< Daniel 9 >

1 Ahasweros babarima Dario (a nʼase firi Media) a wɔyɛɛ no ɔhene wɔ Babilonia ahennie so no
I Darius, Ahasveruses søns første regeringsår, han som var af medisk Byrd og var blevet Konge over kaldæernes Rige,
2 afe a ɛdi ɛkan no, me, Daniel, metee aseɛ firii atwerɛsɛm mu sɛdeɛ Awurade de maa Odiyifoɔ Yeremia sɛ, Yerusalem bɛda mpan mfirinhyia aduɔson.
i hans første Regeringsår lagde jeg, Daniel, i Skrifterne Mærke til det Åremål, i hvilket Jerusalem efter HERRENs Ord til Profeten Jeremias skulde ligge i Grus, halvfjerdsindstyve År.
3 Ɛno enti, mefiraa ayitoma de nsõ huraa me ho dii mmuada. Afei mede nkotosrɛ kɔɔ Awurade Onyankopɔn anim kɔbɔɔ mpaeɛ srɛɛeɛ.
Jeg vendte mit Ansigt til Gud Herren for at fremføre Bøn og Begæring under Faste i Sæk og Aske.
4 Mebɔɔ Awurade me Onyankopɔn mpaeɛ, na mepaee mu kaa sɛ: “Ao Awurade, wo a wo so na woyɛ Onyankopɔn nwanwani! Wo a wodi ɔdɔ apam so—ɔdɔ apam a woayɛ ama wɔn a wɔdɔ wo na wɔdi wo mmara so.
Og jeg bad til HERREN min Gud, bekendte og sagde: "Ak, Herre, du store, forfærdelige Gud, som holder fast ved Pagten og Miskundheden mod dem, der elsker dig og holder dine Bud!
5 Yɛayɛ bɔne, na yɛayɛ mfomsoɔ. Yɛabɔ atirimuɔden na yɛate atua; yɛakwati wo mmara ne wo nhyɛ.
Vi har syndet og handlet ilde, været gudløse og genstridige; vi veg fra dine Bud og Vedtægter
6 Yɛantie wʼasomfoɔ adiyifoɔ a wɔkasaa wɔ wo din mu kyerɛɛ yɛn ahemfo ne ahenemma ne agyanom ne nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa.
og hørte ikke på dine Tjenere Profeterne, som talte i dit Navn til vore Konger, Fyrster og Fædre og til alt Folket i Landet.
7 “Awurade, woyɛ ɔteneneeni, nanso ɛnnɛ deɛ, yɛn anim agu ase, Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ ne Israelfoɔ nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri a wɔabɔ apansam. Esiane yɛn amumuyɛ enti, yɛn anim agu ase.
Du står med Retten, Herre, vi med vort Ansigts Blusel, som det nu viser sig, vi Judas Mænd, Jerusalems Borgere, ja alt Israel fjernt og nær i alle Lande, hvor du drev dem hen for deres Troløshed imod dig.
8 Ao, Awurade, aniwuo aka yɛn ne yɛn ahemfo, ahenemma ne yɛn agyanom, ɛfiri sɛ, yɛayɛ bɔne atia wo.
Herre, vi står med vort Ansigts Blusel, vore Konger, Fyrster og Fædre, fordi vi syndede imod dig.
9 Ɛwom sɛ, yɛate Awurade yɛn Onyankopɔn anim atua, nanso ɔyɛ ahummɔborɔ na ɔde bɔne kyɛ.
Men hos Herren vor Gud er Barmhjertighed og Tilgivelse, thi vi stod ham imod
10 Yɛanyɛ ɔsetie amma Awurade yɛn Onyankopɔn, na yɛanni ne mmara a ɔnam nʼasomfoɔ adiyifoɔ so de maa yɛn no so.
og adlød ikke HERREN vor Guds Røst, så vi fulgte hans Love, som han forelagde os ved sine Tjenere Profeterne.
11 Israel nyinaa abu wo mmara so, na wɔafiri ho a wɔmpɛ sɛ wɔyɛ ɔsetie ma wo. “Enti, nnome ne atemmuo a wɔaka ntam atwerɛ wɔ Onyankopɔn ɔsomfoɔ Mose Mmara mu no, wɔahwie agu yɛn so, sɛ yɛayɛ bɔne atia wo enti.
