< 2 Samuel 9 >

1 Ɛda bi, Dawid pɛɛ sɛ ɔbɛhunu sɛ obi aka wɔ Saulo fie anaa. Ɛfiri sɛ na wahyɛ Yonatan bɔ sɛ ɔbɛyɛ wɔn adɔeɛ. 2 Ɔfrɛɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Siba a na anka ɔfra Saulo asomfoɔ mu. Na ɔhene bisaa no sɛ, “Wo na wɔfrɛ wo Siba no anaa?” Ɔbuaa no sɛ, “Aane, mene Siba no.” 3 Ɔhene no bisaa no sɛ, “Obi aka wɔ Saulo efie anaa? Sɛ ɛte saa a mepɛ sɛ mɛyɛ wɔn adɔeɛ a ɛfiri Onyankopɔn wɔ ɛkwan biara a mɛtumi so.” Siba buaa ɔhene sɛ, “Yonatan babarima obubuafoɔ bi da so wɔ hɔ.” 4 Ɔhene bisaa sɛ, “Ɔwɔ he?” Siba buaa sɛ, “Ɔwɔ Amiel babarima Makir fie wɔ Lo-debar.” 5 Na ɔhene Dawid ma wɔkɔfaa no firii Amiel babarima Makir fie wɔ Lo-debar, de no brɛɛ no. 6 Ne din de Mefiboset, a ɔyɛ Yonatan babarima ne Saulo nana. Ɔbaa Dawid anim no, ɔde ahopopoɔ kotoo no, kaa sɛ, “Meyɛ wo ɔsomfoɔ.” 7 Dawid ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsuro, na deɛ ɛbɛyɛ biara no, ɛsiane wʼagya Yonatan enti, mɛyɛ wo adɔeɛ. Nsase a na ɛyɛ wo nana Saulo agyapadeɛ no nyinaa, mɛsane mede mama wo, na woadidi me didipono so daa daa.” 8 Mefiboset bɔɔ ne mu ase kaa sɛ, “Hwan ne me, ɔkraman funu a ɛsɛ sɛ wɔyɛ me saa adɔeɛ yi?” 9 Ɔhene frɛɛ ne ɔsomfoɔ Siba, ka kyerɛɛ no sɛ, “Mede biribiara a na ɛyɛ Saulo ne ne fiefoɔ agyapadeɛ no nyinaa ama wo wura Saulo nanabarima no. 10 Wo ne wo mmammarima ne mo asomfoɔ na mobɛdɔ asase no, ayɛ so mfuo ama no, na wanya aduane ama ne fiefoɔ. Na Mefiboset deɛ, ɔne me bɛtena mʼahemfie ha.” Na Siba a na ɔwɔ mmammarima dunum ne asomfoɔ aduonu no buaa sɛ, 11 “Me wura pa, asɛm a woaka akyerɛ me no nyinaa, mɛdi so.” Na ɛfiri saa ɛberɛ no, Mefiboset ne Dawid didii daa te sɛ deɛ ɔyɛ nʼasene mu ba. 12 Na Mefiboset wɔ ɔba abarimaa bi a ne din de Mika. Na ɛfiri saa ɛberɛ no, Siba fiefoɔ nyinaa bɛyɛɛ Mefiboset asomfoɔ. 13 Na Mefiboset a ɔyɛ obubuafoɔ no tu kɔɔ Yerusalem kɔtenaa ahemfie hɔ.

< 2 Samuel 9 >