuahunu a wɔanya enti, 27 Yudafoɔ a wɔwɔ ahemman no mu no nyinaa penee so sɛ, wɔbɛhyɛ saa amanneɛ no ho fa, na wɔama wɔn awoɔ ntoatoasoɔ ne wɔn a wɔbɛyɛ Yudafoɔ no nyinaa abɛhyɛ bi. Wɔn nyinaa gye too mu sɛ, saa nnanu a wɔayi ato hɔ sɛ wɔnhyɛ fa no afe biara mu no, wɔremma ɛmmpa wɔn tiri so da. 28 Wɔbɛkae saa nna yi, wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu na ɛsɛ sɛ abusua biara a ɛwɔ amantam ne nkuropɔn wɔ ahemman no mu no di. Wɔrennyae saa nna yi di wɔ Yudafoɔ mu, na nsɛm a ɛsiiɛ no nso wɔn asefoɔ werɛ remfiri da. 29 Na Ɔhemmaa Ɛster, Abihail babaa no ne Yudani Mordekai twerɛɛ krataa foforɔ a wɔde ɔhemmaa no tumi kɛseɛ foaa krataa no so de hyɛɛ Purim afahyɛ no mu den. 30 Ɛno akyi, wɔsoma maa wɔde nkrataa a wɔde bɛma asomdwoeɛ ne banbɔ aba, kɔɔ Yudafoɔ a wɔwɔ amantam ɔha ne aduonu nson no a ɛwɔ Ahasweros ahemman no nyinaa so. 31 Saa nkrataa yi ma Purim Afahyɛ a ɛyɛ afirinhyiadeɛ a wɔdi no ɛnnɛ yi ara no tim. Yudani Mordekai ne Ɔhemmaa Ɛster na wɔhyɛɛ mmara no. (Nnipa no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛhyɛ saa fa yi, sɛdeɛ wɔasi no gyinaeɛ ama wɔn ho ne wɔn asefoɔ de ama mmuadadie ne agyaadwotwa mmerɛ atim no.) 32 Enti Ɛster ɔhyɛ no sii Purim ho nhyɛhyɛɛ so dua, na wɔtwerɛɛ ne nyinaa guu nkrataa mu.

< Ɛster 9 >