< Ɔsɛnkafoɔ 7 >

1 Edin pa yɛ sene aduhwam papa, na owuda yɛ sene awoda.
Bedre er et godt navn enn god olje, og bedre dødsdagen enn den dag en blir født.
2 Ɛyɛ sɛ obi bɛkɔ ayie ase sene sɛ ɔbɛkɔ apontoɔ ase, ɛfiri sɛ owuo yɛ onipa biara hyɛberɛ na ɛsɛ sɛ ateasefoɔ hyɛ yei nso.
Bedre er det å gå til sørgehus enn til gjestebudshus, fordi i sørgehuset ender hvert menneskes liv, og den som lever, legger sig det på hjerte.
3 Awerɛhoɔ yɛ sene ɔsereɛ, ɛfiri sɛ, anim a ayɛ mmɔbɔ mmɔbɔ de akoma mu nsiesie pa ba.
Bedre er gremmelse enn latter; for mens ansiktet er sørgmodig, er hjertet vel til mote.
4 Onyansafoɔ akoma wɔ ayie ase, nanso nkwaseafoɔ akoma wɔ ahosɛpɛfoɔ fie.
De vises hjerte er i sorgens hus, men dårenes hjerte i gledens hus.
5 Ɛyɛ sɛ wɔbɛtie onyansafoɔ animka sene sɛ wɔbɛtie nkwaseafoɔ dwom.
Bedre er det å høre skjenn av en vis enn å høre sang av dårer;
6 Sɛdeɛ nkasɛɛ turituri wɔ ɛsɛn ase no saa ara na nkwaseafoɔ sereɛ teɛ. Yei nso yɛ ahuhudeɛ.
for som tornene spraker under gryten, så er det når dåren ler; også dette er tomhet.
7 Nsisie ma onyansafoɔ dane ɔkwasea, na kɛtɛasehyɛ sɛe akoma.
For urettmessig vinning gjør den vise til dåre, og bestikkelse ødelegger hjertet.
8 Asɛm awieeɛ yɛ sene ne ahyɛaseɛ, na ntoboaseɛ yɛ sene ahantan.
Bedre er enden på en ting enn begynnelsen, bedre å være tålmodig enn overmodig.
9 Mma wʼakoma nsɔre ntɛm ntɛm na abufuo da wo nso sɛ ɔkwasea.
Vær ikke for hastig i din ånd til å vredes; for vreden bor i dårers barm.
10 Ɛnka sɛ, “Adɛn enti na tete nna no yɛ sene ɛnnɛ mmerɛ yi?” Onyansafoɔ mmisa nsɛm sei.
Si ikke: Hvorav kommer det at de fremfarne dager var bedre enn de som nu er? For det er ikke av visdom du spør om det.
11 Nimdeɛ, sɛ agyapadeɛ no, yɛ adepa. Ɛho wɔ mfasoɔ ma wɔn a wɔhunu owia.
Visdom er jevngod med arvegods, ja ennu ypperligere for dem som ser solen;
12 Sɛdeɛ nimdeɛ yɛ banbɔ no saa ara na sika nso teɛ, nanso nhunumu ho adeɛ a ɛyɛ ne sɛ: deɛ ɔwɔ nimdeɛ no bɔ ne nkwa ho ban.
for å være i visdommens skygge er som å være i skyggen av rikdom, men kunnskapens fortrin er at visdommen holder sin eier i live.
13 Dwene deɛ Onyankopɔn ayɛ ho: Hwan na ɔbɛtumi atene deɛ wayɛ ama akyea?
Se på Guds verk! For hvem kan gjøre rett det som han har gjort kroket?
14 Mmere pa mu, ma wʼani nnye; nanso mmere bɔne mu, hunu sɛ Onyankopɔn na wayɛ ne nyinaa. Ɛno enti onipa ntumi nhunu deɛ ɛbɛto no daakye.
På en god dag skal du være ved godt mot, og på en ond dag skal du tenke på at Gud har gjort den og, like så vel som den andre, forat mennesket ikke skal finne noget efter sig.
15 Me nkwa nna a ɛyɛ ahuhudeɛ yi mu, mahunu nneɛma mmienu: Ɔteneneeni a ɔwu wɔ ne tenenee mu, ne omumuyɛfoɔ a ɔtena ase kyɛ wɔ nʼamumuyɛ mu.
Alt dette har jeg sett i mitt tomme liv: Mangen rettferdig går til grunne tross sin rettferdighet, og mangen ugudelig lever lenge tross sin ondskap.
