< 5 Mose 1 >

1 Yei ne nsɛm a Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa wɔ ɛserɛ no so wɔ Yordan apueeɛ. Wɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Yordan bɔnhwa a ɛbɛn Suf, wɔ Paran, Tofel, Laban, Haserot ne Di-Sahab ntam no. 2 Ɛfiri Horeb de kɔ Kades-Barnea no, ɛkwan a ɛfa bepɔ Seir no yɛ nnafua dubaako kwan. 3 Israelfoɔ firii Bepɔ Sinai no, afe a ɛtɔ so aduanan no bosome dubaako no ɛda a ɛdi ɛkan no, Mose kaa nsɛm a Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ Israelfoɔ no pɛpɛɛpɛ kyerɛɛ wɔn. 4 Ɔkaa saa asɛm yi wɔ ɛberɛ a na wɔadi Amorifoɔ ɔhene Sihon a na ɔdi adeɛ wɔ Hesbon ne Basanhene Og a na ɔdi adeɛ wɔ Astarot ne Edrei so nkonim. 5 Yordan agya a ɛwɔ Moab asase so na Mose firii aseɛ kyerɛkyerɛɛ mmara no mu sɛ: 6 Awurade ka kyerɛɛ yɛn wɔ Horeb sɛ: “Moatena saa bepɔ yi so akyɛre dodo. 7 Montutu nkɔtena Amorifoɔ nkokoɔ so; monkɔtena nnipa a wɔbemmɛn Araba mmepɔ no mu ne atɔeɛ mmepɔ ayaase nyinaa mu; monkɔ Negeb na momfa mpoano nkɔsi Kanaanfoɔ asase so ne Lebanon nkɔduru Asubɔnten Eufrate ho. 8 Montie! Mede saa asase yi ama mo. Monkɔ na monkɔfa asase a Awurade hyɛɛ bɔ sɛ ɔde bɛma mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob ne wɔn asefoɔ no.” 9 Saa ɛberɛ no, meka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Me nko ara merentumi nyɛ mo ho adwuma. 10 Awurade, mo Onyankopɔn, ama moadɔre enti ɛnnɛ yi, mo ase afɛe te sɛ ɔsoro nsoromma. 11 Awurade mo agyanom Onyankopɔn mma mo nnɔre mmɔho mpempem na ɔnhyira mo sɛdeɛ wahyɛ mo bɔ no. 12 Na ɛbɛyɛ dɛn na me nko mɛtumi masoa mo haw ne mo nnesoa ne mo aperedie? 13 Monyi mmarima bi a wɔwɔ nyansa, nteaseɛ, na wɔwɔ edin pa mfiri abusuakuo biara mu na memfa wɔn ntuatua mo ano.” 14 Mobuaa me sɛ, “Dwuma a woasusu sɛ wobɛdi no yɛ.” 15 Enti, mede mo mmusuakuo mu mmarima atitire, anyansafoɔ a wɔn anim wɔ nyam no tuatuaa mo ano apem apem, ɔha ɔha, aduonum aduonum ne edu edu so mpanin ne mo mmusuakuo so sɛ ahwɛfoɔ. 16 Na atemmufoɔ a wɔwɔ hɔ saa ɛberɛ no nso, mehyɛɛ wɔn sɛ, sɛ akasakasa ba anuanom ntam, sɛ asɛm no yɛ Israelni ne ne nua bi anaa Israelni ne ɔhɔhoɔ bi a, monhwɛ na mommu atɛntenenee. 17 Mo atemmuo mu, mommmu ntɛnkyea. Montie ɔketewa ne ɔkɛseɛ pɛ. Monnsuro onipa biara, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na ɔbu atɛn. Asɛm a ɛyɛ den ma mo no, momfa mmrɛ me na menni. 18 Na saa ɛberɛ no, mekaa biribiara a ɛsɛ sɛ moyɛ kyerɛɛ mo. 19 Na sɛdeɛ Awurade hyɛɛ yɛn no, yɛfirii Horeb de yɛn ani kyerɛɛ Amorifoɔ bepɔ a yɛnam ɛserɛ pradada a moahunu no so kɔduruu Kades-Barnea. 