< 2 Samuel 22 >

1 Ɛberɛ a Awurade gyee Dawid firii nʼatamfoɔ nyinaa ne Saulo nsam akyi no, ɔtoo saa dwom yi de yii Awurade ayɛ. 2 Nsɛm a ɛwɔ dwom no mu nie: “Awurade yɛ me botan, mʼaban ne mʼagyenkwa; 3 me Onyankopɔn yɛ me botan; ne mu na menya banbɔ. Ɔyɛ me kyɛm, me nkwagyeɛ mu ahoɔden ne me banbɔeɛ, mʼabantenten, mʼagyenkwa, deɛ ɔgye me firi basabasayɛ mu. 4 “Mesu frɛ Awurade; ɔno na ayɛyie sɛ no, ɛfiri sɛ, ɔgye me firi mʼatamfoɔ nsam. 5 Owuo asorɔkye twaa me ho hyiaeɛ; ɔsɛeɛ yiri faa me so. 6 Damena nhoma kyekyeree me; owuo ankasa too me anihaa. (Sheol h7585) 7 “Na mʼamanehunu mu no, mesu mefrɛɛ Awurade. Aane, mefrɛɛ me Onyankopɔn pɛɛ mmoa. Ɔtee me nne firii ne kronkronbea. Me sufrɛ duruu nʼasom. 8 Na asase wosoeɛ na ɛhinhimeɛ; ɔsoro fapem wosoeɛ; wɔwosoeɛ, nʼabufuo enti. 9 Wisie firii ne hwene mu; ogyaframa firii nʼanom; na egyasramma dɛre firii mu. 10 Ɔfirii ɔsoro baa fam; na omununkum kabii duruu ne nan ase. 11 Ɔte Kerubim so tuiɛ; gyaagyaa ne ho wɔ mframa ntaban so. 12 Ɔde sum kataa ne ho hyiaeɛ, ɔde osuo omununkum dii nʼanim ɛkan. 13 Hann kɛseɛ hyerɛn wɔ nʼanim, na anyinam pa firi mu. 14 Awurade bobɔɔ mu firi soro; Ɔsorosoroni no teaam denden. 15 Ɔtoo nʼagyan maa nʼatamfoɔ hweteeɛ; anyinam dwaeɛ ma wɔyɛɛ basaa. 16 Awurade kasaeɛ, na ewiase nnyinasoɔ no nyinaa daa hɔ. Wɔtumi hunuu ɛpo ase, na asase fapem ho daa hɔ. 17 “Ɔfiri ɔsoro baa ɛfam bɛsɔɔ me mu; ɔtwee me firii nsuo a emu dɔ mu. 18 Ɔgyee me firii mʼatamfoɔ a wɔyɛ den nsam, atamfoɔ a wɔkyiri me na wɔn ho yɛ den pa ara ma me. 19 Wɔbaa me so wɔ mʼamanehunu da mu, nanso Awurade pagyaa me. 20 Ɔde me baa baabi a banbɔ wɔ; ɔgyee me, ɛfiri sɛ, nʼani ku me ho. 21 “Awurade ne me adi no sɛdeɛ me tenenee teɛ; wahwɛ me nsa a ɛho teɛ so atua me ka. 22 Ɛfiri sɛ, manante Awurade akwan so; Mentwee me ho mfirii me Onyankopɔn ho nkɔyɛɛ bɔne. 23 Ne mmara nyinaa gu mʼanim; mentwee me ho mfirii ne nhyehyɛeɛ ho. 24 Me ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim; matwe me ho afiri bɔne ho. 25 Awurade tuaa me papayɛ so ka, ɛfiri sɛ menni fɔ wɔ nʼanim. 