< Daniel 7 >

1 Ɔhene Belsasar adedie afe a ɛdi ɛkan wɔ Babilonia mu no, Daniel soo daeɛ, hunuu anisoadehunu ahodoɔ ɛberɛ a ɔda ne mpa so no. Ɔtwerɛɛ daeɛ no mu nsɛm titire too hɔ.
En la unua jaro de Belŝacar, reĝo de Babel, Daniel havis sonĝon kaj vizion de sia kapo sur sia lito. Li enskribis tiun sonĝon, prezentinte la esencon de la afero.
2 Daniel kaa sɛ, “Mʼanisoadehunu no mu saa anadwo no, mehunuu ɔsoro mframa ɛnan a ɛrebobɔ fa ɛpo kɛseɛ no so.
Daniel komencis sian rakonton, dirante: Mi vidis en mia nokta vizio, ke jen kvar ventoj de la ĉielo batalas inter si sur granda maro.
3 Afei, mmoa akɛseɛ ɛnan bi pue firii ɛpo no mu a wɔn mu biara bɔbea nko.
Kaj eliris el la maro kvar grandegaj bestoj malsimilaj unu al alia.
4 “Na aboa a ɔdi ɛkan no te sɛ gyata a ɔwɔ ɔkɔdeɛ ntaban. Mehwɛɛ no ara kɔsii sɛ wɔtutuu ne ntaban no, na wɔpagyaa no ma ɔgyinaa ne nan mmienu so te sɛ onipa. Na wɔmaa no onipa adwen.
La unua estis kiel leono, sed ĝi havis flugilojn de aglo; mi vidis, kiel fine oni deŝiris de ĝi la flugilojn, oni levis ĝin de la tero, kaj starigis sur piedoj, kiel homon, kaj homa koro estis donita al ĝi.
5 “Afei, mehunuu aboa a ɔtɔ so mmienu a na ɔte sɛ sisire. Na ɔda ne nkyɛn mu a na mfempadeɛ mmiɛnsa hyɛ ne se ntam wɔ nʼanom. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Sɔre na we ɛnam a wobɛtumi!’
Jen ankaŭ dua besto, simila al urso, staris ĉe ĝia flanko, kaj tri kojnodentojn ĝi havis en sia buŝo, inter siaj dentoj. Kaj estis dirite al ĝi: Leviĝu, kaj manĝu multe da karno.
6 “Yei akyi no, mehunuu aboa foforɔ a ɔte sɛ ɔsebɔ. Na ɔwɔ ntaban ɛnan a ɛte sɛ nnomaa ntaban a ɛtuatua nʼakyi. Saa aboa yi wɔ tire ɛnan, na wɔmaa no tumi kɛseɛ.
Poste mi vidis ankoraŭ unu beston, similan al leopardo; sur sia dorso ĝi havis kvar flugilojn de birdo, kaj kvar kapojn havis tiu besto, kaj potenco estis donita al ĝi.
7 “Yei akyi no, mʼanisoadehunu anadwo no, mehunuu aboa a ɔtɔ so ɛnan a ne ho yɛ hu yie, na ne ho yɛ den nso. Ɔwɔ se akɛseɛ a ɛyɛ dadeɛ na ɔde bubu mmoa a ɔkyere wɔn na wawe, na afei ɔde ne nan tiatia nkaeɛ no so. Ɔda nso koraa wɔ mmoa nkaeɛ no mu. Na ɔwɔ mmɛn edu.
Poste mi vidis en la nokta vizio beston kvaran, teruran, monstran, kaj tre fortan; ĝi havis grandegajn ferajn dentojn; ĝi manĝegis kaj frakasis, kaj la restaĵon ĝi dispremis per la piedoj; ĝi estis malsimila al ĉiuj antaŭaj bestoj kaj havis dek kornojn.
8 “Ɛberɛ a megu so redwene mmɛn no ho no, abɛn ketewa foforɔ bi pueɛ wɔ mmɛn dada no ntam, na ɛtutuu mmɛn dada no mu mmiɛnsa. Na saa abɛn ketewa no wɔ aniwa te sɛ onipa, na ɔwɔ ano a ɛkasa ahantan so.
Mi rigardis tiujn kornojn, kaj jen inter ili aperis alia korno, malgranda; kaj tri el la antaŭaj kornoj estis elŝiritaj antaŭ ĝi kun la radiko; kaj jen montriĝis, ke tiu korno havas okulojn, kiel okuloj de homo, kaj buŝon, kiu parolas malhumile.
9 “Megu so rehwɛ no, “mehunuu sɛ, wɔde nhennwa bɛsisii hɔ, na Deɛ ɔwɔ hɔ firi Tete no bɛtenaa ase. Na nʼatadeɛ yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma; na ne tirinwi hoa sɛ odwan nwi. Nʼahennwa dɛre sɛ ogyaframa na nʼahennwa nhankra nso dɛree framfram.
