< 5 Mose 23 >

1 Ɔbarima a wɔasa no anaa wɔatwa ne barima atwene no mmma Awurade badwa ase. 2 Wɔn a wɔyɛ mpena mma ne wɔn asefoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so edu no mmma Awurade badwa ase. 3 Amonfoɔ anaa Moabfoɔ anaa sɛ wɔn asefoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ edu no mu biara mmma Awurade badwa ase. 4 Saa aman yi annye mo, amma mo aduane anaa sɛ nsuo ɛberɛ a mofiri Misraim reba no. Mmom, wɔkɔbɔɔ Beor babarima Balaam a ɔfiri Petor a ɛwɔ Mesopotamia paa sɛ ɔmmɛdome mo. 5 Nanso Awurade, mo Onyankopɔn, antie Balaam. Ɔdanee nnome no ma ɛyɛɛ nhyira maa mo, ɛfiri sɛ, Awurade mo Onyankopɔn dɔ mo. 6 Na sɛ mote ase yi, mommmoa Amonfoɔ ne Moabfoɔ ɛkwan biara so da biara da. 7 Monnkyiri Edomfoɔ anaa Misraimfoɔ, ɛfiri sɛ, Edomfoɔ yɛ mo nuanom na motenaa Misraimfoɔ nso mu sɛ ahɔhoɔ. 8 Misraimfoɔ awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa a wɔne mo firii Misraim no bɛkɔ Awurade badwa ase. 9 Sɛ mokɔ ɔko de tia mo atamfoɔ a, montwe mo ho mfiri deɛ ɛho nte biara ho. 10 Sɛ ɔbarima bi ho gu fi ɛsiane anadwo mu ahobaa a, ɛsɛ sɛ ɔfiri atenaeɛ hɔ kɔtena baabi ɛda mu no nyinaa. 11 Ɛduru anwummerɛ a, ɛsɛ sɛ ɔdware na owia kɔtɔ a, ɔnsane mmra atenaeɛ hɔ. 12 Montwa baabi a mobɛgya mo anan wɔ asraafoɔ atenaeɛ hɔ. 13 Mo mu biara mfa sofi nka ne nneɛma ho. Ɛberɛ biara a mobɛgya mo anan no, momfa sofi no ntu amena na monkata agyanan no so. 14 Ɛsɛ sɛ asraafoɔ atenaeɛ hɔ yɛ kronkron, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, nam mo atenaeɛ no so bɔ mo ho ban, na moadi mo atamfoɔ so nkonim. Ɛnsɛ sɛ ɔhunu animguasedeɛ biara wɔ mo mu; sɛ ɛba saa a, ɔbɛdane nʼakyi akyerɛ mo. 15 Sɛ ɛba sɛ nkoa dwane firi wɔn wuranom nkyɛn na wɔba mo nkyɛn bɛgye wɔn ho dwanekɔbea a, mommpam wɔn mma wɔnnsane wɔn akyi. 16 Momma wɔntena mo mu wɔ kuro biara a wɔpɛ so a monnnyɛ wɔn aniɛyaadeɛ. 17 Ɛnsɛ sɛ Israelni barima anaa ɔbaa yɛ no ho hyiadan mu odwamanfoɔ. 18 Mommfa afɔrebɔdeɛ anaa adenya bi a ɛfiri odwamanfoɔ nkyɛn, sɛ ɔyɛ ɔbarima anaa ɔbaa, mma Awurade mo Onyankopɔn fie, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Awurade mo Onyankopɔn akyiwadeɛ. 19 Bosea a mobɔ mo yɔnko Israelni no, sɛ ɛyɛ sika, aduane anaa biribi foforɔ no, monnnye ho mfɛntom. 20 Motumi gye bosea ho mfɛntom firi ahɔhoɔ nkyɛn, na ɛnyɛ Israelfoɔ nkyɛn, sɛdeɛ Awurade, mo Onyankopɔn, bɛhyira mo wɔ biribiara a moyɛ mu wɔ asase a morekɔ so akɔfa no. 21 Sɛ mohyɛ Awurade mo Onyankopɔn bɔ a, biribiara a mohyɛɛ no ho bɔ no, monyɛ no ntɛm so. Ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn hwehwɛ sɛ, ɛbɔ a moahyɛ no no, mobɛdi so ntɛm so. Sɛ moanyɛ a, mobɛdi ho fɔ. 22 Nanso, sɛ moanhyɛ biribiara ho bɔ a, monyɛɛ bɔne biara. 23 Na sɛ wo ara wofiri wo pɛ mu hyɛ bɔ a, hwɛ yie na di asɛm a woaka no so, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn na woahyɛ no bɔ no. 24 Wotumi di bobe aba dodoɔ biara wɔ wo yɔnko bobe turom nanso, mfa bi ngu kɛntɛn mu nkɔ. 25 Saa ara na mobɛtumi de mo nsa apempan aburoo mmɛtem kakra wɔ mo yɔnko afuom, nanso ɛnsɛ sɛ mode sekan twa.

< 5 Mose 23 >