< Asomafoɔ 23 >

1 Paulo hwɛɛ agyinatufoɔ no dinn, kaa sɛ, “Anuanom, ahonim pa na mede mayɛ Onyankopɔn adwuma de abɛsi ɛnnɛ da yi.” 2 Anania a na ɔyɛ Ɔsɔfopanin no hyɛɛ nnipa a na wɔgyina Paulo ho no sɛ wɔmmɔ nʼano so. 3 Paulo ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo a wote sɛ ɔfasuo a wɔasra ho fitaa, Onyankopɔn bɛbɔ wo. Wote ha de mmara rebu me atɛn, nanso wobu mmara no so hyɛ sɛ wɔmmɔ me!” 4 Nnipa a na wɔgyina Paulo nkyɛn no bisaa no sɛ, “Sei na ɛsɛ sɛ wokasa kyerɛ Onyankopɔn sɔfopanin?” 5 Paulo buaa wɔn sɛ, “Anuanom, mennim sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanin. Atwerɛsɛm no ka sɛ, ‘Nka asɛmmɔne mfa wo ɔman panin ho.’” 6 Ɛberɛ a Paulo hunuu sɛ nnipa no bi yɛ Sadukifoɔ na ebi yɛ Farisifoɔ no, ɔteaam wɔ agyinatufoɔ no anim sɛ, “Me nuanom, meyɛ Farisini. Mʼawofoɔ yɛ Farisifoɔ. Gyidie a mewɔ wɔ awufosɔreɛ mu no enti na megyina ha ama wɔredi mʼasɛm yi.” 7 Asɛm a Paulo kaeɛ yi maa ntawantawa sii Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no ntam maa wɔn mu kyɛɛ mmienu, 8 ɛfiri sɛ, na Sadukifoɔ no nnye owusɔreɛ, abɔfoɔ ne honhom nni. Nanso, Farisifoɔ no de, wɔgye saa nneɛma mmiɛnsa no di. 9 Nteateamu no kɔɔ so kɔsii sɛ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no mu bi a wɔyɛ Farisifoɔ no sɔre gyinaa hɔ kaa sɛ, “Yɛnhunu bɔne biara a saa onipa yi ayɛ! Ebia honhom anaa ɔbɔfoɔ na ɔkasa kyerɛɛ no!” 10 Akasakasa no mu yɛɛ den maa ɔsafohene no suroeɛ sɛ anhwɛ a wɔbɛtete Paulo mu; ɛno enti, ɔhyɛɛ nʼasraafoɔ sɛ, wɔnkɔ nnipa no mu na wɔnkɔgye Paulo mfiri wɔn nsam mfa no nkɔ aban mu. 11 Anadwo no, Awurade bɛgyinaa Paulo nkyɛn ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsuro! Sɛdeɛ woadi me ho adanseɛ wɔ Yerusalem ha no, saa ara nso na kɔdi me ho adanseɛ wɔ Roma.” 12 Adeɛ kyeeɛ no, Yudafoɔ bi hyia kaa ntam, dii nse sɛ wɔrennidi na wɔrennom nso kɔsi sɛ wɔbɛkum Paulo. 13 Na saa nnipa no dodoɔ bɛboro aduanan. 14 Afei, wɔkɔɔ asɔfoɔ mpanin ne mpanin no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yɛaka ntam, adi nse sɛ hwee renka yɛn ano kɔsi sɛ yɛbɛkum Paulo. 15 Mo ne agyinatufoɔ no nsoma nkɔ Roma ɔsafohene no nkyɛn nhyɛ da nka sɛ, mopɛ sɛ mobisa Paulo deɛ wayɛ no mu yie. Nanso, ansa na wɔde no bɛduru hɔ no, na yɛakum no dada.” 16 Nanso, Paulo wɔfaase bi tee pɔ a wɔabɔ no enti, ɔkɔɔ aban mu hɔ kɔbɔɔ Paulo amaneɛ. 