Fine mi vidis, ke estas starigitaj tronoj, kaj sidiĝis la Antaŭtempulo. Lia vesto estis blanka kiel neĝo, kaj la haroj sur Lia kapo estis kiel pura lano; Lia trono estis brilantaj flamoj, ĝiaj radoj estis flamanta fajro.
10 Na ogya a ɛte sɛ asubɔnten tene firii nʼanim baeɛ. Abɔfoɔ mpempem kotoo no, na ɔpepe nso gyinagyinaa nʼanim. Abadwafoɔ no tenaa ase, na wɔhyɛɛ aseɛ buebuee nwoma mu.
Fajra rivero elfluis kaj disverŝiĝis antaŭ Li; miloj da miloj servis al Li, kaj dekmiloj da dekmiloj staris antaŭ Li. La juĝantoj sidiĝis, kaj la libroj malfermiĝis.
11 “Na mekɔɔ so hwɛeɛ, ɛfiri sɛ, na abɛn ketewa no de ahantan rekasa. Mehwɛeɛ ara kɔsii sɛ wɔkumm aboa no, na wɔtoo no twenee ogyaframa a ɛrederɛ framfram no mu.
Tiam mi vidis, kiel fine, pro la malhumilaj vortoj, kiujn parolis la korno, la besto estis mortigita, kaj ĝia korpo estis frakasita, kaj ĵetita en fajron, por forbruli.
12 Mmoa a aka no nso, wɔgyee wɔn tumi firii wɔn nsam, ma wɔtenaa ase kyɛree kakra.
Ankaŭ de la aliaj bestoj oni forprenis ilian potencon, kaj daŭro de la vivo estis donita al ili nur por difinita tempo kaj ĝis difinita templimo.
13 “Anadwo a menyaa mʼanisoadehunu no, mehwɛ hunuu obi te sɛ onipa ba no a ɔnam ɔsoro omununkum mu reba. Ɔbɛn Deɛ ɔwɔ hɔ firi Tete no, wɔdii nʼanim kɔɔ ne nkyɛn.
Poste mi vidis en la nokta vizio, ke jen en la nuboj de la ĉielo iris kvazaŭ filo de homo, venis al la Antaŭtempulo, kaj estis alkondukita al Li.
14 Wɔmaa no tumi, animuonyam ne adehyetumi; na aman ne kasa ahodoɔ nyinaa somm no. Nʼahennie yɛ daa ahennie a ɛtoɔ rentwa da. Nʼahemman yɛ deɛ ɛrensɛe da.”
Kaj al li estis donita potenco, gloro, kaj regno, por ke ĉiuj popoloj, gentoj, kaj lingvoj servu al li; lia regado estas regado eterna, kiu ne ĉesiĝos, kaj lia regno ne detruiĝos.
15 “Me, Daniel, deɛ mehunuiɛ no nyinaa haa me wɔ honhom mu, na mʼanisoadehunu no bɔɔ me hu.
Ĉe mi, Daniel, ektremis mia spirito en mia korpo, kaj la vizio de mia kapo konsternis min.
16 Enti, mekɔɔ wɔn a wɔgyinagyina hɔ no mu baako, kɔbisaa no saa nneɛma no nyinaa ase. “Ɔkyerɛɛ me aseɛ sɛ:
Mi aliris al unu el la antaŭstarantoj kaj demandis lin pri la vera signifo de ĉio ĉi tio, kaj li komencis paroli al mi kaj klarigis al mi la sencon de la diritaĵo.
17 ‘Saa mmoa akɛseɛ ɛnan yi gyina hɔ ma ahemman ɛnan a wɔbɛsɔre asase so.
Tiuj kvar grandaj bestoj signifas, ke kvar regnoj formiĝos sur la tero.
18 Nanso, Ɔsorosoroni no ahotefoɔ no bɛgye ahemman no na wɔafa no afebɔɔ.’
Poste prenos la regnon la sanktuloj de la Plejaltulo, kaj ili posedos la regnon eterne, en eterna eterneco.
19 “Afei, mepɛɛ sɛ mehunu aboa a ɔtɔ so ɛnan no a na ɔda nso wɔ nkaeɛ no mu no nkyerɛaseɛ. Na ne ho yɛ hu yie, na ɔde ne se a ɛyɛ dadeɛ ne nʼabɔwerɛ a ɛyɛ kɔbere no tete mmoa a ɔkyere wɔn no we, na afei ɔde ne nan tiatia nkaeɛ no so.
