< 5 Mose 32 >

1 Monyɛ aso, Ao ɔsoro na mɛkasa! Tie, Ao asase, nsɛm a ɛfiri mʼanom. 2 Me nkyerɛkyerɛ bɛtɔ agu mo so sɛ nsuo; me kasa bɛgu sɛ obosuo. Me nsɛm bɛtɔ sɛ osuo a ɛgu ɛserɛ foforɔ so, te sɛ nsuo a ɛpete afifideɛ foforɔ so. 3 Mɛbɔ Awurade din; Animuonyam wɔ yɛn Onyankopɔn. 4 Ɔyɛ Ɔbotan; nʼadwuma yɛ pɛ; Biribiara a ɔyɛ nam ne kwan so, na ɛyɛ. Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafoɔ a ɔnyɛ mfomsoɔ; Ɔteneneeni ne nokwafoɔ ne no. 5 Nanso wɔayɛ amumuyɛsɛm atia no; sɛ wɔyɛ saa a, na wɔyɛ ne mma anaa? Wɔyɛ adaadaafoɔ ne nkyirimma kɔntɔnkye. 6 Saa na ɛsɛ sɛ mo ne Awurade di no? Mo nkwaseafoɔ ne adwenemherɛfoɔ. Ɛnyɛ ɔno ne mo Agya, mo yɛfoɔ? Ɛnyɛ ɔno na ɔbɔɔ mo na ɔmaa mo nnyinasoɔ? 7 Monkae tete nna; monnwene awoɔ ntoatoasoɔ a atwam ho. Mommisa mo agya na ɔbɛkyerɛ mo. Mommisa mo mpanimfoɔ na wɔbɛka akyerɛ mo. 8 Ɛberɛ a Ɔsorosoroni kyekyɛɛ nsase maa amanaman, na ɔkyekyɛɛ adasamma mu no, ɔtotoo ahyeɛ maa nnipa no sɛdeɛ Israelfoɔ no ano sie. 9 Ɛfiri sɛ, Israelfoɔ yɛ Awurade dea; Yakob yɛ nʼagyapadeɛ sononko. 10 Ɔhunuu wɔn wɔ ɛserɛ asase so Asase kesee a hwee nni so so. Ɔtwaa wɔn ho hyiaeɛ, hwɛɛ wɔn so; Wɛn wɔn sɛ nʼagyapadeɛ a ɛsom bo. 11 Sɛdeɛ ɔkɔdeɛ hwanyan ne mma, na ɔbɔ mpɛmpɛn fa wɔn ho, saa ara na ɔtrɛɛ ne ntaban mu bumaa wɔn, sɔɔ wɔn mu den de wɔn tu kɔɔ soro. 12 Awurade nko na ɔkyerɛ wɔn ɛkwan. Wɔtenaa ase a wɔnni ananafoɔ anyame biara. 13 Ɔma wɔnante faa nkokoɔ so; Ɔma wɔdi mfuo so nnɔbaeɛ; ɔde abotan mu woɔ, ne ngo a ɛfiri abohemaa mu siesie wɔn. 14 Ɔde anantwie nufosuo mu sradeɛ ne nnwan nufosuo, nnwan ne mmirekyie mu sradeɛ ma wɔdiiɛ. Ɔde Basan nnwennini ne nnwan a wɔadɔre, ne atokoɔ papa maa wɔn. Monom bobesa papa a ɛfiri bobe mu. 15 Nanso, ankyɛre Yeshurun dɔree sradeɛ yɛɛ ahomasoɔ; nnipa no mu yɛɛ duru, yɛɛ abrane, yɛɛ pemee! Afei, wɔpaa Onyankopɔn a ɔbɔɔ wɔn; wɔammu wɔn Botan a ɔyɛ wɔn nkwagyeɛ no. 16 Wɔkanyane ne ninkunutwe, ɛfiri sɛ wɔsomm anyame foforɔ; wɔyɛɛ akyiwadeɛ pii de hyɛɛ no abufuo. 17 Wɔbɔɔ afɔdeɛ maa ahonhom fi, anyame huhuo, anyame a na wɔnnim wɔn dada, anyame a wɔbaa nnansa yi ara, anyame a na wɔn agyanom nsuro wɔn. 18 Mopaa Ɔbotan a ɔyɛɛ mo agya no. Mo werɛ firii Onyankopɔn a ɔwoo mo no. 19 Awurade hunuu yei na wɔn ho yɛɛ no nwunu. Ɔno ankasa mmammarima ne ne mmammaa hyɛɛ no abufuo. 20 Ɔkaa sɛ, “Mɛgya wɔn hɔ; Mɛma wɔn awieeɛ aba! Ɛfiri sɛ, wɔyɛ awoɔ ntoatoasoɔ kɔntɔnkye; mma a wɔnni nokorɛ. 21 Wɔde anyame foforɔ som akanyane me ninkuntwe; wɔde anyame huhuo ahyɛ me abufuo. Afei, mɛhyira aman a wɔnyɛ me ɔman mpo ama wɔn ani abere; mɛhyira aman amanmufoɔ a wɔnni nteaseɛ ahyɛ wɔn abufuo. 22 Mʼabufuo dɛre sɛ ogya, na ɛhye kɔsi damena mu. Ɛsɛe asase ne so nnɔbaeɛ nyinaa na ɛpaapae mmepɔ fapem. (Sheol h7585) 23 “Mɛhɔre amanehunu wɔ wɔn so na mato me bɛmma awowɔ wɔn. 24 Mede ɛkɔm kɛseɛ, huraeɛnini ne owuyadeɛ bɛba wɔn so. Wɔde wiram mmoa se ne awɔ a wɔn ano wɔ borɔ a wɔwea fam bɛha wɔn. 25 Mmɔntene so no wɔbɛwuwu akofena ano, na afie mu, ehu bɛtɔ wɔn so. Mmeranteɛ ne mmabaawa mmɔfra ne mpanin nyinaa. 