< 5 Mose 18 >

1 Asɔfoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ, nokorɛm Lewi abusuakuo nyinaa nni kyɛfa ne agyapadeɛ biara wɔ Israel ɔman mu te sɛ mmusuakuo a aka no. Mmom, asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no bɛdi ogya afɔdeɛ a wɔbɔ ma Awurade no bi sɛ wɔn agyapadeɛ. 2 Israelfoɔ mu deɛ, wɔrennya agyapadeɛ biara sɛ wɔn ankasa kyɛfa. Awurade ankasa bɛyɛ wɔn kyɛfa sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn bɔ no ara. 3 Yei ne kyɛfa a asɔfoɔ no bɛnya afiri anantwie ne odwan a nnipa no de bɛbɔ afɔdeɛ no mu: nʼabati, nʼapantan ne nʼayamdeɛ. 4 Afei, momma wɔn mo aburookan mu adeɛ, nsã foforɔ ne ngo ne nwi a ɛdi ɛkan a wɔtwitwa firi odwan ho. 5 Ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, ayi Lewifoɔ afiri mo mmusuakuo nyinaa mu sɛ wɔnnyina, nsom daa wɔ Awurade din mu. 6 Sɛ Lewini bi pɛ na ɔfiri mo nkuro no mu biara a ɔte so mu wɔ Israel kɔ baabi a Awurade ayi a, 7 ɔtumi som wɔ Awurade, ne Onyankopɔn, din mu te sɛ deɛ ne nkurɔfoɔ Lewifoɔ a wɔsom wɔ hɔ wɔ Awurade anim no yɛ no ara. 8 Sɛ mpo wanya sika bi afiri abusua agyapadeɛ bi tɔn mu a, wɔde ne kyɛfa a ɛwɔ afɔrebɔdeɛ no mu sɛ Lewini no bɛma no sɛ asɛdeɛ. 9 Sɛ monya duru asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no so a, monhwɛ yie na moansua amanaman a ɛwɔ hɔ no amanneɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ. 10 Mommma wɔnnhunu sɛ mo mu bi de ne babarima anaa ne babaa abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Na mommma mo nnipa no nnyɛ akɔmfoɔ a wɔhyɛ abosom nkɔm, abayifoɔ ne abisakorɔfoɔ, ne ntafowayifoɔ 11 ne nkaberɛkyerefoɔ ne asamanfrɛfoɔ, adutofoɔ a ɔbisa afunu. 12 Obiara a ɔyɛ saa adeɛ yi bi no yɛ Awurade akyiwadeɛ na saa akyiwadeɛ yi enti, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛpamo saa aman no afiri mo anim. 13 Na wɔmmfa so bi nto mo so wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim. 14 Aman a morekɔtu wɔn yi tie wɔn a wɔpɛ abayisɛm ne nkɔmhyɛsɛm. Nanso mo deɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, mma mo kwan sɛ monyɛ saa. 15 Awurade, mo Onyankopɔn, bɛyi odiyifoɔ a ɔte sɛ me afiri mo Israelfoɔ yi ara mu. Ɛsɛ sɛ moyɛ ɔsetie ma no. 16 Saa na mo ankasa mobisaa Awurade, mo Onyankopɔn, ɛberɛ a mohyiaa wɔ Horeb no. Mosrɛɛ sɛ mompɛ sɛ mote Awurade, mo Onyankopɔn, nne anaa mohunu egyadɛreɛ bio, ɛfiri sɛ, mosuro sɛ anhwɛ a, mobɛwuwu. 17 Na Awurade buaa sɛ, “Mɛyɛ wɔn abisadeɛ ama wɔn. 18 Mɛda odiyifoɔ te sɛ wo adi afiri wɔn nkurɔfoɔ Israelfoɔ mu. Mɛkyerɛ saa odiyifoɔ no asɛm a mɛhyɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ nnipa no, na ɔbɛka akyerɛ wɔn. 19 Obiara a wantie asɛm a odiyifoɔ no bɛka wɔ me din mu no, mʼankasa me ne ɔsoɔdenfoɔ no bɛdi. 20 Na odiyifoɔ biara a ɔnam onyame foforɔ bi so ka asɛm anaa ɔdi atorɔ wɔ me din mu no bɛwu.” 21 Mobɛbisa mo ho sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na yɛahunu sɛ adiyisɛm no firi Awurade anaasɛ ɛmfiri no?” 22 Sɛ odiyifoɔ no hyɛ nkɔm wɔ Awurade din mu na amma mu a, na ɛnyɛ Awurade na ɔde asɛm no maeɛ. Na ɛkyerɛ sɛ, saa odiyifoɔ no ara kaa ɔno ankasa nʼasɛm bi kwa enti ɛnsɛ sɛ wɔsuro no.

< 5 Mose 18 >