Tiam mi deziris havi precizan klarigon pri la kvara besto, kiu estis malsimila al ĉiuj, kaj terura, kun feraj dentoj kaj kupraj ungegoj, manĝegis kaj frakasis kaj la restaĵon dispremis per la piedoj;
20 Afei, mepɛɛ sɛ mete mmɛn edu a na ɛtuatua ne tiri ho ne deɛ ɛpuee akyire no ase. Ɛbɛsɛee deɛ na ɛwɔ hɔ dada no mu mmiɛnsa, na yei yɛ abɛn a ɛdi mu kyɛn nkaeɛ no a na ɛwɔ onipa aniwa ne ano a ɛkasa ahantan so.
kaj pri la dek kornoj, kiuj estis sur ĝia kapo, kaj pri la alia, kiu poste eliris kaj antaŭ kiu elfalis tri, pri tiu sama korno, kiu havis okulojn kaj buŝon parolantan malhumile, kaj kiu laŭ sia aspekto estis pli granda ol la aliaj.
21 Mehwɛeɛ no, na saa abɛn yi atu ateneneefoɔ no so sa redi wɔn so nkonim,
Mi vidis, kiel tiu korno komencis bataladon kontraŭ la sanktuloj kaj estis jam venkanta ilin,
22 kɔsii sɛ, Deɛ ɔwɔ ho firi Tete no baeɛ, bɛbuu atɛn, maa Ɔsorosoroni ahotefoɔ no dii bem. Afei, ɛberɛ duruiɛ sɛ, wɔfa ahemman no.
ĝis venis la Antaŭtempulo; tiam la juĝo estis farita por la sanktuloj de la Plejaltulo, kaj venis la tempo, kiam la regnon ekposedis la sanktuloj.
23 “Afei, ɔkyerɛɛ me aseɛ sɛ, ‘Saa aboa a ɔtɔ so ɛnan yi yɛ ahemman a ɛtɔ so ɛnan a ɛbɛba asase so. Ɛbɛda nso wɔ ahemman a aka no nyinaa mu. Ɛbɛmene asase nyinaa, na atiatia so abubu no asinasini.
Kaj li diris: La kvara besto estas la kvara regno, kiu estos sur la tero, malsimila al ĉiuj regnoj, kaj ĝi manĝegos la tutan teron, piedpremos kaj frakasos ĝin.
24 Ne mmɛn edu no yɛ ahemfo edu a wɔbɛfiri saa ahemman no mu. Afei, ɔhene foforɔ bɛsɔre a ɔda nso wɔ edu a aka no mu a ɔbɛbrɛ ahemfo no mu mmiɛnsa ase.
La dek kornoj signifas, ke el tiu regno aperos dek reĝoj, kaj post ili eliros alia, malsimila al la antaŭaj, kaj faligos tri reĝojn.
25 Ɔbɛkasa atia Ɔsorosoroni no, na wahyɛ ahotefoɔ no so. Ɔbɛbɔ mmɔden sɛ, ɔbɛsesa wɔn afahyɛ kronkron ahodoɔ ne wɔn mmara no, na wɔde wɔn ahyɛ nʼase kɔsi mmerɛ bi.
Li blasfemos kontraŭ la Plejaltulo kaj frapos la sanktulojn de la Plejaltulo; li eĉ arogos al si ŝanĝi la tempojn kaj leĝojn. Ili estos transdonitaj en lian manon ĝis paso de unu tempo kaj du tempoj kaj duono de tempo.
26 “‘Nanso, abadwafoɔ bɛtena ase, na wɔagye ne tumi nyinaa, na wɔasɛe no korakora.
Poste aperos juĝo, kaj ĝi forprenos de li la potencon, por lia pereo kaj plena ekstermiĝo.
27 Afei, wɔde ahennie ne tumi ne kɛseyɛ a ɛwɔ ahemman a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa bɛma ahotefoɔ, Ɔsorosoroni no nkurɔfoɔ. Na nʼahemman bɛtena hɔ daa, na ahemfo nyinaa bɛsɔre no na wɔayɛ ɔsetie ama no.’
Sed la regado, potenco, kaj grandeco de la regnoj sub la tuta ĉielo estos donita al la sankta popolo de la Plejaltulo, kies regno estas regno eterna, kaj ĉiuj potenculoj servados kaj obeados al Li.
28 “Asɛm no awieeɛ nie. Me, Daniel, mʼadwendwene yi haa me yie na mʼanim sesaeɛ na mede saa nsɛm yi siee mʼakoma mu.”
Ĉi tie finiĝas la parolo. Mi, Daniel, estis tre konsternita de mia meditado, kaj mia vizaĝaspekto ŝanĝiĝis sur mi; sed la parolon mi konservis en mia koro.

< Daniel 7 >