26 Meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛbɔ wɔn ahwete ama wɔn nkaeɛ ayera. 27 Nanso, mesuroo ɔtamfoɔ fɛdie, sɛ ebia atiafoɔ rente aseɛ na wɔaka sɛ, ‘Yɛn tumi adi nkonim! Ɛnyɛ Awurade na ɔyɛeɛ!’” 28 Israel yɛ ɔman a wɔnni adwene. Nnipa no yɛ nkwaseafoɔ, na wɔnni nteaseɛ. 29 Ao, sɛ wɔnim nyansa a, anka wɔbɛte yei ase! Ao, anka wɔbɛhunu wɔn hyɛberɛ! 30 Ɛbɛyɛ dɛn na onipa baako ataa nnipa apem, na baanu bɛma ɔpedu adwane, gye sɛ wɔn Botan atɔn wɔn. Gye sɛ Awurade ayi wɔn ama. 31 Na wɔn botan nte sɛ yɛn Botan, sɛdeɛ wɔhunu no. 32 Wɔn bobe nyini firi Sodom bobe mu firi Gomora bobe nturom. Wɔn bobe aba yɛ awuduro na wɔn siaka nso yɛ nwono. 33 Wɔn bobesa yɛ awɔ ano borɔ; aprammire ano borɔ kɔdiawuo. 34 “Merekora saa nneɛma yi nyinaa, asɔ ano de asie mʼadekoradan mu. 35 Mɛtɔ awere; wɔn a ɛfata wɔn no, ɛbɛtua wɔn so ka. Ɛrenkyɛre wɔn nan bɛwatiri. Wɔn amanehunu da no bɛduru, na wɔn hyɛberɛ bɛto wɔn.” 36 Awurade bɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn na wasesa nʼadwene wɔ ne nkoa ho, Ɛberɛ a wahunu sɛ wɔn ahoɔden asa, na ɛnkaa obiara, akoa anaa ɔdehyeɛ. 37 Ɔbɛbisa sɛ, “Afei wɔn anyame no wɔ he, ɔbotan a wɔde yɛɛ wɔn dwanekɔbea no, 38 anyame a wɔdii wɔn afɔrebɔdeɛ mu sradeɛ no na wɔnom wɔn afɔrebɔdeɛ mu nsã no? Ma saa anyame no nsɔre mmɛboa mo! Ma wɔnyɛ mo dwanekɔbea! 39 “Afei, monhunu sɛ, me ara me ne no! Onyame biara nni hɔ sɛ me! Me na mekum na mema nkwa: Me na mepira, na mesa; obi ntumi nnye wo mfiri me nsam. 40 Afei, mepagya me nsa kyerɛ soro Ka sɛ: Sɛ mete ase yi, 41 Sɛ mese mʼakofena a ɛpa yerɛ yerɛ ano na mefiri atemmuo ase a, mɛtɔ mʼatamfoɔ so awere na matua wɔn a wɔtan me so ka. 42 Mɛma me bɛmma anom mogya abo, na mʼakofena asɛe honam, atɔfoɔ ne nnommumfoɔ mogya, ne atamfoɔ ntuanofoɔ tiri.” 43 Ao ɔsorosoro, mo ne no nni ahurisie, ɛfiri sɛ, ɔbɛtɔ nʼasomfoɔ mogya so were. Ɔbɛtɔ nʼatamfoɔ so awere na wadwira nʼasase ne ne nkurɔfoɔ ho. 44 Mose ne Nun babarima Hosea baeɛ bɛkaa dwom yi mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ nnipa no. 45 Mose wiee saa dwom no mu nsɛm no ka no, 46 ɔka kaa ho sɛ, “Momfa nsɛm a maka akyerɛ mo no nyinaa nsie mo akoma mu. Monka nkyerɛ mo mma nso sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛdi emu asɛm biara so sɛ mmara. 47 Saa nkyerɛkyerɛ yi nyɛ nsɛm bi kwa, ɛyɛ mo nkwa! Sɛ modi so a, mo nkwa nna bɛware wɔ asase a moretwa Asubɔnten Yordan akɔtena so no so.” 48 Ɛda no ara, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 49 “Kɔ Moab, kɔ mmepɔ a ɛwɔ asuo no apueeɛ no so, na foro Nebo bepɔ a ɛne Yeriko di nhwɛanim no. To wʼani hwɛ Kanaan asase no, asase a mede rema Israelfoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ no. 50 Ɛhɔ na wobɛwu wɔ bepɔ no so, na woakɔka wʼagyanom ho, sɛdeɛ wo nua Aaron wuu wɔ Hor bepɔ so kɔkaa nʼagyanom ho no. 51 Ɛfiri sɛ, mo baanu dii me hwammɔ wɔ Israelfoɔ mu wɔ Meriba ne Kades asuo ho wɔ Sin ɛserɛ so. Moanni me kronkronyɛ ho adanseɛ ankyerɛ Israelfoɔ no wɔ hɔ. 52 Ɛno enti, mobɛhunu asase no afiri akyiri, nanso mo nan rensi asase a mede rema Israelfoɔ no so.”

< 5 Mose 32 >