< 2 Samuel 10 >

1 Akyire no, Amonhene Nahas wuiɛ. Ne babarima Hanun na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
Nogen Tid efter døde Ammomiternes Konge, og hans Søn Hanun blev Konge i hans Sted.
2 Dawid kaa sɛ, “Mɛyɛ Nahas babarima Hanun adɔeɛ, sɛdeɛ nʼagya yɛɛ me adɔeɛ no.” Nʼagya wuo enti, Dawid tuu abɔfoɔ kɔɔ ne nkyɛn kɔmaa no hyɛden. Ɛberɛ a Dawid abɔfoɔ baa Amonfoɔ asase so no,
Da tænkte David: "Jeg vil vise Hanun, Nahasj's Søn, Venlighed, ligesom hans Fader viste mig Venlighed." Og David sendte Folk for at vise ham Deltagelse i Anledning af hans Faders Død. Men da Davids Mænd kom til Ammoniternes Land.
3 Amonfoɔ atitire no kɔbisaa wɔn wura Hanun sɛ, “Wogye di sɛ ba a Dawid somaa nʼabɔfoɔ baa wo nkyɛn bɛmaa wo hyɛden no kyerɛ anidie ampa ara anaa? Wonnye nni sɛ Dawid somaa wɔn akwansra so, sɛ wɔmmɛhwɛ wo kuropɔn na wɔabɛtu agu?”
sagde Ammoniternes Høvdinger til deres Herre Hanun: "Tror du virkelig, det er for at hædre din Fader, at David sender Bud og viser dig Deltagelse? Mon ikke det er for at udforske og udspejde Byen og ødelægge den, at David sender sine Folk til dig?"
4 Ɛno enti, Hanun kyeree Dawid abɔfoɔ no, yii obiara abɔgyesɛ fa, twitwaa wɔn ntadeɛ to mfimfini hɔ, tutuu mu, na wɔgyaa wɔn ɛkwan, maa wɔde animguaseɛ kɔeɛ.
Da tog Hanun Davids Folk og lod det halve af deres Skæg afrage og Halvdelen af deres Klæder skære af til Sædet, og derpå lod han dem gå.
5 Ɛberɛ a wɔbɔɔ Dawid amaneɛ no, ɔtuu abɔfoɔ ma wɔkɔhyiaa mmarima no, ɛfiri sɛ, wɔguu wɔn anim ase yie. Ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Montena Yeriko kɔsi sɛ mo abɔgyesɛ bɛfu ansa na moasane aba.”
Da David fik Efterretning herom, sendte han dem et Bud i Møde, thi Mændene var blevet grovelig forhånet; og Kongen lod sige: "Bliv i Jeriko, til eders Skæg er vokset ud!"
6 Ɛberɛ a Amonfoɔ hunuu sɛ wɔahyɛ Dawid abufuo no, wɔkɔbɔɔ Aramfoɔ asraafoɔ ɔpeduonu paa firii Bet-Rehob ne Soba. Saa ara na Maakahene nso maa wɔn mmarima apem firii ne nkyɛn, na Tob nso wɔnyaa mmarima mpem dumienu.
Men da Ammoniterne så, at de havde lagt sig for Had hos David, sendte de Bud og lejede Aramæerne fra Bef-Rehob og Zoba, 20000 Mand Fodfolk, Kongen af Ma'aka med 1000 Mand og Folkene fra Tob, 12000 Mand.
7 Ɛberɛ a Dawid tee saa asɛm yi no, ɔsomaa Yoab ne nʼakofoɔ sɛ wɔne wɔn nkɔko.
Da David hørte det, sendte han Joab af Sted med hele Hæren og Kærnetropperne.
8 Amonfoɔ no gyinaa wɔn kuro no ɛpono ano. Saa ɛberɛ no na Aramfoɔ a wɔfiri Soba ne Rehob ne mmarima a wɔfiri Tob ne Maaka no wɔ mfikyire baabiara retwɛn ɔtamfoɔ no.
Ammoniterne rykkede så ud og stillede sig op til Kamp lige uden for Porten, medens Aramæerne fra Zoba og Rehob og Mændene fra Tob og Ma'aka stod for sig selv på åben Mark.
9 Ɛberɛ a Yoab hunuu sɛ ɔbɛko akofanu no, ɔyii akodɔm a wɔyɛ nnam. Ɔno ara dii wɔn so safohene, dii wɔn anim, kɔko tiaa Aramfoɔ no wɔ mfikyire hɔ.