26 “Woda wo ho adi sɛ ɔnokwafoɔ kyerɛ wɔn a wɔdi nokorɛ, wɔn a wɔdi mu nso wo kyerɛ wɔn sɛ wodi mu. 27 Woyi wo kronkronyɛ kyerɛ ɔkronkronni, nanso amumuyɛfoɔ deɛ wokyiri wɔn. 28 Wogye ahobrɛasefoɔ, nanso wʼani kɔ ahantanfoɔ so sɛ wobɛbrɛ wɔn ase. 29 Ao Awurade, woyɛ me kanea. Aane, Awurade woma me sum dane hann. 30 Wʼahoɔden a wode ma me enti, metumi ka akodɔm gu; me Onyankopɔn enti, metumi foro ɔfasuo. 31 “Onyankopɔn deɛ, nʼakwan yɛ pɛ; Awurade bɔhyɛ nyinaa ba mu. Ɔyɛ akokyɛm ma wɔn a wɔhwehwɛ banbɔ wɔ ne mu. 32 Hwan ne Onyankopɔn, gye sɛ Awurade? Hwan ne ɔbotantim no, gye sɛ yɛn Onyankopɔn? 33 Onyankopɔn ne mʼaban a ɛyɛ den; wagye me, na wama me kwan so ayɛ pɛ. 34 Ɔma mʼanammɔn ho yɛ hare sɛ ɔforoteɛ deɛ; Ɔma me gyina sorɔnsorɔmmea. 35 Ɔsiesie me ma ɔko; na mʼabasa tumi kuntunu kɔbere mfrafraeɛ tadua. 36 Woama me wo nkwagyeɛ kyɛm. Wo mmoa ama mayɛ ɔkɛseɛ. 37 Woabɔ ɛkwan tɛtrɛɛ ama me nan sɛdeɛ ɛrenwatiri. 38 “Metaa mʼatamfoɔ so sɛee wɔn; mannyina kɔsii sɛ wɔdii nkoguo. 39 Meyamoo wɔn, mebɔɔ wɔn hwee fam, na wɔantumi ansɔre; wɔhwehwee ase wɔ me nan ase. 40 Wohyɛɛ me ahoɔden maa ɔko; woaka mʼatamfoɔ ahyɛ me nan ase. 41 Womaa wɔdanee wɔn ani dwaneeɛ, na mesɛe wɔn a wɔtan me nyinaa. 42 Wɔsu pɛɛ mmoa, nanso obiara ammɛgye wɔn. Wɔsu frɛɛ Awurade, nanso wannye wɔn so. 43 Meyamoo wɔn ma wɔyɛɛ sɛ asase so mfuturo; mepraa wɔn guu nsuka mu sɛ wira. 44 “Womaa me nkonimdie wɔ wɔn a wɔbɔ me kwaadu so. Woahwɛ sɛ mɛyɛ amanaman sodifoɔ; na nnipa a mennim wɔn som me. 45 Ananafoɔ brɛ wɔn ho ase ma me; wɔte me nka pɛ ara a, wɔde wɔn ho ma me. 46 Wɔn nyinaa bɔ huboa, na wɔde ahopopoɔ firi wɔn nsraban mu ba. 47 “Awurade te ase! Ayɛyi nka me botan, ma wɔmma Onyankopɔn, me nkwagyeɛ botan so. 48 Ɔno ne Onyankopɔn a ɔtɔ wɔn a wɔha me so awere; ɔka amanaman no hyɛ mʼase 49 na ɔgye me firi mʼatamfoɔ nsam. Wode me si baabi a mʼatamfoɔ nnuru, wogye me firi atutupɛfoɔ a wɔtia me nsam. 50 Ao Awurade yei enti, mɛkamfo wo wɔ amanaman mu nyinaa; na mɛto ayɛyie nnwom ama wo edin. 51 “Wode nkonimdie akɛseɛ ama wo ɔhene; woda ɔdɔ a ɛnsa da adi kyerɛ deɛ woasra no ngo, wode kyerɛ Dawid, ne nʼasefoɔ afebɔɔ.”

< 2 Samuel 22 >