< Asomafoɔ 27 >

1 Wɔsii gyinaeɛ wieeɛ sɛ yɛnkɔ Italia no, wɔde Paulo ne nneduafoɔ bi hyɛɛ Yulio a ɔyɛ Roma asraafoɔ panin no nsa.
When it was determined that we should sail for Italy, they delivered Paul and certain other prisoners to a centurion named Julius, of the Augustan band.
2 Yɛkɔtenaa ɛhyɛn bi a ɛrekɔ Asia fam no mu wɔ Adramitio. Na Makedoniani Aristarko a ɔfiri Tesalonika no ka yɛn ho.
Embarking in a ship of Adramyttium, which was about to sail to places on the coast of Asia, we put to sea, Aristarchus, a Macedonian of Thessalonica being with us.
3 Adeɛ kyeeɛ no, yɛkɔduruu Sidon. Yulio yɛɛ Paulo adɔeɛ maa ɔkɔsraa ne nnamfo maa wɔmaa no nneɛma a ɛho hia no no.
The next day, we touched at Sidon. Julius treated Paul kindly and gave him permission to go to his friends and refresh himself.
4 Esiane sɛ yɛtuu wɔ hɔ no na mframa bɔ hyia yɛn no enti, yɛka kɔɔ Kipro nifa fam.
Putting to sea from there, we sailed under the lee of Cyprus, because the winds were contrary.
5 Yɛnam ɛpo so kɔfaa Kilikia ne Pamfilia kɔduruu Mira a ɛwɔ Likia mantam mu no mu.
When we had sailed across the sea which is off Cilicia and Pamphylia, we came to Myra, a city of Lycia.
6 Ɛhɔ na asraafoɔ panin no hunuu ɛhyɛn bi a ɛfiri Aleksandria rekɔ Italia. Enti, ɔde yɛn kɔtenaa mu.
There the centurion found a ship of Alexandria sailing for Italy, and he put us on board.
7 Ɛhyɛn no kɔɔ brɛoo maa yɛdii nna wɔ ɛpo no so. Yɛbrɛeɛ ansa na yɛreduru Knido. Esiane sɛ na mframa bɔ hyia yɛn no enti, yɛfaa Salmoni hyɛngyinabea ka kɔɔ Kreta nifa fam.
When we had sailed slowly many days, and had come with difficulty opposite Cnidus, the wind not allowing us further, we sailed under the lee of Crete, opposite Salmone.
8 Yɛka kɔɔ mpoano nkakrankakra kɔsii sɛ yɛde ɔbrɛ bɛduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Hyɛn Agyinaeɛ a ɛbɛn kuro Lasea.
With difficulty sailing along it we came to a certain place called Fair Havens, near the city of Lasea.
9 Esiane sɛ na afe no rekɔ nʼawieeɛ na saa ɛberɛ no nso ɛpo no so fa yɛ hu no enti, yɛtenaa hɔ kyɛreeɛ. Paulo tuu wɔn fo sɛ,
When much time had passed and the voyage was now dangerous because the Fast had now already gone by, Paul admonished them
10 “Anuanom, mehunu sɛ, sɛ yɛtoa yɛn akwantuo yi so a, yɛbɛhunu amane ama ebia ɛhyɛn no abɔ ama emu nneɛma asɛe ama nnipa ahwere wɔn nkwa.”
and said to them, “Sirs, I perceive that the voyage will be with injury and much loss, not only of the cargo and the ship, but also of our lives.”
11 Nanso, asraafoɔ panin no antie fo a Paulo tuu wɔn no, na mmom ɔtiee nsɛm a hyɛnkafoɔ no ne ɛhyɛn no wura kaeɛ no.
But the centurion gave more heed to the master and to the owner of the ship than to those things which were spoken by Paul.
12 Esiane sɛ na hyɛngyinabea hɔ nyɛ mma sɛ wɔbɛtena hɔ awɔberɛ mu no enti, nnipa no bebree pɛɛ sɛ, sɛ ɛbɛtumi a, anka ɛhyɛn no bɛtu afiri hɔ akɔ Foinike. Foinike yɛ hyɛngyinabea a ɛwɔ Kreta a ɛda atifi ne anafoɔ ntam wɔ Atɔeɛ fam. Ɛyɛ baabi a wɔbɛtumi atena hɔ awɔberɛ mu.
Because the haven was not suitable to winter in, the majority advised going to sea from there, if by any means they could reach Phoenix and winter there, which is a port of Crete, looking southwest and northwest.
13 Mframa a ano nyɛ den bɔ firii anafoɔ fam. Yei maa nnipa no susuu sɛ wɔbɛtumi atoa wɔn akwantuo no so sɛdeɛ wɔahyehyɛ no. Enti, wɔtuu sɛkyɛ no de ɛhyɛn no faa Kreta mpoano.
When the south wind blew softly, supposing that they had obtained their purpose, they weighed anchor and sailed along Crete, close to shore.