Nej, hele Israel overtrådte din Lov og faldt fra, ulydige mod din Røst; så udøste den svorne Forbandelse, som står skrevet i Guds Tjener Mosess Lov, sig over os, thi vi syndede imod ham;
12 Ɔhaw kɛseɛ a wobɔɔ ho kɔkɔ sɛ wobɛyɛ atia yɛn ne yɛn ahemfo no, woayɛ. Ɔsoro ase nyinaa, biribiara nsii sɛdeɛ asi wɔ Yerusalem no bi da.
og han fuldbyrdede de Ord, han havde talet imod os og de Herskere, som herskede over os, så han bragte en Ulykke over os så stor, at der ingensteds under Himmelen er sket Mage til den Ulykke, som ramte Jerusalem.
13 Sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Mose mmara mu no, saa amanehunu yi nyinaa aba yɛn so, nanso yɛnhwehwɛɛ Awurade yɛn Onyankopɔn mmɔborɔhunu, sɛ yɛbɛfiri yɛn bɔne ho na yɛapɛ nokorɛ akyiri ɛkwan.
Som skrevet står i Mose Lov, kom hele denne Ulykke over os; og vi stemte ikke HERREN vor Gud til Mildhed ved at vende om fra vore Misgerninger og vinde Indsigt i din Sandhed.
14 Awurade antwentwɛn sɛ ɔde amanehunu no bɛba yɛn so, ɛfiri sɛ Awurade yɛn Onyankopɔn yɛ pɛ biribiara a ɔyɛ mu, nanso yɛanyɛ ɔsetie amma no.
Derfor var HERREN årvågen over Ulykken og bragte den over os; thi HERREN vor Gud er retfærdig mod alle Skabninger, som han har skabt, og vi adlød ikke hans Røst.
15 “Ao, Awurade yɛn Onyankopɔn, wo a wode nsa a ɛyɛ den yii wo nkurɔfoɔ firii Misraim, de gyee din a atena hɔ abɛsi ɛnnɛ yi, yɛayɛ bɔne, yɛayɛ mfomsoɔ.
Og nu, Herre vor Gud, du, som med stærk Hånd førte dit Folk ud af Ægypten og vandt dig et Navn, som er det samme den Dag i Dag: Vi syndede og var gudløse!
16 Awurade, sɛdeɛ wo tenenee nneyɛɛ nyinaa teɛ no enti, yi wʼabofuo ne wʼanibereɛ firi wo kuropɔn Yerusalem ne wo bepɔ kronkron no so. Esiane yɛn bɔne ne yɛn agyanom amumuyɛ enti, nnipa a atwa Yerusalem ho ahyia no nyinaa di Yerusalem ne wo nkurɔfoɔ ho fɛw.
Herre, lad dog efter alle dine Retfærdshandlinger din Vrede og Harme vende sig fra din By Jerusalem, dit hellige Bjerg; thi ved vore Synder og vore Fædres Misgerninger er Jerusalem og dit Folk blevet til Spot for alle vore Naboer.
17 “Na afei yɛn Onyankopɔn, tie wʼakoa mpaeɛbɔ, ne ne nkotosrɛ. Wo enti, Ao, Awurade, te wʼanim bio kyerɛ wo kronkronbea hɔ a agyigya no.
Så lyt da nu, vor Gud, til din Tjeners Bøn og Begæring og lad dit Ansigt lyse over din ødelagte Helligdom for din egen Skyld, o Herre!
18 Yɛ aso, Ao, me Onyankopɔn na tie; bue wʼani, na hwɛ kuropɔn a wo Din da soɔ a agyigya no. Ɛnyɛ yɛn tenenee enti na yɛde yɛn nkotosrɛ aba wʼanim, na mmom ɛyɛ wo mmɔborɔhunu bebrebe no enti.
Bøj dit Øre, min Gud, og hør, oplad dine Øjne og se Ødelæggelsen, som er overgået os, og Byen, dit Navn er nævnet over; thi ikke i Tillid til vore Retfærdshandlinger fremfører vi vor Begæring for dit Åsyn, men i Tillid til din store Barmhjertighed.
19 Ao, Awurade, tie! Ao, Awurade, fa kyɛ! Ao, Awurade, tie na yɛ! Wo enti, me Onyankopɔn, ntwentwɛn wo nan ase, ɛfiri sɛ, wo Din da wo kuropɔn ne wo nkurɔfoɔ so.”
Herre, hør! Herre, tilgiv! Herre, lån Øre og grib uden Tøven ind for din egen Skyld, min Gud; thi dit Navn er nævnet over din By og dit Folk!"