16 Ɛnyɛ wo ho ɔteneneeni ntra so, na ɛnyɛ wo ho onyansafoɔ mmoro so, adɛn enti na wosɛe wo ho?
Vær ikke altfor rettferdig og te dig ikke overvettes vis! hvorfor vil du ødelegge dig selv?
17 Ɛnyɛ omumuyɛfoɔ ntra so, na ɛnyɛ ɔkwasea nso, adɛn enti na ɛsɛ sɛ wowu ansa na wo berɛ aso?
Vær ikke altfor urettferdig, og vær ikke en dåre! Hvorfor vil du dø før tiden?
18 Ɛyɛ sɛ wobɛsɔ baako mu nanso nnyaa deɛ aka no mu. Onipa a ɔsuro Onyankopɔn no bɛsi adeyɛ mmorosoɔ biara ano.
Det er godt at du holder fast ved det ene, men du skal heller ikke slippe det andre; for den som frykter Gud, finner en utvei av alt dette.
19 Nimdeɛ ma onyansafoɔ baako tumi bebree sene kuropɔn mu sodifoɔ edu.
Visdommen er et sterkere vern for den vise enn ti mektige menn i en by;
20 Onipa teneneeni biara nni asase so a ɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne da.
for det finnes ikke et rettferdig menneske på jorden, som bare gjør godt og aldri synder.
21 Mfa deɛ nnipa ka nyinaa nyɛ asɛm, anyɛ saa a, wobɛte sɛ wo ɔsomfoɔ redome wo,
Akt heller ikke på alt det folk sier, ellers kunde du få høre din tjener banne dig!
22 na wonim wɔ wʼakoma sɛ, wo nso woadome nkurɔfoɔ mpɛn bebree.
For du vet jo med dig selv at også du mange ganger har bannet andre.
23 Mede nimdeɛ asɔ yeinom nyinaa ahwɛ, na mekaa sɛ, “Masi mʼadwene pi sɛ mɛyɛ onyansafoɔ” nanso na yei boro me so.
Alt dette har jeg prøvd med visdom; Jeg sa: Jeg vil vinne visdom, men den er ennu langt borte fra mig.
24 Sɛdeɛ nimdeɛ teɛ biara, ɛwɔ akyiri, na emu dɔ, hwan na ɔbɛtumi ahwehwɛ ahunu?
Det som er langt borte og dypt, dypt skjult - hvem kan finne det?
25 Afei meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛte aseɛ, ayɛ nhwehwɛmu na mapɛɛpɛɛ nimdeɛ ne sɛdeɛ nneɛma nhyehyɛeɛ teɛ na mate amumuyɛ mu agyimisɛm ase ne nkwaseasɛm mu abɔdamsɛm nso.
Jeg så mig om, og min attrå var å vinne kunnskap og å granske og søke efter visdom og klokskap og å forstå at ugudelighet er dårskap, og at dårskapen er galskap.
26 Mahunu deɛ ɛyɛ nwono sene owuo ɔbaa a ɔyɛ afidie; nʼakoma yɛ nnaadaa na ne nsa yɛ mpɔkyerɛ. Onipa a ɔsɔ Onyankopɔn ani no renkɔ ne ho nanso ɔbɔnefoɔ deɛ, ɔbɛtɔ nʼafidie mu.
Og jeg fant noget som er bitrere enn døden: kvinnen - hun er et garn og hennes hjerte en snare, og hennes hender er lenker; den som tekkes Gud, slipper fra henne, men synderen blir fanget av henne.
27 Ɔsɛnkafoɔ no sɛ, “Hwɛ yei ne deɛ mahwehwɛ ahunu: “Mekekaa nneɛma bobɔɔ so pɛɛ sɛ mehunu sɛdeɛ nneɛma nhyehyɛeɛ teɛ.
Se, dette fant jeg ut, sier predikeren, idet jeg la det ene til det andre for å finne hovedsummen.
28 Mereyɛ nhwehwɛ mu na menhunu hwee no, mehunuu ɔbarima teneneeni baako wɔ mmarima apem mu, nanso manhunu ɔbaa teneneeni biara wɔ wɔn mu.
Det som jeg stadig har søkt, men ikke har funnet, det er: En mann har jeg funnet blandt tusen, men en kvinne har jeg ikke funnet blandt dem alle.
29 Yei nko ara na mahunu: Onyankopɔn yɛɛ adasamma teneneefoɔ, nanso nnipa adane wɔn ho hwehwɛ nhyehyɛeɛ foforɔ.”
Se, dette er det eneste jeg har funnet ut, at Gud skapte mennesket som det skulde være, men de søker mange kunster.

< Ɔsɛnkafoɔ 7 >