< 2 Ahemfo 22 >

1 Ɛberɛ a Yosia dii ɔhene wɔ Yuda no, na wadi mfirinhyia nwɔtwe, na ɔdii adeɛ Yerusalem mfeɛ aduasa baako. Na ne maame din de Yedida a ɔyɛ Adaia a ɔfiri Boskat no babaa.
Josiah was eight years old when he began to reign, and he reigned thirty-one years in Jerusalem. His mother’s name was Jedidah the daughter of Adaiah of Bozkath.
2 Ɔyɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani, na ɔfaa ne tete agya Dawid nhwɛsoɔ. Wammane ankɔ nifa anaa benkum.
He did that which was right in the LORD’s eyes, and walked in all the ways of David his father, and didn’t turn away to the right hand or to the left.
3 Ɔhene Yosia dii mfirinhyia dunwɔtwe wɔ nʼahennie mu no, ɔsomaa Asalia babarima Safan, asɛnniiɛ twerɛfoɔ Mesulam nana, kɔɔ Awurade Asɔredan mu. Ɔka kyerɛɛ no sɛ,
In the eighteenth year of King Josiah, the king sent Shaphan, the son of Azaliah the son of Meshullam, the scribe, to the LORD’s house, saying,
4 “Kɔ ɔsɔfopanin Hilkia nkyɛn, na ma ɔnkan sika a apono anohwɛfoɔ no agyegye afiri nnipa no nkyɛn wɔ Awurade Asɔredan mu no.
“Go up to Hilkiah the high priest, that he may count the money which is brought into the LORD’s house, which the keepers of the threshold have gathered of the people.
5 Fa saa sika yi hyɛ nnipa a wɔayi wɔn sɛ wɔnhwɛ asɔredan no ho nsiesie no nsa. Na wɔde atua adwumayɛfoɔ a wɔbɛsiesie Awurade Asɔredan no ho ka.
Let them deliver it into the hand of the workers who have the oversight of the LORD’s house; and let them give it to the workers who are in the LORD’s house, to repair the damage to the house,
6 Ɛho bɛhia sɛ wɔbɛfa nnua adwumfoɔ, adansifoɔ ne abohyehyɛfoɔ. Afei, ma wɔntɔ nnua ne aboɔ a wɔatwa a wɔde bɛsiesie asɔredan no.
to the carpenters, and to the builders, and to the masons, and for buying timber and cut stone to repair the house.
7 Nanso, ɛho nhia sɛ adansie no sohwɛfoɔ bɛbu sika a wɔn nsa bɛka no ho nkonta, ɛfiri sɛ, wɔyɛ nokwafoɔ.”
However, no accounting shall be asked of them for the money delivered into their hand, for they deal faithfully.”
8 Ɔsɔfopanin Hilkia ka kyerɛɛ asɛnniiɛ twerɛfoɔ Safan sɛ, “Mahunu Mmara Nwoma no wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ.” Na Hilkia de nwoma mmobɔeɛ no maa Safan, na ɔkenkaneeɛ.
Hilkiah the high priest said to Shaphan the scribe, “I have found the book of the law in the LORD’s house.” Hilkiah delivered the book to Shaphan, and he read it.
9 Safan sane kɔɔ ɔhene no nkyɛn kɔkaa sɛ, “Wo mpanimfoɔ no de sika a wɔgyegyee wɔ Awurade asɔredan no mu no ama adwumayɛfoɔ no ne sohwɛfoɔ a wɔwɔ asɔredan no ho no.”
Shaphan the scribe came to the king, and brought the king word again, and said, “Your servants have emptied out the money that was found in the house, and have delivered it into the hands of the workmen who have the oversight of the LORD’s house.”
10 Safan sane ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ɔsɔfoɔ Hilkia de nwoma mmobɔeɛ bi ama me.” Na Safan kenkan kyerɛɛ ɔhene no.
Shaphan the scribe told the king, saying, “Hilkiah the priest has delivered a book to me.” Then Shaphan read it before the king.
11 Ɛberɛ a ɔhene no tee nsɛm a ɛwɔ Awurade Mmara Nwoma no mu no, ɔde ahometeɛ sunsuanee ne ntadeɛ mu.
When the king had heard the words of the book of the law, he tore his clothes.