14 Ankyɛre koraa na mframa kɛseɛ bi a wɔfrɛ no “Atifi Apueeɛ Mframa” bɔ firii supɔ no so.
But before long, a stormy wind beat down from shore, which is called Euroclydon.
15 Mframa no bɔ bunkam faa yɛn ɛhyɛn no so twee no kɔɔ ɛpo no mu. Yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛdane ɛhyɛn no ani na anyɛ yie no, yɛgyae maa mframa no twee no kɔeɛ.
When the ship was caught and couldn’t face the wind, we gave way to it and were driven along.
16 Yɛduruu supɔ ketewa bi a wɔfrɛ no Klauda ho a na ɛhɔ mframa ano nyɛ den mpo no, yɛbrɛeɛ ansa na yɛretumi atwe ɛhyɛn no kodoɔ a ɛsɛn akyire no aba mu.
Running under the lee of a small island called Clauda, we were able, with difficulty, to secure the boat.
17 Ɛhyɛn no mu adwumayɛfoɔ maa so baa ɛhyɛn no mu, kyekyeree no dendeenden. Esiane sɛ na wɔsuro sɛ wɔbɛkɔ akɔtim anwea mu enti, wɔyiyii ɛhyɛn dua no so ntoma maa mframa no bɔɔ ɛhyɛn no kɔɔ baabiara a ɛpɛ.
After they had hoisted it up, they used cables to help reinforce the ship. Fearing that they would run aground on the Syrtis sand bars, they lowered the sea anchor, and so were driven along.
18 Mframaden no kɔɔ so bɔeɛ; ɛno enti adeɛ kyeeɛ no, wɔyiyii ɛhyɛn no mu nneɛma no bi to guu ɛpo no mu.
As we laboured exceedingly with the storm, the next day they began to throw things overboard.
19 Ne nnansa so no, wɔsesaa ɛhyɛn no ho nneɛma no bi to guiɛ.
On the third day, they threw out the ship’s tackle with their own hands.
20 Nna bebree twaa mu a na yɛnhunu awia anaa nsoromma a na mframaden no gu so retu. Yei maa yɛn anidasoɔ nyinaa saeɛ.
When neither sun nor stars shone on us for many days, and no small storm pressed on us, all hope that we would be saved was now taken away.
21 Nna bebree twaa mu a na obiara anidie no, Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anuanom, sɛ motiee me na yɛantu amfiri Kreta a, anka ɛnyɛ ɛne yɛn amanehunu yi.
When they had been long without food, Paul stood up in the middle of them and said, “Sirs, you should have listened to me, and not have set sail from Crete and have gotten this injury and loss.
22 Nanso, momma mo bo ntɔ mo yam, ɛfiri sɛ, mo mu biara renwu na mmom, ɛhyɛn no na ɛbɛbɔ.
Now I exhort you to cheer up, for there will be no loss of life amongst you, but only of the ship.
23 Nnora anadwo, Onyankopɔn a mesom no no ɔbɔfoɔ baa me nkyɛn
For there stood by me this night an angel, belonging to the God whose I am and whom I serve,
24 bɛka kyerɛɛ me sɛ, ‘Paulo, nsuro! Deɛ ɛbɛyɛ biara wobɛduru Kaesare anim ama wadi wʼasɛm. Wɔn a wɔka wo ho yi nso, Onyankopɔn adom enti, biribiara renyɛ wɔn.’
saying, ‘Don’t be afraid, Paul. You must stand before Caesar. Behold, God has granted you all those who sail with you.’
25 Anuanom, momma mo bo ntɔ mo yam, ɛfiri sɛ, megye Onyankopɔn di na asɛm a waka akyerɛ me no bɛba mu pɛpɛɛpɛ.
Therefore, sirs, cheer up! For I believe God, that it will be just as it has been spoken to me.
26 Nanso, deɛ ɛbɛyɛ biara, ɛhyɛn no bɛbɔ wɔ supɔ bi mpoano.”
But we must run aground on a certain island.”
27 Ne nnawɔtwe mmienu anadwo no a na mframaden no enti ɛhyɛn no redi akɔneaba wɔ Adria ɛpo so no, ɔdasuo mu na ɛhyɛn no mu adwumayɛfoɔ hunuu sɛ yɛrebɛn asase.
But when the fourteenth night had come, as we were driven back and forth in the Adriatic Sea, about midnight the sailors surmised that they were drawing near to some land.
28 Wɔtoo susuhoma hunuu sɛ nsuo no mu tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonu. Ɛyɛɛ kakra a wɔsusuu bio no, wɔhunuu sɛ ɛyɛ anammɔn aduɔkron.
They took soundings and found twenty fathoms. After a little while, they took soundings again, and found fifteen fathoms.
29 Esiane sɛ na wɔsuro sɛ anyɛ a ɛhyɛn no bɛpem abotan bi enti, wɔtoo sɛkyɛ ɛnan wɔ ɛhyɛn no akyi twɛn kɔsii adekyeeɛ.
Fearing that we would run aground on rocky ground, they let go four anchors from the stern, and wished for daylight.