20 Ɛberɛ a merekasa na merebɔ mpaeɛ, na mereka me ne me nkurɔfoɔ Israelfoɔ bɔne akyerɛ, na mede mʼadesrɛ reto Awurade me Onyankopɔn anim ama ne bepɔ kronkron no,
Medens jeg endnu talte således, bad og bekendte min og mit Folk Israels Synd og for HERREN min Guds Åsyn fremførte min Forbøn for min Guds hellige Bjerg,
21 na megu so rebɔ mpaeɛ no, Gabriel a mehunuu no kane anisoadehunu mu no de ahoɔherɛ baa me nkyɛn bɛyɛ anwummerɛ afɔrebɔ berɛ mu.
medens jeg endnu bad, kom Manden Gabriel, som jeg tidligere havde set i Synet, hastigt flyvende nær hen til mig ved Aftenofferets Tid;
22 Ɔkyerɛkyerɛɛ me sɛ, “Daniel, maba ha sɛ merebrɛ wo nhunumu ne nteaseɛ.
og da han var kommet, talede han således til mig: "Daniel, jeg er nu kommet for at give dig Indsigt.
23 Wohyɛɛ aseɛ sɛ worebɔ mpaeɛ pɛ no, mmuaeɛ baeɛ, na maba sɛ merebɛka akyerɛ wo, ɛfiri sɛ, wɔbu wo yie. Enti dwene asɛm no ho na te anisoadehunu no ase.
Straks du begyndte at bede, udgik et Ord, og jeg er kommet for at kundgøre dig det; thi du er højt elsket; så mærk dig Ordet og agt på Åbenbaringen!
24 “‘Mmerɛ aduɔson ahodoɔ nson’ na wɔahyɛ ama wo nkurɔfoɔ ne wo kuropɔn kronkron no, sɛ wɔgyae mmarato, na wɔtwa bɔneyɛ so, na wɔpata atirimuɔden, na tenenee a ɛto ntwa da ba, na wɔsɔ anisoadehunu ne nkɔmhyɛ ano, na wɔsra Kronkron mu Kronkronbea hɔ ngo.
Halvfjerdsindstyve Uger er fastsat over dit Folk og din hellige By, indtil Overtrædelsen er fuldendt, Syndens Målfuldt, Misgerningen sonet, evig Retfærdighed hidført, Syn og Profet beseglet og en højhellig Helligdom salvet.
25 “Tie na te yei ase: Ɛfiri ɛberɛ a asɛm no bɛkɔ ama wɔasi Yerusalem ayɛ no foforɔ, kɔsi sɛ Deɛ Wɔasra no Ngo no bɛba no bɛyɛ mmerɛ nson ahodoɔ ‘nson’, ne aduosia mmienu ahodoɔ ‘nson’. Wɔbɛyiyi mmorɔno ne akwan na wɔayɛ abanbɔdeɛ a ɛyɛ den, nanso ɛbɛyɛ ahohiahia berɛ mu.
Og du skal vide og forstå: Fra den Tid Ordet om Jerusalems Genrejsning og Opbyggelse udgik, indtil en Salvet, en Fyrste, kommer, er der syv Uger; og i to og tresindstyve Uger skal det genrejses og opbygges med Torve og Gader under Tidernes Trængsel.
26 Mmerɛ aduosia mmienu ahodoɔ nson akyi no, wɔbɛkum Deɛ Wɔasra no ngo no a wɔrennya ne ho asɛm biara. Ɔhene a ɔbɛba no nkurɔfoɔ bɛba abɛsɛe kuropɔn ne kronkronbea no. Awieeɛ no bɛba sɛ nsuyire, na ɔko ne emu ahoyera bɛba akɔsi awieeɛ sɛdeɛ wɔahyɛ no.
Men efter de to og tresindstyve Uger skal en Salvet bortryddes uden Dom, og Byen og Helligdommen skal ødelægges tillige med en Fyrste. Og Enden kommer med Oversvømmelse, og indtil Enden skal der være Krig, den fastsatte Ødelæggelse.
27 Ɔbɛsi ɔno ne nnipa bebree ntam apam so dua wɔ mmerɛ ‘nson’ baako mu. Na mmerɛ ‘nson’ no mfimfini no, ɔbɛgyae afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ ma. Ɔbɛdua abusudeɛ a ɛde ɔsɛeɛ bɛba wɔ asɔredan no no mu, kɔsi sɛ awieeɛ a wɔahyɛ no bɛhwie agu ne so.”
Og pagten skal ophæves for de mange i een Uge, og i Ugens sidste Halvdel skal Slagtoffer og Afgrødeoffer ophøre, og Ødelæggelsens Vederstyggelighed skal sættes på det hellige Sted, indtil den fastsatte Undergang udøser sig over Ødelæggeren.

< Daniel 9 >