12 Na ɔhyɛɛ ɔsɔfoɔ Hilkia, Safan babarima Ahikam ne Mikaia babarima Akbor ne asɛnniiɛ twerɛfoɔ Safan ne ɔhene fotufoɔ Asaia sɛ,
The king commanded Hilkiah the priest, Ahikam the son of Shaphan, Achbor the son of Micaiah, Shaphan the scribe, and Asaiah the king’s servant, saying,
13 “Monkɔ asɔredan no mu, na monkɔkasa nkyerɛ Awurade mma me, mma nnipa no ne Yuda nyinaa. Mommisa no nsɛm a wɔatwerɛ agu nwoma mmobɔeɛ no a wahunu no ho asɛm. Awurade abufuhyeɛ aba yɛn so, ɛfiri sɛ, yɛn agyanom anni nwoma yi mu nsɛm so. Ɛnyɛ deɛ nwoma yi ka sɛ yɛnyɛ no na yɛyɛ.”
“Go enquire of the LORD for me, and for the people, and for all Judah, concerning the words of this book that is found; for great is the LORD’s wrath that is kindled against us, because our fathers have not listened to the words of this book, to do according to all that which is written concerning us.”
14 Enti, ɔsɔfoɔ Hilkia, Ahikam, Akbor, Safan ne Asaia kɔɔ Yerusalem Fa Foforɔ Misne kɔhunuu odiyifoɔ Hulda. Na ɔyɛ Tikwa babarima Salum yere, a na ɔyɛ Harhas a ɔhwɛ ntadeɛ adaka a ɛwɔ asɔredan mu so no nso nana.
So Hilkiah the priest, Ahikam, Achbor, Shaphan, and Asaiah went to Huldah the prophetess, the wife of Shallum the son of Tikvah, the son of Harhas, keeper of the wardrobe (now she lived in Jerusalem in the second quarter); and they talked with her.
15 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awurade, Israel Onyankopɔn akasa. Monkɔka nkyerɛ onipa a ɔsomaa mo no sɛ,
She said to them, “The LORD the God of Israel says, ‘Tell the man who sent you to me,
16 ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Mɛsɛe kuropɔn yi ne mu nnipa, sɛdeɛ matwerɛ wɔ nwoma mmobɔeɛ a mokenkaneɛ no mu no.
“The LORD says, ‘Behold, I will bring evil on this place and on its inhabitants, even all the words of the book which the king of Judah has read.
17 Ɛfiri sɛ, me nkurɔfoɔ agya me, na wɔsom anyame huhuo, na biribiara a wɔayɛ no, ahyɛ me abufuo. Mʼabufuhyeɛ redɛre wɔ ha, na ɛrennum.’
Because they have forsaken me and have burnt incense to other gods, that they might provoke me to anger with all the work of their hands, therefore my wrath shall be kindled against this place, and it will not be quenched.’”
18 Na monkɔ Yudahene a ɔsomaa mo no nkyɛn nkɔhwehwɛ Awurade, na monka nkyerɛ no sɛ, Sei na Awurade, Israel Onyankopɔn ka fa asɛm a woate no seesei no ho.
But to the king of Judah, who sent you to enquire of the LORD, tell him, “The LORD the God of Israel says, ‘Concerning the words which you have heard,
19 Wotee asɛm a meka de tiaa kuropɔn no ne emu nnipa no sɛ, wɔbɛdome saa asase yi na ada mpan no, ɛyɛɛ wo ya, ma wobrɛɛ wo ho ase Awurade anim. Wode ahometeɛ sunsuanee wo ntadeɛ mu, suu wɔ mʼanim ahonu mu. Enti, nokorɛm, Awurade se, ‘mate wo sufrɛ.
because your heart was tender, and you humbled yourself before the LORD when you heard what I spoke against this place and against its inhabitants, that they should become a desolation and a curse, and have torn your clothes and wept before me, I also have heard you,’ says the LORD.
20 Amanehunu a mehyɛɛ ho bɔ de tiaa kuropɔn yi no bɛba wo wuo ne wosie akyi. Worenhunu amanehunu a mede bɛba kuropɔn yi so no.’” Enti, wɔsane de ne nkra no kɔmaa ɔhene no.
‘Therefore behold, I will gather you to your fathers, and you will be gathered to your grave in peace. Your eyes will not see all the evil which I will bring on this place.’”’” So they brought this message back to the king.

< 2 Ahemfo 22 >