30 Ɛhyɛn no mu adwumayɛfoɔ pɛɛ sɛ wɔdwane. Enti, wɔgyaee ɛhyɛn no kodoɔ no sii ɛpo no ani boapa yɛɛ sɛdeɛ wɔrekɔto asɛkyɛ wɔ ɛhyɛn no anim.
As the sailors were trying to flee out of the ship and had lowered the boat into the sea, pretending that they would lay out anchors from the bow,
31 Paulo ka kyerɛɛ asraafoɔ panin no ne asraafoɔ a wɔka ne ho no sɛ, “Sɛ ɛhyɛn yi mu adwumayɛfoɔ no dwane a, mobɛwuwu.”
Paul said to the centurion and to the soldiers, “Unless these stay in the ship, you can’t be saved.”
32 Yei enti, asraafoɔ no twaa ahoma a ɛkyekyere ɛhyɛn no kodoɔ no mu no maa ɛkɔeɛ.
Then the soldiers cut away the ropes of the boat and let it fall off.
33 Adeɛ reyɛ akye no, Paulo srɛɛ wɔn nyinaa sɛ wɔnnidi. Deɛ ɔkae ne sɛ, “Nnawɔtwe mmienu ni, mo mu biara mfaa aduane nkaa nʼano.
While the day was coming on, Paul begged them all to take some food, saying, “Today is the fourteenth day that you wait and continue fasting, having taken nothing.
34 Mesrɛ mo, obiara nnidi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛnya ahoɔden. Biribiara renyɛ obiara.”
Therefore I beg you to take some food, for this is for your safety; for not a hair will perish from any of your heads.”
35 Paulo kasa wieeɛ no, ɔfaa burodo bɔɔ mpaeɛ, daa Onyankopɔn ase wɔ wɔn nyinaa anim na ɔbuu bi diiɛ.
When he had said this and had taken bread, he gave thanks to God in the presence of all; then he broke it and began to eat.
36 Amonom hɔ ara, wɔn nyinaa bo tɔɔ wɔn yam ma wɔhyɛɛ aseɛ didiiɛ.
Then they all cheered up, and they also took food.
37 Nnipa a na yɛwɔ ɛhyɛn no mu no dodoɔ yɛ ahanu ne aduɔson nsia.
In all, we were two hundred and seventy-six souls on the ship.
38 Obiara didi meeɛ no, ɛhyɛn no mu adwumayɛfoɔ no too aburoo a ɛwɔ ɛhyɛn no mu no guu ɛpo no mu ma ɛhyɛn no mu yɛɛ hare.
When they had eaten enough, they lightened the ship, throwing out the wheat into the sea.
39 Adeɛ kyeeɛ no, hyɛn no mu adwumayɛfoɔ no anhunu sɛ wɔaduru mpoano. Wɔhunuu baabi a ɛpo no adidi akɔ asase no mu a nsuo taa hɔ. Enti, wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛka hyɛn no akɔ hɔ ama akɔtim.
When it was day, they didn’t recognise the land, but they noticed a certain bay with a beach, and they decided to try to drive the ship onto it.
40 Ɛno enti, wɔtwitwaa hyɛn no asɛkyɛ nhoma no mu maa asɛkyɛ no guu ɛpo mu. Afei, wɔsanesanee ahoma a ɛkura akyerɛkyerɛkwan no mu na afei wɔsii ntoma a ɛwɔ ɛhyɛn no anim no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mframa bɛtumi abɔ hyɛn no akɔ mpoano.
Casting off the anchors, they left them in the sea, at the same time untying the rudder ropes. Hoisting up the foresail to the wind, they made for the beach.
41 Nanso, ɛhyɛn no kɔpem anweatam bi ma ɛtimiiɛ. Ɛhyɛn no anim timii dendeenden ɛnna nʼakyi no nso, asorɔkye a na ɛrebɔ no no ma ɛbubuiɛ.
But coming to a place where two seas met, they ran the vessel aground. The bow struck and remained immovable, but the stern began to break up by the violence of the waves.
42 Asraafoɔ no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkunkum nneduafoɔ no nyinaa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obiara rennya ɛkwan nnwane.
The soldiers’ counsel was to kill the prisoners, so that none of them would swim out and escape.
43 Nanso, ɛsiane sɛ na asraafoɔ panin no pɛ sɛ ɔgye Paulo nkwa no enti, wamma wɔn ho ɛkwan. Mmom, ɔhyɛɛ sɛ wɔn a wɔbɛtumi adware no ahyɛaseɛ nnware nkɔ mpoano.
But the centurion, desiring to save Paul, stopped them from their purpose, and commanded that those who could swim should throw themselves overboard first to go towards the land;
44 Wɔn a aka no nso ntetare mmerɛte ne nnua asinasini a abubu firi hyɛn no mu no so nkɔ mpoano. Saa ɛkwan yi so na yɛnam bɛduruu mpoano nohoa dwoodwoo.
and the rest should follow, some on planks and some on other things from the ship. So they all escaped safely to the land.

< Asomafoɔ 27 >