< Ɔsɛnkafoɔ 1 >

1 Yeinom ne nsɛm a Ɔsɛnkafoɔ, ɔhene Dawid babarima a ɔyɛ ɔhene wɔ Yerusalem seɛ: 2 “Ahuhudeɛ! Ahuhudeɛ!” Ɔsɛnkafoɔ no na ɔseɛ. “Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ Biribiara yɛ ahuhudeɛ.” 3 Ɛdeɛn na onipa nya firi nʼadwumayɛ nyinaa mu? Deɛn na ɔnya firi deɛ enti ɔkum ne ho yɛ no awia so no? 4 Awoɔ ntoatoasoɔ ba na ɛkɔ, nanso asase tim hɔ daa. 5 Owia pue na owia kɔtɔ, na ɛyɛ ntɛm kɔ deɛ ɛpue firiiɛ hɔ. 6 Mframa bɔ kɔ anafoɔ fam na ɛdane hwɛ atifi fam; ɛkyinkyini kɔ baabiara na ɛsane bɔ fa ne kwan so. 7 Nsubɔntene nyinaa tene kɔgu ɛpo mu, nanso ɛpo nyɛ ma da. Baabi a nsubɔntene no firie no ɛhɔ na wɔsane kɔ bio. 8 Biribiara yɛ ɔbrɛ a ɛboro deɛ obi bɛka soɔ. Ani nhwɛ adeɛ nwie da na aso nso ntie nsɛm mma ɛmmu so da. 9 Deɛ aba no bɛba bio, deɛ wɔayɛ no, wɔbɛyɛ bio; adeɛ foforɔ biara nni owia yi ase. 10 Biribi wɔ hɔ a wɔbɛtumi aka wɔ ho sɛ: “Hwɛ! Yei yɛ ade foforɔ” anaa? Ɛwɔ hɔ dada firi tete nteredee; ɛwɔ hɔ ansa na wɔwoo yɛn. 11 Wɔnnkae tetefoɔ no, na wɔn a wɔnnya nnwoo wɔn no nso wɔn a wɔbɛdi wɔn akyi no renkae wɔn. 12 Me, Ɔsɛnkafoɔ, na meyɛ Israelhene wɔ Yerusalem. 13 Metuu me ho sii hɔ sɛ mede nimdeɛ bɛsua ayɛ nhwehwɛmu wɔ biribiara a wɔyɛ no owia yi ase ho. Adesoa duruduru bɛn na Onyankopɔn de ato adasamma soɔ yi! 14 Mahunu biribiara a wɔyɛ no owia yi ase; ne nyinaa nka hwee, ɛte sɛ deɛ obi de mmirika taa mframa. 15 Deɛ akyea no, wɔntumi ntene; na deɛ ɛnni hɔ no, wɔntumi nkan. 16 Mekaa wɔ me ho sɛ, “Hwɛ, manyini na manya nimdeɛ bebree asene obiara a watena Yerusalem ahennwa so ansa na merebɛdi adeɛ. Manya nhunumu ne nimdeɛ mu osuahunu.” 17 Afei, meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛhwehwɛ na mate nimdeɛ ase, ɛne abɔdamsɛm ne nkwaseasɛm. Nanso mehunuu sɛ yei nso te sɛ deɛ obi di mmirika taa mframa. 18 Nimdeɛ bebree de awerɛhoɔ na ɛba; nyansa bebree de ahohiahia bebree ba.

< Ɔsɛnkafoɔ 1 >