< 2 Berɛsosɛm 17 >

1 Na Asa babarima Yehosafat bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Ɔhyɛɛ Yuda den, sɛdeɛ ɔbɛtumi agyina Israel ntohyɛsoɔ biara ano. 2 Ɔduaduaa akodɔm wɔ Yuda nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no nyinaa mu. Ɔde asraadɔm kumaa bi kɔɔ Yuda asase so ne Efraim nkuro a nʼagya Asa adi so nkonim no so. 3 Na Awurade ka Yehosafat ho, ɛfiri sɛ, ɔyɛɛ sɛdeɛ nʼagya Asa yɛeɛ wɔ ne mfeɛ a ɛdi ɛkan no mu, na wansom Baal ahoni no. 4 Ɔhwehwɛɛ nʼagya Onyankopɔn, na ɔdii nʼahyɛdeɛ so a wanni Israel ahennie mu nneyɛeɛ no akyi. 5 Enti, Awurade maa Yehosafat Yudaman so ahennie no timiiɛ. Nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa brɛɛ Yehosafat akyɛdeɛ, maa ɔyɛɛ ɔdefoɔ, na wɔde anidie maa no. 6 Ɔfiri nʼakoma nyinaa mu nantee Awurade akwan so. Ɔbubuu abosonsomfoɔ asɔreeɛ no, na ɔsɛee Asera afɔrebukyia no. 7 Yehosafat ahennie mfeɛ mmiɛnsa so no, ɔsomaa ne mpanimfoɔ maa wɔkɔkyerɛkyerɛɛ wɔ Yuda nkuro nyinaa so. Ne mpanimfoɔ no ne Ben-Hail, Obadia, Sakaria, Netanel ne Mikaia. 8 Ɔsomaa Lewifoɔ a wɔn din didi soɔ yi kaa wɔn ho: Semaia, Netania, Sebadia, Asahel, Semiramot, Yehonatan, Adoniya, Tobia ne Tob-Adoniya. Ɔsomaa asɔfoɔ Elisama ne Yehoram nso. 9 Wɔfaa Awurade mmara a wɔatintim wɔ nwoma no mu de kyinii Yuda nkuro nyinaa so, kyerɛkyerɛɛ nnipa no. 10 Na afei, ɛmaa Awurade ho suro tɔɔ ahennie a atwa ahyia no nyinaa so, enti obiara amfa ɔko ankɔ Yehosafat so. 11 Filistifoɔ no bi brɛɛ no akyɛdeɛ ne dwetɛ sɛ apeatoɔ, na Arabfoɔ brɛɛ no nnwennini mpem nson ne ahanson ne mpapo mpem nson ne ahanson. 12 Ɛmaa Yehosafat tumi mu yɛɛ den, na ɛkɔɔ so yɛɛ den ara maa ɔsisii aban ne nnuane akoradan wɔ Yuda nkuropɔn nyinaa so. 13 Ɔkoraa nneɛma bebree wɔ Yuda nkuro mu, na ɔmaa akodɔm a wɔyɛ den tenaa Yerusalem. 14 Wɔgyinaa agyanom mmusuakuo so gyee asraafoɔ. Yuda abusua mu, na akodɔm no dodoɔ yɛ ɔpehasa a wɔakyekyɛ wɔn mu akuakuo apem. Adna na na ɔyɛ wɔn sahene. 15 Onipa a na ɔdi ne so ne Yehohanan a na ɔdi akodɔm ɔpehanu aduɔwɔtwe so. 16 Deɛ ɔdi hɔ ne Sikri babarima Amasia, a ɔde ne ho bɔɔ afɔdeɛ maa Awurade adwuma a na ɔdi akodɔm ɔpehanu so sahene. 17 Benyamin abusua akodɔm no, na wɔn dodoɔ yɛ ɔpehanu a wɔwɔ agyan ne akokyɛm. Na wɔn sahene ne Eliada, ɔsraani a wadi ako akyɛre. 18 Deɛ ɔdi hɔ ne Yehosabad a ɔtua asraafoɔ ɔpeha aduɔwɔtwe a wɔamia ama ɔko. 19 Yeinom ne akodɔm a wɔtenaa Yerusalem somm ɔhene no, ne wɔn a Yehosafat de wɔn duaduaa nkuro a wɔabɔ ho ban wɔ Yudaman mu.

< 2 Berɛsosɛm 17 >