17 Paulo frɛɛ asraafoɔ mpanin no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ne aberanteɛ yi nkɔ ɔsafohene no nkyɛn, ɛfiri sɛ, ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ no.” 18 Ɔsraani panin no ne aberanteɛ no kɔɔ ɔsafohene no nkyɛn. Wɔduruu hɔ no, ɔka kyerɛɛ ɔsafohene no sɛ, “Paulo a ɔda afiase no asoma me sɛ memfa aberanteɛ yi mmɛhunu wo na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ wo.” 19 Ɔsafohene no sɔɔ aberanteɛ no nsa de no kɔgyinaa nkyɛn baabi bisaa no sɛ, “Asɛm bɛn na wowɔ ka kyerɛ me?” 20 Aberanteɛ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Yudafoɔ mpanin no abɔ pɔ sɛ ɔkyena wɔbɛhyɛ da abɛsrɛ wo na woama wɔde Paulo abrɛ agyinatufoɔ no sɛ wɔrebɛbisa no ne nsɛm no mu yie. 21 Nanso, mma wɔnnaadaa wo. Ɛfiri sɛ, mmarima bɛboro aduanan bi a wɔaka ntam, adi nse sɛ wɔremfa hwee nka wɔn ano kɔsi sɛ wɔbɛnya Paulo akum no no bɛtetɛ no wɔ ɛkwan so. Deɛ wɔretwɛn ara ne sɛ, wobɛma ho ɛkwan.” 22 Ɔsafohene no gyaa aberanteɛ no kwan ka kyerɛɛ no sɛ, “Nka nkyerɛ obiara sɛ woabɛka asɛm biara akyerɛ me.” 23 Ɔsafohene no frɛɛ nʼasraafoɔ mpanimfoɔ baanu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mompɛ asraafoɔ ahanu ne apɔnkɔsotefoɔ ne mpeakurafoɔ ahanu na momfiri ha anadwo nnɔnkron yi ara nkɔ Kaesarea. 24 Mompɛ ɔpɔnkɔ mma Paulo na momfa no nkɔma Amrado Felike dwoodwoo.” 25 Afei, ɔsafohene no twerɛɛ nwoma a emu nsɛm ka sɛ: 26 Me Klaudio Lisia a meretwerɛ wo Onimuonyamfoɔ Amrado Felike saa nwoma yi, kyea wo! 27 Yudafoɔ kyeree saa ɔbarima yi a anka wɔrekum no, nanso metee sɛ ɔyɛ Romani no, me ne mʼasraafoɔ kɔgyee no firii wɔn nsam. 28 Mepɛɛ sɛ mehunu bɔne ko a wayɛ, enti mede no kɔmaa wɔn agyinatufoɔ no. 29 Mehunuiɛ sɛ ɔnyɛɛ biribiara a ɛsɛ sɛ wɔgyina so kum no anaasɛ wɔde no to afiase. Asɛm a wɔka too ne so no fa wɔn mmara ho. 30 Ɛno enti, ɛberɛ a metee sɛ Yudafoɔ bi abɔ ne ho pɔ sɛ wɔbɛtɛ no akum no no, meyɛɛ mʼadwene sɛ mede no bɛbrɛ wo. Maka makyerɛ wɔn a wɔwɔ asɛm bi ka tia no no sɛ, wɔmmra wʼanim mmɛka. 31 Asraafoɔ no yɛɛ biribiara a wɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Anadwo no ara wɔde Paulo kɔɔ Antipatri. 32 Adeɛ kyeeɛ no, asraafoɔ a wɔnam fam no sane wɔn akyi, na wɔn a wɔte apɔnkɔ so no toaa so kɔɔ Kaesarea. 33 Wɔduruiɛ no, wɔde nwoma no maa Amrado no de Paulo hyɛɛ ne nsa. 34 Amrado no kenkanee nwoma no wieeɛ no ɔbisaa Paulo ɔman ko a ɔfiri mu. Ɔtee sɛ ɔfiri Kilikia no, ɔka kyerɛɛ no sɛ. 35 “Wɔn a wɔwɔ asɛm bi ka tia wo no ba a na mɛtie wʼasɛm.” Afei, ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa Paulo nkɔ Herode ahemfie na asraafoɔ nwɛn no.

< Asomafoɔ 23 >