20 Afei, meka kyerɛɛ mo sɛ, “Moaduru Amorifoɔ bepɔman a Awurade de rema yɛn no so. 21 Awurade, mo Onyankopɔn, de asase no ama mo. Momforo nkɔfa sɛdeɛ Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, ka kyerɛɛ mo no. Monnsuro: mommma obi ntu mo aba mu.” 22 Ɛnna mo nyinaa baa me nkyɛn bɛkaa sɛ, “Momma yɛnsoma mmarima nni yɛn anim na wɔnkɔsra asase no mma yɛn na wɔmmɛka deɛ wɔbɛhunu nkyerɛ yɛn na ɛno na ɛbɛkyerɛ yɛn ɛkwan ne nkuro ko a yɛbɛfa so.” 23 Na saa nsusuiɛ yi yɛ ma me enti meyii akwansrafoɔ dumienu a ɔbaako biara firi mo mmusuakuo dumienu no mu. 24 Wɔforoo bepɔ no na wɔkɔduruu Eskol subɔnhwa mu sraa hɔ. 25 Na wɔfaa asase no so aba bi de brɛɛ yɛn. Na wɔkaa sɛ, asase a Awurade yɛn Onyankopɔn de ama yɛn no yɛ asase pa. 26 Nanso, na mompɛ sɛ moforo kɔ soro. Motee Awurade asɛm so atua. 27 Monwiinwii wɔ mo ntomadan mu kaa sɛ, “Awurade tan yɛn enti na ɔde yɛn firi Misraim de yɛn abɛhyɛ Amorifoɔ nsam sɛ wɔnkunkum yɛn. 28 Yɛrekɔ no sɛn? Yɛn akwansrafoɔ no amanneɛbɔ no abu yɛn aba mu. ‘Wɔka sɛ asase no so nnipa yɛ atentene ahoɔdenfoɔ sene yɛn. Wɔn nkuro yɛ akɛseɛ a afasuo a wɔatoto afa ho no kɔ ɔsorosoro. Na mpo, yɛhunuu Anakfoɔ mma no bi wɔ hɔ!’” 29 Na meka kyerɛɛ mo sɛ, “Monnsuro! 30 Awurade di mo anim. Ɔbɛko ama mo sɛdeɛ mohunuu no sɛ ɔyɛɛ wɔ Misraim no. 31 Na mohunuu nso sɛdeɛ Awurade kɔɔ so hwɛɛ mo ntoatoasoɔ wɔ ɛserɛ so ha sɛdeɛ agya hwɛ ne ba no. Afei, ɔde mo abɛduru beaeɛ ha.” 32 Nanso, deɛ ɔyɛ maa mo no nyinaa akyi no, moannye Awurade anni. 33 Ɔdii mo anim pɛɛ beaeɛ pa maa mo tenaeɛ, de ogyadum kyerɛɛ mo ɛkwan anadwo de omununkum dum kyerɛɛ mo ɛkwan awia. 34 Awurade tee sɛ morenwiinwii no, ne bo fuu yie na ɔkaa ntam sɛ, 35 “Saa awoɔ ntoatoasoɔ bɔne yi mu, onipa baako koraa nni hɔ a ɔbɛhunu asase pa a maka ho ntam sɛ mede bɛma mo agyanom 36 agye Yefune babarima Kaleb. Ɔno na ɔbɛhunu saa asase yi. Mede asase a ne nan sii so no bɛma ɔne nʼasefoɔ, ɛfiri sɛ, wadi Awurade akyi nokorɛm.” 37 Me nso, ɛsiane mo enti, Awurade bo fuu me. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Wo nan rensi Bɔhyɛ Asase no so da! 38 Na mmom, wo ɔboafoɔ Nun babarima Yosua na ɔbɛdi ɔmanfoɔ no anim akɔ asase no so. Na sɛ ɔreboa ne ho akɔ hɔ a, hyɛ no nkuran. 39 Mede asase no bɛma wo mma a wɔnnim biribiara. Wo mma a wɔnnim papa nnim bɔne no. Na mosuro sɛ wɔbɛfa wɔn nnommum, nanso wɔn na mede asase no bɛma wɔn. Wɔn na wɔbɛtena asase no so. 40 Na mo deɛ, monnane mo ani nkɔ ɛserɛ so a ɛrekɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no so hɔ.” 41 Ɛnna mogye too mu sɛ “Yɛayɛ bɔne atia Awurade. Yɛbɛkɔ asase no so akɔko sɛdeɛ Awurade aka akyerɛ yɛn no.” Enti, wɔfaa wɔn akodeɛ miaeɛ. Na wɔgye di sɛ ɛhɔ sodie bɛyɛ mmerɛ ama wɔn. 42 Nanso, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Mma wɔnnkɔko, ɛfiri sɛ, wɔkɔ a merenni wɔn akyi. Wɔn atamfoɔ no bɛdi wɔn so.’” 43 Asɛm a meka kyerɛɛ mo ni, nanso moantie. Na mmom, mosɔre tiaa Awurade ahyɛdeɛ no bio nam ahomasoɔ so kɔɔ asase no so kɔkoeɛ. 44 Amorifoɔ a wɔte bepɔ no so nso sɔre baa sɛ nwowa ne mo koeɛ. Wɔtaa mo kunkumm mo firii Seir kɔduruu Horma. 45 Afei, mosane baa mo akyi bɛsuu wɔ Awurade anim, nanso wantie. 46 Enti, motenaa Kades nna bebree.

< 5 Mose 1 >