Da Joa så, at Angreb truede ham både forfra og bagfra, gjorde han et Udvalg blandt alt Israels udsøgte Mandskab og tog Stilling over for Aramæerne,
10 Ɔgyaa akodɔm a wɔaka no maa ne nuabarima Abisai sɛ ɔnkɔto nhyɛ Amonfoɔ no so.
medens han overlod Resten af Mandskabet til sin Broder Abisjaj, som tog Stilling over for Ammoniterne.
11 Yoab ka kyerɛɛ ne nuabarima no sɛ, “Sɛ Aramfoɔ no yɛ den dodo ma me a, ɛyɛ a, bɛboa me. Na sɛ Amonfoɔ no nso yɛ den dodo ma wo a, me nso, mɛba abɛboa wo.
Og han sagde: "Hvis Aramæerne bliver mig for stærke, skal du ile mig til Hjælp; men bliver Ammoniterne dig for stærke, skal jeg komme og hjælpe dig.
12 Hyɛ wo ho den. Ma yɛmfa akokoɔduru nko nnye yɛn nkurɔfoɔ ne yɛn Onyankopɔn nkuro. Awurade pɛ nyɛ hɔ.”
Tag Mod til dig og lad os tappert værge vort Folk og vor Guds Byer - så får HERREN gøre, hvad ham tykkes godt!"
13 Ɛberɛ a Yoab ne nʼakodɔm to hyɛɛ Aramfoɔ no so no, wɔhyɛɛ aseɛ dwaneeɛ.
Derpå rykkede Joab frem med sine Folk til Kamp mod Aramæerne, og de flygtede for ham.
14 Na Amonfoɔ no hunuu sɛ Aramfoɔ no redwane no, wɔdwane firii Abisai ho kɔhyɛɛ kuro no mu. Ɔko no guiɛ no, Yoab sane kɔɔ Yerusalem.
Og da Ammoniterne så, at Aramæerne tog Flugten, flygtede de for Abisjaj og trak sig ind i Byen. Derpå vendte Joab tilbage fra Kampen med Ammoniterne og kom til Jerusalem.
15 Afei, Aramfoɔ no hunuu sɛ ɛnyɛ wɔn afɛ ne Israelfoɔ. Enti, wɔboaa wɔn ho ano bio no.
Men da Aramæerne så, at de var slået af Israel, samlede de sig,
16 Aram akodɔm foforɔ bi bɛkaa wɔn ho a Hadadeser na ɔsoma ma wɔkɔfaa wɔn firii Asubɔnten Eufrate fa nohoa baeɛ. Saa akodɔm yi bɛduruu Helam a Sobak na na ɔyɛ wɔn ɔsahene, na ɔyɛ ɔsahene a ɔtua Hadadeser akodɔm nyinaa ano nso.
og Hadad'ezer sendte Bud og lod Aramæerne hinsides Floden rykke ud, og de kom til Helam med Sjobak, Hadad'ezers Hærfører, i Spidsen.
17 Ɛberɛ a Dawid tee deɛ ɛreba no, ɔboaboaa Israel nyinaa ano, de wɔn twaa Asubɔnten Yordan, dii akodɔm no anim, kɔduruu Helam. Ɛhɔ na Aramfoɔ no fifirii wɔn mpasua so to hyɛɛ Dawid so.
Da David fik Efterretning herom, samlede han hele Israel, satte over Jordan og kom til Helam, hvor Aramæerne stillede sig op til Kamp mod David og angreb ham.
18 Nanso, bio, Aramfoɔ no dwane firii Israelfoɔ no anim. Saa ɛberɛ yi, Dawid akodɔm no kunkumm nteaseɛnamkafoɔ ahanson ne apɔnkɔsotefoɔ mpem aduanan a Sobak a na ɔyɛ wɔn sahene no ka ho.
Men Aramæerne flygtede for Israel, og David nedhuggede 700 Stridsheste og 40000 Mand af Aram; også deres Hærfører Sjobak slog han ihjel der.
19 Hadadeser ne nʼadɔmfoɔ Aramfoɔ hunuu sɛ Israel adi wɔn so nkonim no, wɔmaa wɔn nsa so, na wɔbɛyɛɛ Israelfoɔ nkoa. Ɛno akyi, Aramfoɔ suroo sɛ wɔbɛboa Amonfoɔ.
Da alle Hadad'ezers Lydkonger så, at de var slået af Israel, sluttede de Fred med Israel og underkastede sig. Og Aramæerne vovede ikke at hjælpe Ammoniterne mere.

< 2 Samuel 10 >